Onyankopɔn A Yɛne No Bɛnantew—Anammɔn A Edidi Kan
“Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—YAKOBO 4:8.
1, 2. Dɛn nti na wobɛka sɛ Yehowa a obi bɛsom no no yɛ hokwan kɛse?
NÁ ƆBARIMA no ahu amane wɔ afiase mfe pii. Afei de wɔfrɛɛ no begyinaa ɔman no sodifo anim. Nneɛma kɔɔ so ntɛmntɛm. Prɛko pɛ, nea deduani no hui ara ne sɛ ɔne asase so tumfoɔ a ɔsen biara saa bere no na ɛreyɛ adwuma. Wɔmaa kan deduani no dibea a ɛkorɔn ne nidi kɛse. Yosef—ɔbarima a bere bi na ɔda mpokyerɛ mu no—ne ɔhene na na ɛbɔ afei!—Genesis 41:14, 39-43; Dwom 105:17, 18.
2 Ɛnnɛ, adesamma anya hokwan sɛ wɔne obi a ɔsen Misraim Farao no koraa bɛyɛ adwuma. Amansan nyinaa mu Opumpuni no to nsa frɛ yɛn nyinaa sɛ yɛmmɛsom no. Hwɛ hokwan a ɛboro yɛn so ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛyɛ saa na yɛne Yehowa, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no anya abusuabɔ a emu yɛ den! Wɔka ne ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ obi a ɔwɔ ahoɔden kɛse na ɔhyerɛn, na afei nso ɔwɔ asomdwoe, anuonyam ne ayamye. (Hesekiel 1:26-28; Adiyisɛm 4:1-3) Ne nnwuma nyinaa da ɔdɔ adi. (1 Yohane 4:8) Onni atoro da. (Numeri 23:19) Na Yehowa nni wɔn a wodi no nokware no huammɔ da. (Dwom 18:25) Sɛ yɛyɛ ade ma ɛne ne trenee gyinapɛn ahorow hyia a, yebetumi anya asetra a ɛyɛ anigye na atirimpɔw wom mprempren, na daakye nso yebetumi anya daa nkwa. (Yohane 17:3) Yentumi nnya biribiara mfi nnipa sodifo biara hɔ a yebetumi de atoto nhyira horow ne hokwan a ɛtete saa ho.
3. Ɔkwan bɛn so na ‘Noa ne Onyankopɔn nantewee?’
3 Bere tenten bi a atwam no, agya panyin Noa sii ne bo sɛ ɔbɛbɔ ne bra ma ɛne Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ahyia. Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.” (Genesis 6:9) Ɛwom, Noa ne Yehowa ammɔ anammɔn ankasa, efisɛ onipa biara mpo “nhuu Nyankopɔn pɛn.” (Yohane 1:18) Mmom no, Noa ne Onyankopɔn nantewee kyerɛ sɛ ɔyɛɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ. Esiane sɛ Noa hyiraa ne nkwa so de yɛɛ Yehowa apɛde nti, ɔne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nyaa abusuabɔ a ɛyɛ anigye na emu yɛ den. Te sɛ Noa no, nnɛ, nnipa ɔpepem pii ne ‘Onyankopɔn nantew’ denam Yehowa afotu ne n’akwankyerɛ a wɔde bɔ wɔn bra so. Ɔkwan bɛn so na obi fi asetra kwan a ɛte saa ase?
Nokware Nimdeɛ Ho Hia
4. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo?
4 Sɛ yɛne Yehowa bɛnantew a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu no. Odiyifo Yesaia ka siei sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na [Yehowa, NW] asɛm afi Yerusalem.” (Yesaia 2:2, 3) Yiw, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnantew n’akwan so nyinaa. Yehowa de N’asɛm, Bible no ama yɛn, na ɔboa yɛn ma yɛte ase. Ɔkwan biako a ɔnam so yɛ eyi ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. (Mateo 24:45-47) Yehowa de ‘akoa nokwafo’ no di dwuma ma wɔnam Bible ho nhoma horow, Kristofo nhyiam, ne ofie Bible adesua a wontua ho hwee so de honhom fam akwankyerɛ ma. Afei nso Onyankopɔn nam ne honhom kronkron no so boa ne nkurɔfo ma wɔte N’asɛm ase.—1 Korintofo 2:10-16.
