Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 1/1 kr. 6-11
  • So Wowɔ Gyidi Te Sɛ Abraham?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wowɔ Gyidi Te Sɛ Abraham?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Akwankyerɛ Akyi a Yebedi
  • Gyidi a Ɛte sɛ Abraham De Nnɛ
  • Wodi Nokware Ɛmfa Ho Sɔhwɛ Ahorow
  • Boasetɔ a Yebenya Nnɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Hena Ne Abraham?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Abraham—Onyankopɔn Adamfo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Abraham Ne Sara Tiee Onyankopɔn
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 1/1 kr. 6-11

So Wowɔ Gyidi Te Sɛ Abraham?

“[Sɛ] onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so?”—LUKA 18:8.

1. Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ obi bɛma ne gyidi akɔ so ayɛ den nnɛ?

ƐNYƐ mmerɛw sɛ obi bɛma ne gyidi akɔ so ayɛ den nnɛ. Wiase no de nhyɛso kɛse ba Kristofo so sɛnea ɛbɛma wɔayi wɔn adwene afi honhom fam nneɛma so. (Luka 21:34; 1 Yohane 2:15, 16) Ɛsɛ sɛ wɔn mu pii pere ansa na wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ akodi, asiane, nyarewa, anaa ɔkɔm mu. (Luka 21:10, 11) Wiase amammerɛ a emu yɛ den wɔ aman pii mu, na wobu nnipa biara a ɛsono wɔn gyidi no sɛ nkurɔfo a wonni ntease, na wɔyɛ katee mpo. Afei nso, Kristofo pii na esiane wɔn gyidi nti wɔtaa wɔn. (Mateo 24:9) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesu asɛm a obisae bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no fata: “[Sɛ] onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so?”—Luka 18:8.

2. (a) Dɛn nti na Kristoni hia gyidi a ɛyɛ den? (b) Hena gyidi ho nhwɛso na ɛyɛ papa sɛ yesusuw ho?

2 Nanso, nokwasɛm ne sɛ sɛ yebedi yiye wɔ asetram nnɛ na yɛn nsa aka daa nkwa ho bɔhyɛ no daakye a, yehia gyidi a emu yɛ den. Bere a ɔsomafo Paulo refa Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Habakuk aka no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no. . . . Na gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ [Onyankopɔn] ani.” (Hebrifo 10:38–11:6; Habakuk 2:4) Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo . . . no mu.” (1 Timoteo 6:12) Ɛnde, obi bɛyɛ dɛn atumi anya gyidi a ɛyɛ den? Bere a yɛresusuw saa asɛm yi ho no, ɛyɛ papa sɛ yɛhwɛ ɔbarima bi a ɔtraa ase bɛyɛ mfe 4,000 a atwam ni, nanso wɔda so ara bu ne gyidi yiye wɔ nyamesom akɛse abiɛsa—Nkramosom, Yudasom, ne Kristosom—mu no. Saa barima no ne Abraham. Dɛn nti na ne gyidi da nsow saa? So yebetumi asuasua no nnɛ?

Onyankopɔn Akwankyerɛ Akyi a Yebedi

3, 4. Dɛn nti na Tera de n’abusua fii Ur kɔɔ Haran?

3 Wɔbɔ Abraham (a mfiase no na wɔfrɛ no Abram no) din wɔ Bible no ahyɛase pɛɛ. Yɛkenkan wɔ Genesis 11:26 sɛ: ‘Tera woo Abram, Nahor, ne Haran.’ Ná Tera ne n’abusua te Ur a ɛwɔ Kaldea kurow a na wodi yiye wom a na ɛwɔ Mesopotamia kesee fam no mu. Nanso, wɔantra hɔ. “Tera faa ne ba Abram ne ne ba Haran ba Lot ne n’ase Sarai [Sara], ne ba Abram yere, na ɔne wɔn fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtraa hɔ.” (Genesis 11:31) Abraham nuabarima Nahor nso de n’abusua kɔɔ Haran. (Genesis 24:10, 15; 28:1, 2; 29:4) Nanso, dɛn nti na Tera tu fii Ur a wodi yiye wom no kɔɔ Haran a ɛwɔ akyirikyiri no?

