Bere Tenten Bɛn na Yebetumi Atra Ase?
Nnipa dodow no ara na wɔtra ase kyɛ nnansa yi, na ɛma nnipa pii bisa sɛ, ‘Bere tenten bɛn na yebetumi atra ase?’
SƐNEA The New Encyclopœdia Britannica (1995) kyerɛ no, wɔ mmere a atwam no, wogyee Pierre Joubert toom sɛ obi a watra ase bere tenten sen obiara. Owui wɔ 1814 mu bere a na wadi mfe 113. Nokwarem no, wɔka sɛ afoforo atra ase bere tenten, nanso wonni kyerɛwtohɔ biara a edi mũ a ɛkyerɛ mfe a wɔadi. Nanso, kyerɛwtohɔ pa akyerɛ sɛ nnipa pii atra ase bere tenten sen Pierre Joubert.
Wɔwoo Jeanne Louise Calment wɔ Arles, France anafo apuei fam, wɔ February 21, 1875 mu. Ne wu wɔ August 4, 1997 mu—bɛboro mfe 122 akyi no—maa ne ho asɛm hyetae kɛse. Wɔ 1986 mu no, Shigechiyo Izumi a ofi Japan no wui a na wadi mfe 120. Guinness Book of Records 1999 no bɔ Sarah Knauss a wadi mfe 118 no din sɛ na ɔno ne nipa a wanyin paa wɔ saa bere a wɔkyerɛw nhoma no. Wɔwoo no September 24, 1880 mu, wɔ Pennsylvania, U.S.A. Bere a Marie-Louise Febronie Meilleur a ofi Quebec, Canada no wui wɔ 1998 mu no, na wadi mfe 118, nanso na ɔkyɛn Sarah nnafua 26.
Nokwarem no, nnipa a wɔn mfe akɔ anim no dodow akɔ soro ma ɛyɛ nwonwa. Wosususw sɛ nnipa a wɔadi mfe ɔha no dodow bɛkɔ anim bɛboro ɔpepem 2.2 wɔ afeha a edi hɔ no fã a edi kan mu! Saa ara na nnipa a wɔadi mfe 80 ne nea ɛboro saa no dodow akɔ soro fi ɔpepem 26.7 wɔ 1970 mu kosi ɔpepem 66 wɔ 1998 mu. Sɛ wɔde toto nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa dodow nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu 60 no ho a, ɛno yɛ 147.
Ɛnyɛ nea ɛno kyerɛ ara ne sɛ nkurɔfo tra ase bere tenten. Nnipa pii nso reyɛ nneɛma a wɔn a wɔadi mfe 20 no mu pii rentumi nyɛ. Wɔ 1990 mu no, John Kelley a na wadi mfe 82 no tuu mmirika—kilomita 42.195—wɔ nnɔnhwerew anum ne simma anum mu. Wɔ 1991 mu no, Mavis Lindgren a wadi mfe 84 a ɔwɔ nanankansowa no de nnɔnhwerew ason ne simma akron wiee saa mmirikatu no. Na nnansa yi ara, ɔbarima bi a wadi mfe 91 wiee New York City mmirika-tenten no!
Ɛnyɛ nea yɛreka ne sɛ wɔn a na wɔn mfe akɔ anim wɔ mfe a atwam no antumi anyɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa. Bible mu tete agya Abraham, a na wadi mfe 99 no “tuu mmirika kohyiaa” n’ahɔho. Kaleb a na wadi mfe 85 no kae sɛ: “Sɛnea m’ahoɔden te da no [mfe 45 a edi kan no], saa ara na ɛte nnɛ ma ɔko ne adifi ne emuba.” Na Bible no ka Mose ho asɛm sɛ bere a odii mfe 120 no, “n’aniwa anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhuan.”—Genesis 18:2; Yosua 14:10, 11; Deuteronomium 34:7.
Yesu Kristo kaa onipa a odi kan, Adam, ne adaka pamfo Noa ho asɛm sɛ nnipa a wɔtraa ase wɔ tete mmere mu. (Mateo 19:4-6; 24:37-39) Genesis nhoma no ka sɛ Adam dii mfe 930, na Noa dii mfe 950. (Genesis 5:5; 9:29) So nkurɔfo atra ase bere tenten saa ankasa? So yebetumi atra ase asen saa mpo, na ebetumi aba sɛ yɛbɛtra ase daa? Yɛsrɛ wo sɛ hwehwɛ adanse a ɛwɔ asɛm a edi hɔ no mu.