5. Dɛn nti na Kyerɛwnsɛm mu nokware som bo saa?
5 Ɛwom sɛ yɛmfa sika na ɛtɔ Bible mu nokware de, nanso ɛsom bo. Bere a yesua Onyankopɔn Asɛm no, yesua Onyankopɔn ankasa ho ade—ne din, ne nipasu, n’atirimpɔw, ɛne sɛnea ɔne adesamma di nsɛm. Afei nso yenya mmuae ma asetra mu nsɛmmisa atitiriw te sɛ: Dɛn nti na yɛwɔ ha? Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? Dɛn na ɛbɛba daakye? Dɛn nti na yenyinyin na yewuwu? So owu akyi asetra wɔ hɔ? Bio nso yehu nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ, kyerɛ sɛ, ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛnantew so na ama yɛatumi asɔ n’ani akosi ase. Yehu sɛ ntease wɔ n’ahwehwɛde mu, na sɛ yɛde di dwuma a, yenya so mfaso kɛse. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn akwankyerɛ a, anka yɛrente nneɛma a ɛtete saa ase da.
6. Ɔkwan bɛn na Bible mu nokware nimdeɛ boa yɛn ma yɛfa so?
6 Bible mu nokware wɔ tumi, na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn asetra mu. (Hebrifo 4:12) Ansa na yɛrebesua Kyerɛwnsɛm no anya mu nimdeɛ no, na yɛnantew “sɛnea wi yi ase abrabɔ te” nkutoo. (Efesofo 2:2) Nanso Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ pae ɔkwan foforo ma yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛbɛnantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’ (Kolosefo 1:10) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛne Yehowa, Nea ɔkorɔn sen biara wɔ amansan yi mu no befi ase atutu anammɔn!—Luka 11:28.
Anammɔn Atitiriw Abien—Ahosohyira ne Asubɔ
7. Bere a yesua Onyankopɔn Asɛm no, nnipa nniso ho nokwasɛm bɛn na ɛda adi?
7 Sɛ yɛn ntease a yɛwɔ wɔ Bible mu no yɛ kɛse a, yefi ase de Onyankopɔn Asɛm a ɛhwɛ ade wɔ honhom fam no hwehwɛ nnipa nsɛm ne yɛn ankasa asetra mu. Eyi ma nokwasɛm titiriw bi bɛda adi. Odiyifo Yeremia kaa saa nokwasɛm no ho asɛm bere tenten bi a atwam, na ɔkyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Nnipa—yɛn nyinaa—hia Onyankopɔn akwankyerɛ.
8. (a) Dɛn na ɛka nkurɔfo ma wohyira wɔn ho so ma Onyankopɔn? (b) Dɛn ne Kristofo ahosohyira?
8 Nokwasɛm titiriw yi a yɛbɛte ase no kanyan yɛn ma yɛhwehwɛ Yehowa hɔ akwankyerɛ. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ka yɛn ma yehyira yɛn nkwa so ma no. Sɛ́ yebehyira yɛn ho so ama Onyankopɔn no kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu na yɛahyɛ no bɔ denneennen sɛ yɛde yɛn nkwa nna bɛsom no, na yɛde nokwaredi bɛnantew n’akwan so. Wɔ saayɛ mu no, yedi Yesu a ɔde ne ho maa Yehowa a na wasi ne bo pintinn sɛ ɔbɛyɛ Nyankopɔn apɛde no nhwɛso akyi.—Hebrifo 10:7.
9. Dɛn nti na ankorankoro hyira wɔn nkwa so ma Yehowa?
9 Yehowa Nyankopɔn nhyɛ, anaa onhunahuna obiara sɛ onhyira ne ho so mma no. (Fa toto 2 Korintofo 9:7 ho.) Bio nso, Onyankopɔn nhwɛ kwan sɛ esiane bere tiaa mu nkate bi nti, obi behyira ne nkwa so ama no. Ansa na wɔbɛbɔ onipa bi asu no, ɛsɛ sɛ onii no yɛ obi a wayɛ osuani dedaw, na ɛno hwehwɛ sɛ ɔbɔ mmɔden paa nya nimdeɛ. (Mateo 28:19, 20) Paulo tuu wɔn a na wɔabɔ wɔn asu dedaw no fo sɛ ‘wɔmfa wɔn nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne nyamesom a ɛwɔ wɔn adwene tumi mu no.’ (Romafo 12:1) Ɛyɛ yɛn adwene tumi a yɛde di dwuma ɔkwan koro no ara so no na yɛde hyira yɛn ho so ma Yehowa Nyankopɔn. Bere a yɛahu nea egye, na yɛasusuw asɛm no ho yiye no, yefi yɛn pɛ ne anigye mu hyira yɛn nkwa so ma Onyankopɔn.—Dwom 110:3.