4 Abraham nna no akyi bɛyɛ mfe 2,000 no, bere a na ɔbarima nokwafo Stefano gyina Yudafo Sanhedrin no anim no, ɔkyerɛkyerɛɛ Tera abusua akwantu a ɛyɛ nwonwa yi mu. Ɔkae sɛ: “Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtra Haran no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ wo no so! Ɛnna ofii Kaldeafo asase so bɛtraa Haran.” (Asomafo no Nnwuma 7:2-4) Tera yɛɛ Yehowa apɛde maa Abraham bere a ɔde n’abusua a wɔbɛn no pɛɛ kɔɔ Haran no.

5. Ɛhe na Abraham kɔe wɔ n’agya wu akyi? Dɛn ntia?

5 Tera abusua no traa wɔn kurow foforo no mu. Mfe bi akyi no, bere a Abraham kaa “me kurow” ho asɛm no, na ɔkyerɛ Haran mpɔtam, na ɛnyɛ Ur. (Genesis 24:4) Nanso, Abraham antra Haran daa. Sɛnea Stefano kyerɛ no, “[Abraham agya] wu akyi no, ɔma ofii hɔ bɛtraa asase yi a mote so nnɛ yi so.” (Asomafo no Nnwuma 7:4) Abraham dii Yehowa akwankyerɛ akyi, na ɔne Lot twaa Eufrate kɔɔ Kanaan asase so.a

6. Bɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ Abraham?

6 Dɛn nti na Yehowa maa Abraham tu kɔɔ Kanaan? Nea enti a otui no fa Onyankopɔn atirimpɔw ma saa barima nokwafo no ho. Ná Yehowa aka akyerɛ Abraham sɛ: “Wo de, fi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mahyira wo, na mama wo din asõ, na woayɛ nhyira. Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.” (Genesis 12:1-3) Ná Abraham bɛyɛ ɔman kɛse bi a wobenya Yehowa ahobammɔ na wɔanya Kanaan asase no adi no agya. Bɔhyɛ a ɛyɛ anigye ni! Nanso na ɛsɛ sɛ Abraham yɛ nsakrae kɛse wɔ n’asetram na ama wanya saa asase no adi.

7. Nsakrae ahorow bɛn na na ɛsɛ sɛ Abraham siesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ na ama ne nsa aka Yehowa bɔhyɛ no?

7 Bere a Abraham fii Ur no, ogyaw kurow a wodi yiye wom ne n’agya abusuafo nso—ade a na ɛma wonya ahobammɔ wɔ saa tete mmere no mu—no hɔ. Bere a ofii Haran no, ɔne n’agya fiefo tetew mu, a na ne nuabarima Nahor abusua ka ho, na ɔkɔɔ asase a onnim so no so. Wɔ Kanaan no, wankɔtra kurow no mu amfa anhwehwɛ ahobammɔ. Dɛn ntia? Bere a Abraham duu asase no so akyi bere tiaa bi no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, fa asase no tenten ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede mɛma wo.” (Genesis 13:17) Abraham a na wadi mfe 75 no ne ne yere Sara a na wadi mfe 65 no dii akwankyerɛ yi akyi. ‘Gyidi na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so, na ɔtraa ntamadan mu.’—Hebrifo 11:9; Genesis 12:4.

Gyidi a Ɛte sɛ Abraham De Nnɛ

8. Esiane Abraham ne tete adansefo foforo nhwɛso no nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

8 Wɔbɔ Abraham ne n’abusua din ka “adansefo munumkum [a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba]” pii a wɔka wɔn ho nsɛm wɔ Hebrifo ti 11 no ho. Esiane Onyankopɔn tete asomfo yi gyidi nti, Paulo hyɛ Kristofo nkuran sɛ “yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne [gyidi a yenni] a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu.” (Hebrifo 12:1) Yiw, gyidi a yenni betumi ‘agye yɛn asabawmu ntɛm ara.’ Nanso, wɔ Paulo bere so ne yɛn bere so no, Kristofo anokwafo atumi anya gyidi a emu yɛ den a yebetumi de atoto Abraham ne afoforo a wɔtraa ase tete mmere mu no de ho. Bere a Paulo reka n’ankasa ne ne mfɛfo Kristofo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu mu.”—Hebrifo 10:39.

