Sɛnea Wubehu Honhom Fam Mmerɛwyɛ Biara na Woadi So
SƐNEA HELAFO ATETESƐM KYERƐ NO, NA ACHILLES NE HELAFO akofofo no mu ɔkokodurufo a ɔsen biara wɔ Troy Ko, ɔsa a wotu tiaa Troy kurow, no mu. Atetesɛm kyerɛ sɛ bere a na Achilles yɛ akokoaa no, ne maame de no hyɛɛ Asubɔnten Styx mu, ma enti ɔbɛyɛɛ nea biribiara ntumi no, gye baabi a ne maame soe no nko—Achilles nantin a wɔde ayɛ akasabebu no. Ɛhɔ pɛpɛɛpɛ na Paris, Ɔhene Priam a ofi Troy no babarima too agyan a edi awu no wɔe na okum Achilles.
Kristofo yɛ Kristo asraafo a wɔredi ako honhom fam. (2 Timoteo 2:3) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.” Yiw, yɛn atamfo no nyɛ nkurɔfo biara sɛ Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no.—Efesofo 6:12.
Ɛda adi sɛ, sɛ ɛnyɛ mmoa a yenya fi Yehowa Nyankopɔn a wɔaka ne ho asɛm sɛ “dɔmmarima” no hɔ a, anka ɔko no renyɛ atipɛnko. (Exodus 15:3) Nea ɛbɛyɛ na yɛabɔ yɛn ho ban afi yɛn atamfo atirimɔdenfo ho no, wɔama yɛn honhom fam akode. Ɛno nti na ɔsomafo no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.”—Efesofo 6:11.
Akyinnye biara nni ho sɛ akode a Yehowa Nyankopɔn de ma no ye sen biara, na wotumi de gyina honhom fam ntua biara ano. Wo de hwɛ nneɛma a Paulo bobɔɔ din no: nokware abɔso, trenee nkatabo, asɛmpa mpaboa, gyidi kyɛm, nkwagye dade kyɛw, honhom nkrante. Nnwinnade a eye a yebetumi ahwɛ kwan bɛn ara ni? Sɛ Kristoni sraani hyɛ akode a ɛte saa a, obetumi adi nkonim ɔkwan biara so a akwanside biara mfa ho.—Efesofo 6:13-17.
Ɛwom sɛ akode a efi Yehowa hɔ no ye sen biara na ɛno na ɛbɔ yɛn ho ban de, nanso ɛnsɛ sɛ yegyae yɛn ho mu. Sɛ yɛkae Achilles a na wosusuw sɛ biribiara ntumi no asɛm no a, so ebetumi aba sɛ yɛn nso yɛwɔ baabi a ɛhɔ yɛ mmerɛw, honhom fam Achilles nantin bi? Sɛ wɔtow hyɛ yɛn so bere a yɛn ani nna yɛn ho so a, ebetumi ayɛ asiane kɛse ama yɛn.
Hwehwɛ Wo Honhom Fam Akode no Mu
Obi a otu mmirika wɔ nsukyenee so a onyaa Olimpik sika kɔkɔɔ abasobɔde mpɛn abien a na ɔte apɔw yiye twa hwee prɛko pɛ wui bere bi a na ɔreyɛ ahosiesie no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ aniberesɛm bi ho amanneɛ tiawa wɔ The New York Times mu sɛ: “Amerikafo 600,000 a wonya komayare afe biara no mu fã na wonni kan nhu ho nsɛnkyerɛnne biara.” Ɛda adi pefee sɛ, yentumi nnyina sɛnea yɛte nka so kɛkɛ nhu sɛnea yɛn akwahosan te.
Ɛte saa ara wɔ yɛn honhom fam yiyedi ho nso. Bible tu fo sɛ: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” (1 Korintofo 10:12) Ɛwom mpo sɛ yɛn honhom fam akode no ne nea eye sen biara de, nanso yebetumi anya mmerɛwyɛ. Eyi te saa efisɛ wɔwoo yɛn bɔne mu, na ɛnyɛ den sɛ yɛn bɔne ne yɛn sintɔ betumi abunkam yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no so. (Dwom 51:5) Ɛmfa ho adwempa a yɛwɔ no, yɛn koma a ɛyɛ okontomponi no betumi adaadaa yɛn ma yɛanya nsusuwii bɔne anaasɛ yɛayiyi yɛn ho ano, na ama yɛabu yɛn ani agu yɛn mmerɛwyɛ so ntɛm ara, na yɛadaadaa yɛn ho asusuw sɛ biribiara rekɔ so yiye.—Yeremia 17:9; Romafo 7:21-23.
Afei nso, yɛte wiase a wɔtaa tõtõ nea ɛyɛ papa ne bɔne kyinkyim no mu. Sɛnea obi te nka wɔ biribi ho no na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne. Aguade ho dawurubɔ, anigyede a agye din, ne nsɛm ho amanneɛbɔ hyɛ nsusuwii a ɛte saa yi ho nkuran. Ɛda adi sɛ, sɛ yɛanhwɛ yiye a, wobetumi adaadaa yɛn ma yɛasusuw nneɛma ho wɔ saa kwan yi so, na yɛn honhom fam akode betumi afi ase ayɛ mmerɛw.
Sɛ́ anka yebegyae yɛn ho mu akɔ tebea a ɛyɛ hu saa mu no, ɛsɛ sɛ yetie Bible afotu yi: “Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa?” (2 Korintofo 13:5) Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ahu mmerɛwyɛ biara a ebia ɛwɔ yɛn ho na yɛafa akwan a ɛfata so asiesie ansa na yɛn atamfo ahu na wɔatow ahyɛ yɛn so. Nanso, ɔkwan bɛn so na yɛfa yɛ nhwehwɛmu a ɛte saa? Dɛn ne nsɛnkyerɛnne bi a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔ yɛn ho mu a yɛhwehwɛ yi mu?
Nsɛnkyerɛnne no a Yebehu
Sɛnkyerɛnne biako a ɛtaa kyerɛ sɛ yɛayɛ mmerɛw wɔ honhom fam ne gyae a yegyae yɛn ankasa kokoam adesua yɛ no. Ebinom te nka sɛ ɛsɛ sɛ wosua ade pii, nanso wohu sɛ wontumi nyɛ saa. Ɛnnɛ asetra a nnipa nni adagyew yi mu no, ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛkɔ tebea bɔne a ɛte saa mu. Nanso, nea enye koraa no, nkurɔfo taa yiyi wɔn ho ano sɛ wɔn tebea no nsɛee koraa, efisɛ wɔkenkan Bible ho nhoma bere biara a wobetumi, na wotumi kɔ Kristofo nhyiam ahorow bi.
Nsusuwii a ɛte saa yɛ obi ho a ɔdaadaa. Ɛte sɛ ɔbarima bi a ɔte nka sɛ onni adagyew koraa a ɔde bɛtra ase adi aduan pa, ma enti odidi bere biara a ɔpɛ, bere a ogu so reyɛ adwuma no. Ɛwom sɛ ɔkɔm renne no de, nanso ɛrenkyɛ koraa na wayare. Saa ara na sɛ yɛanni honhom fam nnuan a etu mpɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so a, ɛrenkyɛ na mmerɛwyɛ aba yɛn honhom fam akode no mu. Bere a yehu na yɛte wiase nnaadaasɛm ne nneyɛe a etumi nya nnipa so tumi bere nyinaa no, ɛnyɛ den koraa sɛ Satan ntua a edi awu no betumi anya yɛn so nkɛntɛnso.
Honhom fam mmerɛwyɛ ho sɛnkyerɛnne foforo ne yɛn werɛ a etumi fi sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ yɛn honhom fam akodi no mu no. Ɔsraani nte ɔko mu ahoyeraw ne asiane nka wɔ asomdwoe bere mu. Enti ebia ɔrenhu hia a ɛho hia sɛ ɔde ntɛmpɛ siesie ne ho. Sɛ wɔfrɛ no sɛ ɔnkɔ ɔko mpofirim a, ɔbɛyɛ obi a onsiesiee ne ho koraa. Saa ara na ɛte wɔ honhom fam. Sɛ yɛanhu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ a, yebetumi abɛyɛ nkurɔfo a yentumi nko ntia ntua a yebehyia no.
Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yɛwɔ saa tebea yi mu? Yebetumi abisa yɛn ho nsɛm bi a ɛbɛma yɛahu tebea a yɛwom ankasa: So m’ani gye asɛnkakɔ ho te sɛ nea mepue akogye m’ani no? So me ho pere me sɛ mesiesie me ho ama asafo nhyiam ahorow te sɛ nea meyɛ bere a merekɔtotɔ nneɛma anaa merekɔhwɛ TV no? So ɛyɛ a mesan susuw nnwuma anaa hokwan ahorow a migyaw guu hɔ bere a mebɛyɛɛ Kristoni no ho bio? So m’ani bere nea wɔfrɛ no asetra pa a afoforo wom no? Eyinom yɛ nsɛmmisa a ɛkanyan adwene, nanso ɛboa ma yehu mmerɛwyɛ biara a ɛwɔ yɛn honhom fam akode mu no.
Esiane sɛ yɛn akode a ɛbɔ yɛn ho ban no yɛ honhom fam de nti, ɛho hia sɛ Onyankopɔn honhom da adi kɛse wɔ yɛn asetra mu. Nea ɛda eyi adi ne sɛnea Onyankopɔn honhom aba no da adi wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu no. So nneɛma haw wo ntɛmntɛm anaasɛ wo bo fuw mpo bere a afoforo yɛ biribi anaa wɔka biribi a w’ani nnye ho no? So ɛyɛ wo den sɛ wubegye afotu atom, anaasɛ wote nka sɛ afoforo rehaw wo bere nyinaa? So w’ani bere nhyira a afoforo anya anaa nneɛma a wɔatumi ayɛ no kɛse? So ɛyɛ wo den sɛ wo ne afoforo bɛbɔ, titiriw w’atipɛnfo? Nokwaredi mu a yebefi ahwehwɛ yɛn ho mu bɛma yɛahu sɛ ebia yɛreda Onyankopɔn honhom aba adi wɔ yɛn asetram anaasɛ ɔhonam nnwuma reda adi nkakrankakra wɔ yɛn asetra mu.—Galatifo 5:22-26; Efesofo 4:22-27.
Akwampa a Yɛbɛfa so Adi Honhom Fam Mmerɛwyɛ So
Honhom fam mmerɛwyɛ ho nsɛnkyerɛnne a yebehu no yɛ ade biako; na ɛyɛ ade foforo koraa nso sɛ yebegye atom na yɛafa akwan bi so asiesie. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii yiyi wɔn ho ano, bu wɔn ho bem, brɛbrɛ ɔhaw no ase, anaasɛ wonnye ntom sɛ wɔwɔ mmerɛwyɛ. Hwɛ sɛnea asiane wom—ɛte sɛ obi rekɔ ɔko a n’akode a ɔhyɛ no bi ayera! Adeyɛ a ɛte saa bɛma Satan anya kwan kɛse atow ahyɛ yɛn so. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛfa akwampa so siesie sintɔ biara a yebehu. Dɛn na yebetumi ayɛ?—Romafo 8:13; Yakobo 1:22-25.
Esiane sɛ yɛredi ako honhom fam—akodi a nea ɛka ho ne Kristoni adwene ne ne koma a obedi so—nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de bɔ yɛn adwene ho ban. Kae sɛ nneɛma a ɛka yɛn honhom fam akode ho no bi ne “trenee nkatabo,” a ɛbɔ yɛn koma ho ban, ɛne “nkwagye dade kyɛw” a ɛbɔ yɛn adwene ho ban no. Sɛ́ yebedi nkonim anaa nkogu no begyina sɛnea yebesua sɛ yɛde saa nsiesiei yi bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no so.—Efesofo 6:14-17; Mmebusɛm 4:23; Romafo 12:2.
“Trenee nkatabo” no a yɛbɛhyɛ no yiye no hwehwɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu bere nyinaa wɔ sɛnea yɛdɔ trenee na yɛtan amumɔyɛ no ho. (Dwom 45:7; 97:10; Amos 5:15) So yɛabrɛ yɛn gyinapɛn ahorow ase ma ɛne wiase de abɛyɛ pɛ? So yɛn ani abegye nneɛma bi—sɛ ɛyɛ asetram ade a yɛn ani tua anaa nea woyi kyerɛ wɔ TV so ne sini mu, wɔ nhoma ne nsɛmma nhoma mu—a bere bi na anka ɛbɛma yɛn ho adwiriw yɛn anaa ahaw yɛn ho mprempren? Trenee a yɛbɛdɔ no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛ nneɛma a wiase no kamfo sɛ ɛkyerɛ ahofadi ne anibue no betumi ayɛ ɔbrasɛe ne nnaadaasɛm ankasa.—Romafo 13:13, 14; Tito 2:12.
Nea “nkwagye dade kyɛw” a yɛbɛhyɛ kyerɛ ne sɛ yɛbɛma nhyira ahorow a ɛyɛ anigye a ɛreba no atra yɛn adwenem yiye, na yɛremma wiase afɛfɛde ne anigye ntwetwe yɛn adwene. (Hebrifo 12:2, 3; 1 Yohane 2:16) Sɛ yenya saa adwene yi a ɛbɛboa yɛn ma yɛde honhom fam nneɛma adi honam fam anaa yɛn ankasa mfaso kan. (Mateo 6:33) Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛ yɛahyɛ saa akode yi yiye no, ɛsɛ sɛ yefi nokwaredi mu bisa yɛn ho sɛ: Dɛn na esi m’ani so wɔ asetra mu? So mewɔ honhom fam botae ahorow pɔtee bi? Dɛn na mereyɛ na ama madu ho? Sɛ́ yɛka Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo no ho anaasɛ yɛyɛ nnipadɔm a wontumi nkan wɔn dodow “nnipakuw kɛse” no mufo no, ɛsɛ sɛ yesuasua Paulo a ɔkaa eyi no: “Minsusuw sɛ me nsa anya aka biribi; nanso ade biako pɛ na meyɛ: mema me werɛ fi akyiri de, na metwe me mu mepɛ anim de.”—Adiyisɛm 7:9; Filipifo 3:13, 14.
Paulo de afotu yi wie yɛn honhom fam akode no ho asɛm a ɔkae no: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa.” (Efesofo 6:18) Eyi kyerɛ akwampa abien a yebetumi afa so adi honhom fam mmerɛwyɛ biara so anaasɛ yɛasiw ano: Abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn benya, ɛne abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne yɛn mfɛfo Kristofo benya.
Sɛ yɛma ɛyɛ yɛn su sɛ yɛde mpaebɔ “nyinaa” bɛkɔ Yehowa nkyɛn (yɛn bɔne a yɛbɛka akyerɛ, bɔne fafiri a yɛbɛsrɛ, ahobammɔ a yebebisa, nhyira ho aseda a yɛde ma, komam nkamfo), na yɛbɔ no “daa” (wɔ baguam, kokoam, ɔpɛ mu) a, yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den. Eyi ne ahobammɔ a ɛsen biara a yebetumi anya.—Romafo 8:31; Yakobo 4:7, 8.
Afei nso, wotu yɛn fo sɛ yɛmmɔ mpae “mma ahotefo nyinaa,” kyerɛ sɛ, yɛn mfɛfo Kristofo. Yebetumi akae yɛn nuanom a wɔwɔ akyirikyiri nsase so a wɔrehyia ɔtaa anaa nsɛnnennen foforo no wɔ yɛn mpaebɔ mu. Na Kristofo a yɛne wɔn yɛ adwuma na yɛne wɔn bɔ da biara da no nso ɛ? Ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn nso, sɛnea Yesu bɔɔ mpae maa n’asuafo no. (Yohane 17:9; Yakobo 5:16) Mpaebɔ a ɛte saa ma yɛyɛ biako, na ɛhyɛ yɛn den ma yegyina “ɔbɔne no” ntua ano.—2 Tesalonikafo 3:1-3.
Nea edi akyiri no, ma ɔsomafo Petro afotu a efi ɔdɔ mu yi ntra w’adwenem: “Ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem ntew, na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ. Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Petro 4:7, 8) Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛma nnipa sintɔ—afoforo de ne yɛn ankasa de—ahyɛn yɛn koma ne yɛn adwene mu, na abɛyɛ akwanside ne hintidua ama yɛn. Satan nim nnipa mmerɛwyɛ yi yiye. N’anifere kwan biako ne sɛ ɔbɛpaapae nnipa mu na wadi wɔn so. Enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm de ɔdɔ a emu yɛ den kata bɔne a ɛba yɛn ntam no so, na ‘yɛamma Ɔbonsam kwan.’—Efesofo 4:25-27.
Hyɛ Wo Ho Den Honhom Fam Mprempren
Sɛ wuhu sɛ wo ti nhwi ayɛ basaa anaa wo tae akyea a, dɛn na woyɛ? Ɛda adi sɛ woyɛ no yiye ntɛm ara. Nnipa kakraa bi na wobegyaw no saa ara, na wɔate nka sɛ honam fam nneɛma a ɛte saa ho nhia. Momma yenni yɛn honhom fam mmerɛwyɛ ho dwuma ntɛm saa ara. Honam fam nkekae remma nkurɔfo ani nnye yɛn ho, nanso sɛ yɛansiesie honhom fam sintɔ a, ebetumi ama yɛahwere Yehowa anim dom.—1 Samuel 16:7.
Yehowa fi ɔdɔ mu ama yɛn nea yehia nyinaa a ɛbɛboa yɛn ma yɛatu honhom fam mmerɛwyɛ biara ase, na yɛakɔ so ayɛ den wɔ honhom fam. Ɔnam Kristofo nhyiam, Bible ho nhoma, ne mfɛfo Kristofo a wɔn ho akokwaw na wodwen afoforo ho so kaakae yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne ho nyansahyɛ ahorow. Nea aka ne sɛ yebegye atom na yɛde adi dwuma. Eyi gye mmɔdenbɔ ne ahohyɛso. Nanso, kae nokwasɛm a ɔsomafo Paulo kae yi: “Mmirika a mitu yi, mintu no asunsumabo mu; kuturuku a meko yi, menko no sɛ nea ɔboro mframa, na mmom mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.”—1 Korintofo 9:26, 27.
Ma w’ani nna hɔ, na woannya honhom fam Achilles nantin da. Mmom no, momma yemfi ahobrɛase ne akokoduru mu nyɛ nea ehia mprempren mfa nhu honhom fam mmerɛwyɛ biara a yɛwɔ na yenni so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
“MONSƆ MO HO NHWƐ SƐ MOWƆ GYIDI NO MU ANAA? MUMMISA MO HO NHWƐ!”—2 Korintofo 13:5.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
“MO ANI NNA HƆ MMA MPAEBƆ. NE TITIRIW NO, MOMFA ƆDƆ A EMU YƐ DEN NNODƆ MO HO, EFISƐ ƆDƆ KATA BƆNE PII SO.”—1 Petro 4:7, 8.
[Kratafa 20 adaka/mfonini]
BISA WO HO SƐ . . .
◆ So me ho pere me sɛ mesiesie me ho ama asafo nhyiam ahorow sɛnea meyɛ bere a merekɔtotɔ nneɛma anaa merekɔhwɛ TV no?
◆ So m’ani bere nea wɔfrɛ no asetra pa a afoforo wom no?
◆ So nneɛma haw me ntɛmntɛm anaasɛ me bo fuw mpo bere a afoforo yɛ biribi anaa wɔka biribi a m’ani nnye ho no?
◆ So ɛyɛ me den sɛ megye afotu atom, anaasɛ mete nka sɛ afoforo rehaw me bere nyinaa?
◆ So ɛyɛ me den sɛ me ne afoforo bɛbɔ?
◆ So mabrɛ me gyinapɛn ahorow ase ma ɛne wiase no de ayɛ pɛ?
◆ So mewɔ honhom fam botae ahorow pɔtee bi?
◆ Dɛn na mereyɛ na ama madu me honhom fam botae ahorow ho?
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 18]
Achilles: From the book Great Men and Famous Women; Roman soldiers and page 21: Historic Costume in Pictures/Dover Publications, Inc., New York