10. Ɔkwan bɛn so na ahosohyira ne asubɔ wɔ abusuabɔ?
10 Bere a yɛakɔ Onyankopɔn anim kokoam wɔ mpaebɔ mu ada yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛnantew n’akwan so adi no, yetu anammɔn a edi hɔ. Yɛnam nsu mu asubɔ so da yɛn ahosohyira adi wɔ baguam. Eyi yɛ baguam mpaemuka a ɛkyerɛ sɛ yɛaka ntam sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔ Yesu asase so som adwuma no mfiase no, Yohane bɔɔ no asu, ma enti ɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn. (Mateo 3:13-17) Akyiri yi, Yesu hyɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnyɛ asuafo na wɔmmɔ wɔn asu. Enti ahosohyira ne asubɔ yɛ anammɔn atitiriw ma obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Yehowa nantew.
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de asubɔ atoto ayeforohyia ho? (b) Ntotoho bɛn na yebetumi ayɛ wɔ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ne nea ɛda okunu ne ɔyere ntam ho?
11 Ɔkwan bi so no, yɛ a obi bɛyɛ Yesu Kristo suani a wahyira ne ho so abɔ asu no te sɛ nea obi reware. Wɔ aman pii so no, wodi kan yɛ nneɛma pii ansa na ayeforohyia da no adu. Ɔbarima ne ɔbea hyia, wohu wɔn ho, na wonya ɔdɔ ma wɔn ho. Nea edi so ne asiwasi. Ayeforohyia no ma nea wosii ho gyinae kokoam no da adi—sɛ wɔbɛware na wɔatra ase sɛ okunu ne ɔyere. Ayeforohyia no na efi saa abusuabɔ titiriw no ase wɔ baguam. Saa da no na aware no fi ase. Sɛ wɔde toto ho a, asubɔ na efi asetra a wotu si hɔ sɛ wɔne Yehowa bɛnantew sɛ nnipa a wɔnam ahosohyira so ne no abenya abusuabɔ no ase.
12 Susuw nhwɛso foforo nso ho. Ayeforohyia da no akyi no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a ɛwɔ okunu ne ɔyere ntam no mu yɛ den na enyin. Sɛ wɔn ntam abusuabɔ no mu betumi ayɛ den a, ɛsɛ sɛ awarefo baanu no nyinaa fi ayamye mu bɔ mmɔden sɛ wobekura wɔn aware abusuabɔ no mu na wɔahyɛ mu den. Ɛwom sɛ yɛrenware Onyankopɔn de, nanso wɔ yɛn asubɔ akyi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den. Ɔhwɛ, na ɔkyerɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde no ho anisɔ, na ɔbɛn yɛn. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.
Yesu Anammɔn Akyi a Yebedi
13. Bere a yɛne Onyankopɔn nantew no, hena nhwɛso akyi na ɛsɛ sɛ yedi?
13 Sɛ yɛne Yehowa bɛnantew a, ɛsɛ sɛ yedi Yesu Kristo nhwɛso a ɔyɛe no akyi. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Esiane sɛ na Yesu yɛ pɛ na yɛnyɛ pɛ nti, yentumi nni nhwɛso a ɔyɛe no akyi a yɛremfom. Nanso, Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa. Momma yensusuw Yesu asetra ne ne som adwuma afã horow anum a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so bɔ mmɔden sɛ wobesuasua no ho nhwɛ.
14. Dɛn na Onyankopɔn Asɛm a yebehu no hwehwɛ?
14 Ná Yesu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ a ɛkɔ akyiri. Wɔ Yesu som adwuma mu no, na ɔtaa fa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm de ka asɛm. (Luka 4:4, 8) Ɛwom, na saa bere no so nyamesom akannifo no nso fa nsɛm fi Kyerɛwnsɛm no mu ka. (Mateo 22:23, 24) Nsonsonoe a na ɛwom ne sɛ, na Yesu te nea Kyerɛwnsɛm no ka no ase, na ɔde bɔɔ ne bra. Ɛnyɛ Mmara no mu nsɛm nko na na onim, na mmom na onim nea ɛkyerɛ nso. Ɛsɛ sɛ yɛn nso, bere a yedi Kristo nhwɛso akyi no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte Onyankopɔn Asɛm ase, na yenya mu ntease, anaa yehu nea ɛkyerɛ. Ɛdenam saayɛ so no, Onyankopɔn betumi agye yɛn atom sɛ adwumayɛfo a ‘yekura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’—2 Timoteo 2:15.
15. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso wɔ Onyankopɔn ho asɛm a ɔkae no mu?
15 Kristo Yesu kaa ne soro Agya no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yesu ankora Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a ɔwɔ no so. N’atamfo mpo frɛɛ no “Kyerɛkyerɛfo” efisɛ baabiara a ɔkɔe no, ɔkaa Yehowa ne N’atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛɛ afoforo. (Mateo 12:38) Yesu kaa asɛm wɔ petee mu wɔ asɔrefie no ho, hyiadan mu, nkurow mu, ne nkuraase. (Marko 1:39; Luka 8:1; Yohane 18:20) Ɔdaa ayamhyehye ne ayamye adi wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu, yii ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn a ɔboaa wɔn no. (Mateo 4:23) Wɔn a wodi Yesu nhwɛso akyi no nso hu mmeae ne akwan horow pii a wɔde bɛkyerɛkyerɛ afoforo Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa no ho ade.
16. Ná Yesu ne ne mfɛfo a wɔsom Yehowa no ntam abusuabɔ mu yɛ den dɛn?
16 Yesu ne afoforo a wɔsom Yehowa no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Bere a Yesu rekasa akyerɛ nnipakuw bi bere bi no, ne maame ne ne nuanom a wonnye nni bae sɛ wɔne no rebɛkasa. Bible mu asɛm no ka sɛ: “Obi ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyiri pɛ sɛ wɔne wo kasa. Na obua see nea osee no saa no sɛ: Hena ne me na, na hena ne me nuanom? Na ɔteɛɛ ne nsa kyerɛɛ n’asuafo no so kae sɛ: Hwɛ me na ne me nuanom ni! Na obiara, a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabea ne ɛna.” (Mateo 12:47-50) Eyi nkyerɛ sɛ Yesu poo n’abusuafo, efisɛ nsɛm a esisii akyiri yi kyerɛ sɛ wanyɛ saa. (Yohane 19:25-27) Nanso asɛm yi si ɔdɔ a na Yesu wɔ ma mfɛfo gyidifo no so dua. Saa ara na nnɛ, wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew no hwehwɛ sɛ wɔne Yehowa asomfo afoforo bɛbɔ abusua na wɔanya ɔdɔ a emu yɛ den ama wɔn.—1 Petro 4:8.
17. Ɔkwan bɛn so na Yesu tee nka wɔ ne soro Agya no apɛde a ɔyɛe ho, na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn dɛn?
17 Ɛdenam Onyankopɔn apɛde a Yesu yɛe so no, ɔdaa ɔdɔ a ɔwɔ ma ne soro Agya no adi. Yesu tiee Yehowa wɔ biribiara mu. Ɔkae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Kristo kae nso sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ [Onyankopɔn ani] daa.” (Yohane 8:29) Ná Yesu dɔ ne soro Agya araa ma enti “ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.” (Filipifo 2:8) Yehowa nso hyiraa Yesu, maa no dibea a ɛkorɔn a nidi wom, a Yehowa nkutoo ne obi a ɔkorɔn sen no. (Filipifo 2:9-11) Te sɛ Yesu no, yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn adi denam n’ahyɛde a yebedi so ne n’apɛde a yɛbɛyɛ no so.—1 Yohane 5:3.
18. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ mpaebɔ ho nhwɛso?
18 Ná Yesu yɛ obi a ɔpɛ mpaebɔ. Bere a wɔrebɔ no asu no, ɔbɔɔ mpae. (Luka 3:21) Ansa na ɔrepaw n’asomafo 12 no, ɔbɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa. (Luka 6:12, 13) Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɔ mpae. (Luka 11:1-4) Anadwo ansa na ɔrebewu no, ɔne n’asuafo no bɔɔ mpae, na ɔbɔɔ mpae maa wɔn. (Yohane 17:1-26) Ná mpaebɔ yɛ Yesu asetra mu ade titiriw, na saa ara na ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔ yɛn asetra mu efisɛ yɛyɛ n’akyidifo. Hwɛ anuonyamhyɛ ara a ɛyɛ sɛ yɛne Amansan Hene no bɛkasa wɔ mpaebɔ mu! Bio nso, Yehowa tie mpaebɔ, efisɛ Yohane kyerɛwee sɛ: “Nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn. Na sɛ yenim sɛ otie yɛn nea yɛsrɛ no ho a, yenim sɛ yɛwɔ nneɛma a yɛasrɛ ne nkyɛn no.”—1 Yohane 5:14, 15.
19. (a) Yesu su horow bɛn na ɛsɛ sɛ yesuasua? (b) Akwan bɛn so na yenya Yesu asetra ne ne som adwuma ho ade a yebesua no mu mfaso?
19 Yebetumi asua nneɛma pii afi Yesu Kristo asase so asetra ne ne som adwuma a yɛbɛyɛ mu nhwehwɛmu yiye no mu! Susuw su horow a ɔdaa no adi no ho hwɛ: ɔdɔ, ayamhyehye, ayamye, ahoɔden, kari a ɔkari pɛ, ntease, ahobrɛase, akokoduru, ne afoforo ho a osusuw. Dodow a yesua Yesu ho ade no, dodow no ara na ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ n’asuafo anokwafo no mu yɛ den. Yesu ho nimdeɛ nso ma yɛbɛn Yehowa. Anyɛ yiye koraa no, Yesu daa ne soro Agya no su adi pɛpɛɛpɛ. Ná ɔbɛn Yehowa araa ma enti otumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu agya no.”—Yohane 14:9.
Nya Onyankopɔn mu Ahotoso sɛ Ɔbɛwowaw Wo
20. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ahotoso wɔ yɛne Yehowa nantew mu?
20 Sɛ mmofra fi ase sɛ wɔretutu a, wɔn anammɔn tõtõ. Ɔkwan bɛn so na wosua sɛ wɔde ahotoso bɛnantew? Nea egye ara ne sua a wɔbɛkɔ so asua ne animia. Wiɛ, wɔn a wɔne Yehowa nantew no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛnantew ahotoso mu a wonhinhim. Eyi nso gye bere ne animia. Paulo twee adwene sii hia a animia ho hia na ama obi atumi ne Onyankopɔn anantew so bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Nea aka no, anuanom, yɛsrɛ mo na yetu mo fo Awurade Yesu mu, sɛ nea moasua yɛn nkyɛn, sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Onyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma ɛmmoro so.”—1 Tesalonikafo 4:1.
21. Bere a yɛne Yehowa nantew no, nhyira bɛn na yebetumi anya?
21 Sɛ yɛde yɛn ho nyinaa ma Onyankopɔn a, ɔbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ne no anantew. (Yesaia 40:29-31) Yentumi mfa biribiara a wiase yi betumi de ama yɛn no ntoto nhyira horow a ɔde dom wɔn a wɔnantew n’akwan so no ho. Ɔno na ‘ɔkyerɛ yɛn nea eye ma yɛn, na ogya yɛn kɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so so. Sɛ yɛwɛn yɛn asõ ma ne mmara nsɛm ɛ, anka yɛn asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na yɛn trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.’ (Yesaia 48:17, 18) Ɛdenam gye a yebegye ɔfrɛ a ɛne sɛ yɛne Onyankopɔn mmɛnantew, na yɛafi nokwaredi mu ayɛ saa so no, asomdwoe betumi atra yɛne no ntam daa daa.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛyɛ anuonyamhyɛ sɛ yɛne nokware Nyankopɔn no bɛnantew?
◻ Dɛn nti na adesua, ahosohyira, ne asubɔ yɛ anammɔn a edidi kan wɔ yɛne Yehowa nantew mu?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Yesu anammɔn akyi?
◻ Yɛyɛ dɛn hu sɛ sɛ yɛne Yehowa nantew a, ɔbɛwowaw yɛn?
[Kratafa 13 mfonini ahorow]
Adesua, ahosohyira, ne asubɔ yɛ anammɔn a edidi kan wɔ yɛne Nyankopɔn nantew mu