9, 10. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nnipa pii wɔ gyidi a ɛte sɛ Abraham de no nnɛ?

9 Ampa, efi Abraham bere so no, nneɛma asakra wɔ wiase. Nanso, “Abraham Nyankopɔn” koro no ara na yɛda so som no, na ɔnsakra. (Asomafo no Nnwuma 3:13; Malaki 3:6) Ɛfata sɛ yɛsom Yehowa nnɛ sɛnea na ɔfata sɛ wɔsom no Abraham bere so no. (Adiyisɛm 4:11) Nnipa pii hyira wɔn ho so koraa ma Yehowa, na te sɛ Abraham no, wɔyɛ nsakrae biara a ɛho hia wɔ wɔn asetram na ama wɔatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde. Afe a etwaam no, nnipa 316,092 na wɔma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nsu mu wɔ ‘Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu’ de dii wɔn ahosohyira ho adanse wɔ bagua mu.—Mateo 28:19.

10 Ná ɛho nhia sɛ Kristofo a wɔyɛ foforo yi mu dodow no ara twa kwan kɔ akyirikyiri nsase so ansa na wɔatumi adi wɔn ahosohyira ho dwuma. Nanso, wɔ honhom fam no, wɔn mu pii twaa kwan a ɛware yiye. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mauritius no, na Elsie yɛ ɔbea sumanni. Na obiara suro no. Ɔkwampaefo titiriw bi ne Elsie babea yɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe, na eyi bɔɔ kwan ma Elsie ‘dan fii sum mu baa hann mu.’ (Asomafo no Nnwuma 26:18) Esiane anigye a na Elsie babea no anya nti, Elsie penee so sɛ obesua Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no. Wɔyɛɛ n’adesua no mprɛnsa dapɛn biara efisɛ na ohia nkuranhyɛ bere nyinaa. N’ahonhonsɛmdi no amma no annya anigye biara, na na ɔwɔ nsɛnnennen pii. Nanso, awiei koraa no, otumi twaa kwan tenten no fii adaemonesɛm mu baa nokware som mu. Sɛ nkurɔfo ba ne nkyɛn bɛhwehwɛ mmoa a, na ɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛ Yehowa nkutoo na obetumi abɔ wɔn ho ban afi ɔbɔne no ho. Seesei Elsie yɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu, na n’abusuafo ne n’amannifo 14 nso agye nokware no.

11. Nsakrae ahorow bɛn na wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ?

11 Na ɛho nhia sɛ wɔn a wohyiraa wɔn ho so sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ afe a etwaam no mu dodow no ara yɛ nsakrae a emu yɛ den saa. Nanso wɔn nyinaa fii honhom fam wu mu baa honhom fam nkwa mu. (Efesofo 2:1) Ɛwom sɛ wɔda so ara wɔ wiase wɔ honam mu de, nanso wɔnyɛ ne fã bio. (Yohane 17:15, 16) Te sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a ‘wɔn man wɔ soro’ no, wɔte sɛ “ahɔho ne amamfrafo.” (Filipifo 3:20; 1 Petro 2:11) Wɔama wɔn asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn ahyia, na nea ɛkanyan wɔn sen biara ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa. (Mateo 22:37-39) Wɔnhwehwɛ honam fam nneɛma wɔ pɛsɛmenkominya mu, na saa ara na wɔnhwɛ kwan sɛ wobenya nea wɔpɛ nyinaa wɔ saa wiase yi mu. Mmom no, wɔde wɔn ani ato ‘ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee bɛtra mu’ no so.—2 Petro 3:13; 2 Korintofo 4:18.

12. Afe a etwaam no mu dwumadi a wɔabɔ ho amanneɛ bɛn na edi adanse sɛ Yesu ahu “gyidi asase so” wɔ ne mmae yi mu?

12 Bere a Abraham tu kɔtraa Kanaan no, na ɔne n’abusua nkutoo na ɛte hɔ, na na Yehowa nkutoo ne wɔn boafo ne nea ɔbɔ wɔn ho ban. Nanso, ɛnkaa saa Kristofo 316,092 a wɔabɔ wɔn asu foforo yi nkutoo. Nokwarem no, Yehowa nam ne honhom so boa wɔn bɔ wɔn ho ban sɛnea ɔyɛɛ Abraham no. (Mmebusɛm 18:10) Nanso, nea ɛka ho no, Yehowa nam amanaman ntam ‘man’ a emu nnipa dɔɔso sen wiase aman bi nnɛ no so boa wɔn. (Yesaia 66:8) Afe a etwaam no, saa man no mufo a wɔn dodow yɛ 5,888,650 no nam Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn afipamfo so dii wɔn gyidi a ɛyɛ nnam no ho adanse. (Marko 13:10) Wɔde nnɔnhwerew dodow a ɛsen biara 1,186,666,708 na ɛyɛɛ saa adwuma yi, de hwehwɛɛ anigyefo. Ne saa nti, wɔne nnipa 4,302,852 a wɔpɛ sɛ wonya gyidi na ɛyɛɛ Bible adesua. “Ɔman” yi mu nnipa 698,781 na wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu, sɛ́ ɛyɛ bere nyinaa de anaa ɔsram biako anaa nea ɛboro saa mu de daa wɔn nnamyɛ adi bio. (Wɔakyerɛkyerɛ dwuma a Yehowa Adansefo dii wɔ afe a etwaam no mu wɔ nkratafa 12 kosi 15.) Nnipa dodow a ɛyɛ nwonwa yi yɛ Yesu asɛm, “[Sɛ] onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so?” no ho mmuae a ɛfata.

Wodi Nokware Ɛmfa Ho Sɔhwɛ Ahorow

13, 14. Ka ɔhaw ahorow a Abraham ne n’abusua hyiae wɔ Kanaan no bi ho asɛm.

13 Mpɛn pii na nneɛma mu yɛɛ den maa Abraham ne ne fiefo wɔ Kanaan. Anyɛ yiye koraa no, ɔkɔm kɛse bi pam no fii Kanaan ma ɔkɔɔ Misraim bere bi. Afei nso, Misraim ne Gerar (a ɛbɛn Gasa) nyinaa ahene pɛe sɛ wogye Abraham yere Sara ware no. (Genesis 12:10-20; 20:1-18) Akasakasa nso baa Abraham ne Lot mmoahwɛfo ntam, na eyi maa mmusua abien yi mu tetewee. Abraham fi ayamye mu maa Lot dii kan paw asase no fã a ɔpɛ, na Lot pawee sɛ ɔbɛtra Yordan Dantaban a na nsu wɔ so na ɛte sɛ Eden turo no mu.—Genesis 13:5-13.

14 Afei, ɔko a ɛkɔɔ so wɔ Elam a na ɛwɔ akyirikyiri no hene ne nkurow anum a ɛwɔ Sidim Bon mu ahene ntam no kaa Lot hyɛɛ mu. Ahene a wofi akyirikyiri no dii ɛhɔnom ahene no so, na wɔfaa asade pii, a na Lot ne n’ahode ka ho. Bere a Abraham tee nea asi no, ɔde akokoduru tiw ahene a wofi akyirikyiri no, na otumi gyee Lot, ne fiefo, n’ahode ne ɛhɔnom ahene no ahode. (Genesis 14:1-16) Nanso, ɛnyɛ ɛno ne asɛmmɔne a ɛsen biara a ɛtoo Lot wɔ Kanaan. Esiane biribi nti ɔkɔtraa Sodom, ɛmfa ho sɛ na kurow no agye dimmɔne wɔ ɔbrasɛe mu.b (2 Petro 2:6-8) Bere a abɔfo baanu bɔɔ Lot kɔkɔ sɛ wɔbɛsɛe kurow no, ɔne ne yere ne ne mmabea guanee. Nanso, Lot yere buu n’ani guu akwankyerɛ ahorow pɔtee a abɔfo no de mae no so, na enti ɔdanee nkyene siw. Tebea no sesae koraa ma Lot ne ne mmabea baanu no kɔtraa ɔbodan bi mu wɔ Soar. (Genesis 19:1-30) Ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm yi haw Abraham yiye, ne titiriw no, esiane sɛ na Lot ka Abraham fiefo a wɔbaa Kanaan no ho nti.

15. Ɛmfa ho nsɛnnennen a Abraham hyiae bere a na ɔte ntamadan mu wɔ ananafo asase so no, adwene a ɛmfata bɛn na ɛda adi sɛ ɔkwatii?

15 So Abraham susuw ho sɛ ohui a anka ebia ɔne Lot traa n’agya abusuafo mu wɔ Ur a ahobammɔ wɔ hɔ no, anaasɛ anka wɔne ne nuabarima Nahor traa Haran? So onyaa adwene bi sɛ sɛ onyae a anka ɔtraa kurow bi a afasu atwa ho ahyia a ahobammɔ wom mu sen sɛ ɔbɛtra ntamadan mu? So osusuwii sɛ ebia nyansa nni afɔre ahorow a ɔbɔe denam atutra a odii wɔ ananafo asase so no so? Bere a ɔsomafo Paulo reka Abraham ne n’abusua ho asɛm no, osii so dua sɛ: “Sɛ wɔkɔɔ so kaee baabi a wofi bae no a, anka wɔwɔ adagyew sɛ wɔbɛsan akɔ.” (Hebrifo 11:15, NW) Nanso, wɔansan ankɔ. Ahokyere pii a wɔbaa mu no ammu wɔn abam, wɔtraa baabi a Yehowa pɛe sɛ wɔtra no.

Boasetɔ a Yebenya Nnɛ

16, 17. (a) Ahokyere bɛn na Kristofo pii hyia nnɛ? (b) Su pa bɛn na Kristofo kura? Dɛn ntia?

16 Yehu boasetɔ a ɛte saa ara wɔ Kristofo mu nnɛ. Ɛwom sɛ anigye kɛse wɔ Onyankopɔn som mu de, nanso asetra nyɛ mmerɛw mma nokware Kristofo wɔ nna a edi akyiri yi mu. Ɛwom sɛ wɔte honhom fam paradise mu de, nanso wohyia sika fam ahokyere te sɛ wɔn afipamfo ara pɛ. (Yesaia 11:6-9) Wɔadi wɔn mu pii a wɔn ho nni asɛm awu wɔ amanaman no akodi mu, na wɔama wɔn mu pii adi hia buruburoo a ɛnyɛ wɔn ankasa mfomso. Afei nso, wogyina ɔhaw ahorow ano esiane sɛ wɔyɛ nnipakuw ketewa a wommu wɔn mufo nti. Wɔ nsase pii so no, wohyia anibiannaso pii wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Wɔ nsase foforo so no, wohyia nkurɔfo a ‘wɔnam mmara so bɔ mmusu’ na “wobu mogya a edi bem fɔ” no nnaadaa kwan so ntua ahorow. (Dwom 94:20, 21) Wɔ nsase a wɔntaa Kristofo na wɔkamfo wɔn wɔ wɔn abrabɔ pa ho so mpo no, wohu wɔn sɛ wɔyɛ soronko wɔ wɔn mfɛfo sukuufo ne adwumayɛfo mu—te sɛ Abraham a ɔtraa ntamadan mu a na nnipa a wɔatwa ne ho ahyia mu dodow no ara tete nkurow akɛse mu no. Yiw, ɛnna fam sɛ wobɛtra wiase nanso wonyɛ ne “fã.”—Yohane 17:14, NW.

17 Ɛnde, so yenu yɛn ho sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn? So yenya adwene bi sɛ sɛ yehui a anka yɛtraa wiase no mu yɛɛ nea afoforo reyɛ no bi? So yedi afɔre ahorow a yɛabɔ wɔ Yehowa som mu no ho yaw? Dabida! Mmom no, sɛ́ anka yɛn ani begyina nneɛma a yɛagyaw wɔ yɛn akyi no, yehu sɛ sɛ yɛde biribiara a ebia yɛde abɔ afɔre no toto nhyira ahorow a yenya no nnɛ ne nea yebenya daakye no ho a, ɛnsɛ hwee. (Luka 9:62; Filipifo 3:8) Afei nso, so nnipa a wɔwɔ wiase no mu no wɔ anigye? Nokwasɛm ne sɛ, wɔn mu pii rehwehwɛ mmuae ahorow a yenim dedaw no. Wohu amane efisɛ wonni Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu a yedi akyiri no akyi. (Dwom 119:105) Na wɔn mu pii rehwehwɛ Kristofo ayɔnkofa ne fekubɔ a ɛyɛ anigye a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo nya no bi.—Dwom 133:1; Kolosefo 3:14.

18. Sɛ Kristofo da akokoduru a ɛte sɛ Abraham de no bi adi a, awiei koraa no, dɛn na efi mu ba?

18 Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ yɛda akokoduru adi te sɛ Abraham wɔ bere a otiw wɔn a na wɔafa Lot nnommum no. Na sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa ma nea efi mu ba no yɛ nhyira. Sɛ nhwɛso no, wɔ Northern Ireland no, esiane basabasayɛ a mpaapaemu de aba hɔ nti, nitan wɔ hɔ kɛse, na egye akokoduru na ama obi ayɛ nea onnyina afã biara. Nanso, nokware Kristofo adi nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yosua yi akyi: ‘Yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu. Efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.’ (Yosua 1:9; Dwom 27:14) Akokoduru a wɔde gyina pintinn no ama wɔanya obu wɔ mfe pii a abɛsɛn kɔ no mu, na ɛnnɛ, wotumi ka asɛm no wɔ saa asase no mpɔtam nyinaa a wonsuro hwee.

19. Ɛhe na Kristofo ani gye sɛ wɔbɛtra, na sɛ wodi Yehowa akwankyerɛ akyi a, dɛn na wɔde ahotoso hwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka?

19 Sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi a, ɛnsɛ sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nãã wɔ tebea biara a yehyia ho da, efisɛ awiei koraa no, nea ebefi mu aba no bɛhyɛ no anuonyam, na ɛso aba yɛn mfaso bere nyinaa. Ɛmfa ho ɔhaw ahorow ne nneɛma a yɛde bɔ afɔre no, baabiara nni hɔ a yɛbɛkɔ a ɛbɛsen Yehowa som mu, baabi a yɛne yɛn nuanom Kristofo nya fekubɔ na yɛde ahotoso hwɛ daakye a enni awiei a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ kwan no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛda adi sɛ, Abraham faa ne wɔfase Lot ne no trae bere a ne papa a ɔyɛ Abraham nuabarima wui no.—Genesis 11:27, 28; 12:5.

b Ebinom aka sɛ ahobammɔ kɛse a na Lot benya nti na ɔkɔtraa kurow kɛse mu, bere a na ahene baanan no afa no sɛ asade akyi no.

So Wokae?

◻ Dɛn nti na gyidi a ɛyɛ den ho hia?

◻ Ɔkwan bɛn so na Abraham kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi a ɛyɛ den?

◻ Ɔkwan bɛn so na nsakrae ahorow a obi yɛ wɔ n’asetram no ka ahosohyira a ɔyɛ ho?

◻ Dɛn nti na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn ɛmfa ho ɔhaw ahorow biara a yehyia no?

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Na Abraham wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetram na ama ne nsa aka bɔhyɛ no

[Kratafa 9 mfonini ahorow]

Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ Yesu ahu “gyidi asase so” wɔ ne mmae no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena