Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/15 kr. 8-13
  • Yerusalem—“Ɔhenkɛse Kurow”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yerusalem—“Ɔhenkɛse Kurow”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Faako a ‘Yehowa Agua’ Si
  • Baabi a Asomdwoe Wɔ Bɛdan Amamfõ
  • Atoro Nyamesomfo a Wɔatwa Wɔn Ho Ahyia Sɔre Tiaa Wɔn
  • Mesia no Pue!
  • Daa Asomdwoe Ho Nsusuwso
  • Onyankopɔn Bɔhyɛ Wɔ Ne Wiase Nniso Ho Yɛ Nea Wotumi De Ho To So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Yerusalem Bi A Ne Din Fata No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Dɛn Ne Yerusalem Foforo No?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Anuonyam Kurow No
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/15 kr. 8-13

Yerusalem—“Ɔhenkɛse Kurow”

‘Monnka Yerusalem ho ntam, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kurow.’—MATEO 5:34, 35.

1, 2. Dɛn na ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wɔbɛte ase wɔ Yerusalem ho?

YERUSALEM—kurow no din ankasa kanyan nkate a emu yɛ den wɔ nkurɔfo a wɔwɔ ɔsom ahorow mu no mu. Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ wɔtaa ka ho asɛm nti, yɛn mu biara ntumi mmu n’ani ngu tete kurow yi so. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ amanneɛbɔ pii ma ɛda adi sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yerusalem yɛ beae a asomdwoe wɔ.

2 Ebia eyi bɛma nsɛm a asete yɛ den aba Bible akenkanfo binom adwenem. Tete no, na Yerusalem din a wɔatwa no tiawa ne Salem, a ɛkyerɛ “asomdwoe.” (Genesis 14:18; Dwom 76:2; Hebrifo 7:1, 2) Enti ebia wubesusuw sɛ, ‘Dɛn nti na nnansa yi, kurow a ekura din yi nni asomdwoe saa?’

3. Ɛhefa na yebetumi anya Yerusalem ho nsɛm a edi mũ afi?

3 Sɛ yebebua saa asɛm no a, ehia sɛ yɛsan kɔhwɛ abakɔsɛm mu sua tete Yerusalem ho ade. Nanso ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Yenni bere a yɛde besua tete abakɔsɛm.’ Nanso Yerusalem ho tete abakɔsɛm a edi mũ no ho nimdeɛ a yebenya no so wɔ mfaso ma yɛn nyinaa. Bible no nam nsɛm yi so kyerɛ nea enti a ɛte saa: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Yerusalem ho nimdeɛ a yebenya wɔ Bible mu no betumi ama yɛn awerɛkyekye—yiw, ɛne asomdwoe ho anidaso a ɛnyɛ saa kurow no mu nko na ɛbɛba na mmom asase so nyinaa.

Faako a ‘Yehowa Agua’ Si

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Dawid boae maa Yerusalem nyaa ɔfã titiriw wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mmamu ho?

4 Wɔ afeha a ɛto so 11 A.Y.B. no, Yerusalem begyee din wiase nyinaa sɛ ɔman a asomdwoe ne ahobammɔ wom ahenkurow. Yehowa Nyankopɔn ma wɔsraa aberante Dawid sɛ ɔhene wɔ saa tete kurow—Israel—no so. Bere a tumidi agua no si Yerusalem no, Dawid ne n’asefo a wɔyɛ adedifo no traa ‘Yehowa ahenni agua’ anaa “[Yehowa, NW] agua” so.—1 Beresosɛm 28:5; 29:23.

5 Dawid, ɔbarima a osuro Nyankopɔn—Israelni a ofi Yuda abusua mu—no, ko gyee Yerusalem fii Yebusifo abosonsomfo no nsam. Saa bere no, na kurow no ara ne bepɔw bi a wɔfrɛ no Sion, nanso saa din no begyinaa hɔ maa Yerusalem ankasa. Bere bi akyi no, Dawid ma wɔde Onyankopɔn apam a ɔne Israel yɛe no ho adaka kɔɔ Yerusalem, faako a wɔde sii ntamadan bi mu. Mfe bi a edii ɛno anim no, na Onyankopɔn fi omununkum bi a na ɛkata saa Adaka kronkron no so mu akasa akyerɛ ne diyifo Mose. (Exodus 25:1, 21, 22; Leviticus 16:2; 1 Beresosɛm 15:1-3) Ná Adaka no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, efisɛ na Yehowa ne Israel Hene ankasa. Enti wɔ ntease a ɛbɔ ho abien mu no, yebetumi aka sɛ Yehowa Nyankopɔn fii Yerusalem kurow no mu dii ade.

6. Ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛe wɔ Dawid ne Yerusalem ho?

6 Yehowa hyɛɛ Dawid bɔ sɛ n’adehye abusua ahenni a Sion anaa Yerusalem yɛ ho mfonini no rentwam. Na eyi kyerɛ sɛ Dawid aseni bi benya hokwan adi ade daa sɛ Nea Onyankopɔn Asra no—Mesia no anaa Kristo.a (Dwom 132:11-14; Luka 1:31-33) Afei nso Bible ma ɛda adi sɛ “[Yehowa, NW] agua” so na daa ɔdedifo yi bedi aman nyinaa so, ɛnyɛ Yerusalem nkutoo.—Dwom 2:6-8; Daniel 7:13, 14.

7. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Dawid maa ɔsom kronn nyaa nkɔso?

7 Mmɔden a wɔbɔe sɛ wobetu nea Onyankopɔn asra no, Ɔhene Dawid, no anyɛ yiye. Mmom no, wodii aman a wɔyɛ atamfo no so, na Bɔhyɛ Asase no ahye mu trɛwee kosii faako a Onyankopɔn hyɛe sɛ ɛnkɔpem. Dawid de hokwan yi dii dwuma maa ɔsom kronn nyaa nkɔso. Na Dawid nnwom no pii kamfo Yehowa sɛ Sion Hene ankasa.—2 Samuel 8:1-15; Dwom 9:1, 11; 24:1, 3, 7-10; 65:1, 2; 68:1, 24, 29; 110:1, 2; 122:1-4.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na nokware som trɛwee wɔ Yerusalem wɔ Ɔhene Salomo nniso bere so?

8 Dawid ba Salomo nniso mu no, Yehowa som mu trɛwee. Salomo trɛw Yerusalem mu kɔɔ atifi fam de Moria bepɔw (beae a Dome of the Rock no si nnɛ) no kaa ho. Onyaa hokwan sii asɔrefie fɛfɛ bi wɔ beae a na ɛkorɔn yi, de yii Yehowa ayɛ. Wɔde apam adaka no sii saa asɔrefie no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ.—1 Ahene 6:1-38.

9 Israel man no nyaa asomdwoe bere a wofi koma nyinaa mu gyinaa Yehowa som a na ne ti wɔ Yerusalem no akyi no. Bere a Kyerɛwnsɛm no reka tebea yi ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so no, ɛka sɛ: “Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nhwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye. . . . Na [Salomo nyaa] ɔmannwoe n’afã nyinaa hyiae. Na Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako.”—1 Ahene 4:20, 24, 25.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a wɔatutu fam ahu di nea Bible ka fa Yerusalem ho bere a Salomo dii ade no ho adanse?

10 Nneɛma a wɔatutu fam ahu foa so sɛ na wodi yiye wɔ Salomo nniso no mu. Ɔbenfo Yohanan Aharoni ka wɔ ne nhoma The Archaeology of the Land of Israel mu sɛ: “Ahode a na efi mmaa nyinaa ba ahemfie hɔ, ne aguadi a na ɛkɔ so yiye . . . no maa nsakrae a ɛda nsow baa wɔn honam fam yiyedi mu wɔ akwan nyinaa so. . . . Nsakrae a ɛbaa wɔn honam fam yiyedi mu no . . . nna adi wɔ afɛfɛde nkutoo mu, na mmom anwenne nso mu titiriw. . . . Sɛnea na wɔtõ nkuku, ne di a na edi mũ no nyaa nkɔanim a ɛboro so.”

11 Saa ara na Jerry M. Landay kyerɛwee sɛ: “Wɔ Salomo nniso ase no, Israelfo de mfe aduasa nyaa wɔn ho honam fam sen mfe ahanu a na abɛsen kɔ no mu. Yehu adan akokuroko, nkurow akɛse ne wɔn afasu a ɛyɛ den, afie a asikafo adan a wɔasisi no yiye pii wom, ne anwemfo ahokokwaw ne wɔn nnwuma a na etu mpɔn yiye wɔ Salomo amamfo so. Afei nso yehu adwinni horow a ɛyɛ aguade a efi nkaede akyirikyiri nsase so a ɛkyerɛ sɛ na amanaman ntam aguadi kɔ so wɔ hɔ nso wɔ hɔ.”—The House of David.

Baabi a Asomdwoe Wɔ Bɛdan Amamfõ

12, 13. Ɛyɛɛ dɛn na wɔankɔ so amma nokware som annya nkɔso wɔ Yerusalem?

12 Ná ɛfata sɛ wɔbɔ mpae de srɛ asomdwoe ne nkɔso ma Yerusalem, kurow a na Yehowa asɔrefie si hɔ no. Dawid kyerɛwee sɛ: “Monsrɛ Yerusalem asomdwoe,—ensi w’adɔfo yiye. Asomdwoe ntra w’afasu mu, na yiyedi ntra w’aban mu. Me nuanom ne me mfɛfo nti mɛka ama asomdwoe aba ama wo.” (Dwom 122:6-8) Ɛwom sɛ Salomo nyaa hokwan sii asɔrefie fɛfɛ no wɔ saa asomdwoe kurow no mu de, nanso awiei koraa no, ɔwarewaree mmea abosonsomfo pii. Bere a ɔbɔɔ akora no, wɔdaadaa no ma ɔhyɛɛ saa bere no so atoro anyamesom ho nkuran. Ɔwae yi nyaa nkɛntɛnso bɔne wɔ ɔman no nyinaa so, ma wɔne emufo nyinaa hweree nokware asomdwoe a na wɔwɔ no.—1 Ahene 11:1-8; 14:21-24.

13 Salomo ba Rehabeam nniso no mfiase pɛɛ no, mmusuakuw du tew atua kɔtee Israel atifi fam ahenni no. Esiane wɔn ahonisom nti, Onyankopɔn maa Asiriafo kwan ma wotuu saa ahenni no gui. (1 Ahene 12:16-30) Yuda anafo fam mmusuakuw abien ahenni no kɔɔ so de Yerusalem yɛɛ wɔn kuropɔn. Nanso bere kɔɔ so no, wɔn nso man fii ɔsom kronn ho, enti Onyankopɔn maa kwan ma Babilonfo sɛe kurow a na aman no wɔ 607 A.Y.B. mu. Yudafo atukɔfo no yɛɛ nnommum mfirihyia 70 wɔ Babilon. Afei ɛdenam Onyankopɔn mmɔborohunu so no, wɔmaa wɔn kwan ma wɔsan kɔɔ Yerusalem de nokware som kosii hɔ bio.—2 Beresosɛm 36:15-21.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na Yerusalem benyaa ne gyinabea titiriw no bio bere a wofii Babilon nnommumfa mu bae no, nanso nsakrae bɛn na ɛde bae?

14 Bere a asase no daa mpan mfirihyia 70 akyi no, akyinnye biara nni ho sɛ nwura fuw faa adan a na abubu no. Yerusalem fasu bu gui, maa akwan akɛse bɛdedaa faako a bere bi na apon ne aban atenten sisi no ntam. Nanso, Yudafo a wɔsan bae no ampa abaw. Wosii afɔremuka wɔ faako a na kan asɔrefi no si hɔ, na wofii ase bɔɔ afɔre daa maa Yehowa.

15 Ná eyi yɛ mfiase pa, nanso na Yerusalem a wɔasan akyekye no renyɛ ahenni a Ɔhene Dawid aseni te n’agua so no ahenkurow bio. Mmom no, amrado bi a wɔn a wodii Babilonfo so no paw no no, na obedii Yudafo no so, na wotuaa tow maa wɔn wuranom, Persiafo no. (Nehemia 9:34-37) Ɛwom sɛ na ‘wɔatiatia’ Yerusalem so de, nanso na ɛda so ara yɛ kurow biako a ɛwɔ asase nyinaa so a Yehowa Nyankopɔn adom titiriw wɔ so. (Luka 21:24) Sɛ́ baabi a na ɛyɛ ɔsom kronn ti no, ɛsan gyinaa hɔ maa hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔnam Ɔhene Dawid aseni bi so di asase so tumi.

Atoro Nyamesomfo a Wɔatwa Wɔn Ho Ahyia Sɔre Tiaa Wɔn

16. Dɛn nti na Yudafo a wofii Babilon bae no gyaee Yerusalem a na wɔresan akyekye no akyidi?

16 Ankyɛ na Yudafo a wɔafi nnommumfa mu aba Yerusalem no too asɔrefie foforo no fapem. Nanso atoro nyamesomfo a na wɔatwa wɔn ho ahyia no de krataa a na ɛka wɔn ho nsɛmmɔne kɔmaa Persia Hene Artasasta, kae sɛ Yudafo no bɛtew atua. Ne saa nti, Artasasta barae sɛ wonnyae Yerusalem kyekye. Sɛ na wote kurow no mu saa bere no a, twa ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ, sɛ anka w’adwenem bɛyɛ wo nnaa wɔ nea ɛbɛba kurow no so daakye ho. Sɛnea ɛkɔbae no, Yudafo no gyaee asɔrefie no si, na wɔmaa wɔn ankasa honam fam nneɛma akyidi gyee wɔn adwene.—Esra 4:11-24; Hagai 1:2-6.

17, 18. Ɔkwan bɛn na Yehowa nam so ma wɔsan kyekyee Yerusalem?

17 Wɔn sanba no akyi bɛyɛ mfirihyia 17 no, Onyankopɔn maa wɔn adiyifo Hagai ne Sakaria sɛ wɔmmɛteɛ ne man adwene so. Bere a ɛkaa Yudafo no ma wɔsakraa wɔn adwene no, wofii asɔrefie no si ase bio. Saa bere no, na Dario abɛyɛ Persia hene. Osii Ɔhene Kores ahyɛde a ɛne sɛ wonsi Yerusalem asɔrefie bio no so dua. Dario de krataa kɔmaa wɔn a wɔatwa Yudafo ho ahyia no sɛ ‘womfi Yerusalem ho nkɔ akyirikyiri,’ na wonyi sika mfi ɔhene tow no mu mma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi awie ɔdan no si.—Esra 6:1-13.

18 Yudafo no wiee asɔrefie no si wɔ wɔn sanba no akyi mfirihyia 22. Ade titiriw yi yɛ ade a wubetumi ate ase sɛ wobedi ho ahurusi kɛse. Nanso sɛ yɛbɛka no yiye a, na wɔnkyekyee Yerusalem nsii n’afasu no ara. Wɔde wɔn adwene baa kurow no so sɛnea ɛfata wɔ “amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, bere so.” (Nehemia 12:26, 27) Ɛda adi sɛ, ebeduu afeha a ɛto so anum A.Y.B. no, na wɔasi Yerusalem awie koraa sɛ tete kuropɔn.

Mesia no Pue!

19. Ɔkwan bɛn so na Mesia no gye toom sɛ Yerusalem wɔ gyinabea soronko?

19 Nanso momma yentwa mfeha bi nnya nkosi asɛm bi a ɛho hia amansan nyinaa, Yesu Kristo awo so. Yehowa Nyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ Yesu maame a na ɔyɛ ɔbaabun no sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no . . . na n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:32, 33) Mfe bi akyi no, Yesu maa ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no. Ɔde nkuranhyɛ ne nsɛm pii ho afotu mae wom. Sɛ nhwɛso no, ɔhyɛɛ n’atiefo no nkuran sɛ wonni bɔ a wɔahyɛ Onyankopɔn no so, nanso wɔnhwɛ yiye na wɔanka ntanhunu. Yesu kae sɛ: “Moate sɛ wosee tetefo no sɛ: Nka ntanhunu, na fa wo ntankade ma [Yehowa, NW]. Na me de, mise mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua. Monnka asase, efisɛ ɛyɛ ne nan ntiaso. Monnka Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kurow.” (Mateo 5:33-35) Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yesu gye toom sɛ Yerusalem wɔ gyinabea soronko—gyinabea a na ɛwɔ wɔ mfehaha pii mu no. Yiw, na ɛyɛ “ɔhenkɛse” Yehowa Nyankopɔn “kurow.”

20, 21. Nsakrae a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɛbaa wɔn a na wɔte Yerusalem no pii suban so?

20 Ɛrekɔ Yesu asase so asetra awiei no, ɔde ne ho kyerɛɛ wɔn a na wɔte Yerusalem no sɛ wɔn Hene a wɔapaw no. Nnipa pii teɛɛm anigye so wɔ saa adeyɛ a ɛyɛ anigye no ho sɛ: “Nhyira ne nea ɔnam [Yehowa, NW] din mu reba! Nhyira ne yɛn agya Dawid ahenni a ɛreba no!”—Marko 11:1-10; Yohane 12:12-15.

21 Nanso wɔ nea ennu dapɛn biako ntam no, nnipakuw no maa Yerusalem nyamesom akannifo no daadaa wɔn ma wɔsɔre tiaa Yesu. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ Yerusalem kurow no ne ɔman no nyinaa bɛhwere gyinabea a ɔdom wom a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no. (Mateo 21:23, 33-45; 22:1-7) Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.” (Mateo 23:37, 38) Bere a wɔredi afe 33 Y.B., Twam afahyɛ no, Yesu asɔretiafo no nam ɔkwammɔne so ma wokum no wɔ Yerusalem akyi. Nanso Yehowa nyanee Nea Wasra no no, de asetra a owu nnim hyɛɛ no anuonyam wɔ ɔsoro Sion, adeyɛ a yɛn nyinaa betumi anya mu mfaso.—Asomafo no Nnwuma 2:32-36.

22. Yesu wu akyi no, nsɛm pii a na ɛfa Yerusalem ho no anya mmamu dɛn?

22 Efi saa bere no reba no, yebetumi ate ase sɛ Sion anaa Yerusalem ho nkɔmhyɛ ahorow a annya mmamu no fã kɛse no ara fa ɔsoro nhyehyɛe anaa Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no ho. (Dwom 2:6-8; 110:1-4; Yesaia 2:2-4; 65:17, 18; Sakaria 12:3; 14:12, 16, 17) Ɛda adi sɛ nsɛm a ɛfa “Yerusalem” anaa “Sion” ho a wɔkyerɛwee wɔ Yesu wu akyi no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de, na ɛmfa kurow no anaa beae no ankasa ho. (Galatifo 4:26; Hebrifo 12:22; 1 Petro 2:6; Adiyisɛm 3:12; 14:1; 21:2, 10) Adanse a etwa to a ɛkyerɛ sɛ na Yerusalem nna so nyɛ “ɔhenkɛse kurow” bio no bae wɔ 70 Y.B. mu, bere a Roma asraafo bɛsɛee no, sɛnea Daniel ne Yesu Kristo hyɛɛ ho nkɔm no. (Daniel 9:26; Luka 19:41-44) Bible akyerɛwfo anaa Yesu ankasa anhyɛ nkɔm sɛ Yerusalem bɛsan anya ɔdom soronko a na ɛwɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn anim kan no bio.—Galatifo 4:25; Hebrifo 13:14.

Daa Asomdwoe Ho Nsusuwso

23. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Yerusalem ho asɛm kɔ so ara hia yɛn?

23 Bere a yɛasusuw asase so Yerusalem tete abakɔsɛm ho awie no, yentumi nnye kyim sɛ na kurow no din fata no—“Asomdwoe Ahorow Abien Trabea [Anaa ne Nnyinaso]”—wɔ Ɔhene Salomo asomdwoe nniso no bere so. Nanso na ɛno yɛ asomdwoe ne nkɔso a, ɛnkyɛ biara, wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn a wɔbɛtra asase a adan paradise so no benya no nsusuwso ara kwa.—Luka 23:43.

24. Dɛn na yebetumi asua afi tebea horow a ɛkɔɔ so bere a Salomo dii ade no mu?

24 Dwom a ɛto so 72 no ka tebea a ɛkɔɔ so wɔ Ɔhene Salomo nniso bere so no ho asɛm. Nanso saa dwom dɛdɛ no yɛ nhyira horow a adesamma benya wɔ Mesia, Yesu Kristo no soro nniso ase no ho nkɔmhyɛ. Odwontofo no too ne ho dwom sɛ: “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. . . . Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim. Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:7, 8, 12-14, 16.

25. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebesua Yerusalem ho nsɛm pii?

25 Hwɛ awerɛkyekye ne anidaso ara a saa nsɛm no ma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Yerusalem anaa asase so baabiara nya! Wubetumi aka wɔn a wobenya asomdwoe wɔ Onyankopɔn Mesia Ahenni no ase wɔ asase so nyinaa no ho. Yerusalem ho abakɔsɛm a yebehu no betumi aboa yɛn ma yɛate Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma no ase. Nsɛm a edidi so no bɛtwe adwene asi nsɛm a esisii wɔ bere a Yudafo no fii Babilon nnommumfa mu bae no akyi mfirihyia aduɔson kosi mfirihyia aduɔwɔtwe no so. Eyi ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde ɔsom a ɛsɔ ani ma Yehowa Nyankopɔn, Ɔhenkɛse no nyinaa nya awerɛkyekye.

[Ase hɔ asɛm]

a Abodin “Mesia” (a wonya fii Hebri asɛmfua bi mu) ne “Kristo” (a efi Hela mu) no nyinaa kyerɛ “Nea Wɔasra No.”

So Wokae?

◻ Ɛyɛɛ dɛn na Yerusalem bɛyɛɛ baabi a na ‘Yehowa agua’ si?

◻ Ɔfã titiriw bɛn na Salomo nyae wɔ nokware som a enyaa nkɔso no mu?

◻ Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yerusalem anyɛ Yehowa som ti bio?

◻ Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yesua Yerusalem ho ade pii?

[Kratafa 10 mfonini]

Na Dawid Kurow no da bepɔw bi anafo fam, nanso Salomo trɛw kurow no mu kɔɔ atifi fam sii asɔrefi no

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena