So Wunya Bere Ma W’abusua?
“JAPANFO Agyanom Wɔ Ɔdɔ—Ɛwom sɛ Wɔyɛ Adwuma a Adagyew Nnim na Wonnya Bere ne Wɔn Mma Nni Agoru.” Wɔ mfe bi a atwam no, saa asɛmti yi puei wɔ Mainichi Shimbun mu. Asɛm no bɔɔ amanneɛ sɛ Japanfo mmofra a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ nhwehwɛmu bi a aban no yɛe mu no ɔha biara mu 87.8 daa ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛhwɛ wɔn agyanom daakye no adi. Nanso, wɔ krataa no Engiresi kasa mu de mu no, wɔmaa asɛm koro no ara asɛmti foforo. Ɛkenkan sɛ “Agyanom ne Mmabarimanom: Wɔn Ani a Wobu Gu Wɔn So.” Nea ɛnte sɛ Japan kasa mu de no, asɛm no sii ɔfã foforo so dua wɔ saa nhwehwɛmu koro no ara mu sɛ: Da biara a wɔde kɔ adwuma no, Japanfo agyanom nya simma 36 pɛ na ɛma wɔn mma. Sɛ wɔde toto ho a, simma 44 na agyanom a wɔwɔ West Germany no nya ma wɔn mma dapɛn biara, na wɔ United States no, simma 56.
Ɛnyɛ agyanom nko na wonnya bere pii mma wɔn mma. Ɛnanom pii nso fi fie kɔ adwuma. Sɛ nhwɛso no, ɛnanom a wonni ahokafo pii yɛ honam fam adwuma de hwɛ abusua no. Ne saa nti, bere dodow a awofo—agyanom ne ɛnanom nyinaa—nya ma wɔn mma so retew.
Nhwehwɛmu bi a wɔde Amerikafo mmofra a wɔadu mpanyin afe so 12,000 yɛe wɔ 1997 mu kyerɛe sɛ mmofra a wɔne wɔn awofo nya abusuabɔ pa no ntaa nnya adwenemhaw, wonnya adwene sɛ wobedi wɔn ho dɔm, wɔmfa wɔn ho nhyɛ basabasayɛ mu, na wɔmfa nnuru a ne nom ka obi hɔ nni dwuma. Nhwehwɛmufo a wonyaa nhwehwɛmu no mu kyɛfa yiye no mu biako kae sɛ: “Gye sɛ wunya bere ma mmofra ansa na woatumi ne wɔn anya abusuabɔ pa.” Ɛho hia sɛ wunya bere ma wo mma na wo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ.
Nkitahodi mu a Ɛtetew
Nkitahodi a ɛda mmusua a emu ɔwofo biako fi fie kɔyɛ adwuma wɔ akyirikyiri mu titiriw no taa sɛe. Nokwarem no, ɛnyɛ mmusua a emu ɔwofo biako nte fie nko na wɔn nkitahodi mu retetew. Ɛwom sɛ awofo binom te fie de, nanso wɔkɔ adwuma ansa na wɔn mma anyan afi kɛtɛ so, na wɔba fie bere a wɔadeda. Awofo binom nya bere ma wɔn abusua dapɛn awiei ne nnapɔnna mu de hyɛ bere a wɔhwere no ananmu. Wɔka sɛ ɛsɛ sɛ wonya bere a “ɛfata” ma wɔn mma.
Nanso, so bere a ɛfata no betumi asi bere dodow a wonnya no ananmu? Nhwehwɛmufo Laurence Steinberg bua sɛ: “Sɛ yɛbɛka a, mmofra a wɔne wɔn awofo bɔ pii no ho yɛ den sen mmofra a wɔne wɔn awofo bɔ bere tiaa bi no. Ɛte sɛ nea ɛyɛ den yiye sɛ wubetumi de biribi ahyɛ bere a wɔhwere no ananmu. Wɔaka bere a ɛfata ho asɛm no abrɛ.” Saa pɛpɛɛpɛ na ɔbea bi a ofi Burma te nka. Ne kunu—a ɔyɛ Japanni ankasa—fi adwuma ba fie dɔnko anaa nnɔnabien anɔpa biara. Ɛwom sɛ onya bere ma n’abusua wɔ dapɛn awiei de, nanso ne yere ka sɛ: “Memeneda ne Kwasida a wode tra fie no ntumi nhyɛ nneɛma a abusua no hwere wɔ nna a wɔmfa ntra fie wɔ dapɛn no mu no ananmu. . . . So wubetumi aboaboa aduan a yɛyɛɛ no dapɛn no mu ano adi ne nyinaa Memeneda ne Kwasida?”
Mmɔdenbɔ a Efi Ahonim Pa mu Ho Hia
Nkitahodi pa a yɛbɛma atra yɛn abusua mu ho asɛm ka yɛ mmerɛw sen ne yɛ. Hia a ɛho hia sɛ yenya asetrade na yɛma abusua no nya nea wohia no ma ɛyɛ den ma agya anaa ɛna a ɔyɛ adwuma sɛ obenya bere ama n’abusua. Nnipa pii a wɔn tebea hwehwɛ sɛ wofi fie kɔ akyirikyiri no nam telefon anaa nkrataa-kyerɛw so di nkitaho bere nyinaa. Nanso, sɛ́ wo ne w’abusua te fie anaasɛ ɛnte saa no, ɛsɛ sɛ wufi ahonim pa mu bɔ mmɔden ma nkitahodi pa tra mo mu.
Awofo a wobu wɔn ani gu wɔne wɔn abusua nkɔmmɔbɔ so no betwa wɔn anibiannaso no so aba. Agya bi a na onnya bere pii mma n’abusua, ɔne wɔn ntra ase nnidi mpo no, hyiaa ɔhaw a anibere wom. Ne babarima de ne ho hyɛɛ basabasayɛ mu, na wɔkyeree ne babea sɛ ɔrewia nneɛma wɔ sotɔɔ mu. Kwasida anɔpa bi a agya no resiesie ne ho akɔbɔ gɔlf no, ɔbabarima no teɛɛm sɛ: “Enti maame nkutoo ne ɔwofo a ɔwɔ fie ha?” Abarimaa no bɔɔ abubuw sɛ: “Maame na osi biribiara ho gyinae wɔ abusua no mu. Papa wunnyaa . . . da.”
Saa nsɛm no maa agya no susuw nneɛma ho. Awiei koraa no osii gyinae sɛ, nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ ɔne abusua no bom didi anɔpa. Mfiase no, na ɔne ne yere nkutoo na edidi. Nkakrankakra, mmofra no bɛkaa ho, na anɔpa adidii bɛyɛɛ beae a wɔbɔ nkɔmmɔ. Eyi maa abusua no boom didii anwummere. Afei, na ɔbarima no afi ase rebɔ n’abusua no ho ban afi abusua mu mpaapaemu ho.
Mmoa a Efi Onyankopɔn Asɛm Mu
Bible no hyɛ awofo nkuran sɛ wonnye bere ne wɔn mma mmɔ nkɔmmɔ. Wɔnam odiyifo Mose so hyɛɛ Israelfo sɛ: “Israel, tie, [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn ne [Yehowa, NW] koro. Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:4-7) Yiw, sɛ yɛpɛ sɛ yɛde Onyankopɔn asɛm dua yɛn mma no adwene ne wɔn koma mu a, ɛho hia sɛ yɛn a yɛyɛ awofo no di kan nya bere ne yɛn abusua bɔ.
Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Amerikafo mmofra a wɔboro 12,000 ho nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ 1997 mu, a yɛadi kan aka ho asɛm no daa no adi sɛ, “nnipa bɛyɛ ɔha mu 88 . . . a wɔkyerɛe sɛ wɔkɔ asɔre no kae sɛ nyamesom ne mpaebɔ ho hia efisɛ ɛbɔ wɔn ho ban.” Nokware Kristofo hu sɛ nyamesom mu akwankyerɛ pa a wɔde ma wɔ ofie no bɔ mmofra ho ban fi nneɛma te sɛ nnubɔnenom, adwenemhaw, ahodɔmdi, basabasayɛ, ne nea ɛkeka ho ho.
Awofo binom te nka sɛ ɛyɛ den sɛ wobenya bere ama wɔn mmusua. Eyi te saa titiriw wɔ ɛnanom a wonni ahokafo, a wɔn ani gye sɛ wɔne wɔn mma bɛbɔ nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no fam. Wɔbɛyɛ dɛn anya bere kakra a ɛfata ama wɔn mmusua? Bible de afotu ma sɛ: “Fa nyansahu ne adwempa sie.” (Mmebusɛm 3:21) Awofo nso betumi de “adwempa” adi dwuma na wɔanya bere ama wɔn mmusua. Ɔkwan bɛn so?
Sɛ woyɛ ɛna a woyɛ adwuma a wubefi adwuma aba no na woabrɛ a, dɛn nti na wonka nkyerɛ wo mma sɛ wɔnka wo ho ma monyɛ aduan? Mmere a ɛtete saa a mode yɛ nneɛma bom no bɛma moanya hokwan ne mo ho mo ho anya abusuabɔ a emu yɛ den. Mfiase no, wo mma a wo ne wɔn bɛyɛ aduan no begye wo bere pii. Nanso, ɛnkyɛ, na woahu sɛ ɛbɛma woanya anigye na woanya bere mpo.
Ebia woyɛ agya a wowɔ nneɛma pii yɛ wɔ dapɛn awiei. Dɛn nti na wo ne wo mma mmom nyɛ nnwuma yi bi? Bere a moreyɛ adwuma no, wubetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ na bere koro no ara no wode ntetee a mfaso wɔ so ama wɔn. Bible afotu a ɛka sɛ fa Onyankopɔn asɛm dua wo mma mu no hyɛ nkuran sɛ kasa kyerɛ wɔn ‘w’afitra mu, wo kwan so nantew mu’—nokwarem no, hokwan biara a wubenya mu. Bere a wo ne wo mma yɛ adwuma na mobɔ nkɔmmɔ no, na woreda “nyansahu” adi.
Bere a wunya ma w’abusua no de akatua a enni ano ba. Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Wɔn a wotie afotu no, nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 13:10) Sɛ wunya bere ne w’abusua bɔ nkɔmmɔ a, ɛbɛma woanya hokwan kɛse de da biara da asetra mu akodi ho akwankyerɛ a nyansa wom ama wɔn. Akwankyerɛ a ɛte saa a wode ma nnɛ no bɛma woanya bere pii na woakwati awerɛhow daakye. Bio nso, ɛbɛboa ma wo ne wɔn nyinaa anya anigye. Sɛ wubetumi de akwankyerɛ a ɛte saa ama a, ɛho hia sɛ wunya nyansa pii a wɔakora so wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no. Fa kyerɛkyerɛ wo mma na fa kyerɛ w’abusua kwan.—Dwom 119:105.
[Kratafa 4 mfonini]
Mmofra a wɔne wɔn awofo nya abusuabɔ pa no ntaa nnya adwenemhaw
[Kratafa 5 mfonini]
Nkɔmmɔbɔ pa ma abusua no nya akatua pii
[Kratafa 6 mfonini]
Bere a wo ne wo mma yɛ adwuma no, wubetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ, na wode ntetee a mfaso wɔ so ama wɔn