Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 5/15 kr. 10-15
  • Yɛn Ani Gye Sɛ Yehowa Kyerɛ Yɛn Ne Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Ani Gye Sɛ Yehowa Kyerɛ Yɛn Ne Kwan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Kyerɛ Ɔkwan No
  • Ebinom Nantewee Yehowa Kwan So
  • Nea Enti a Ebinom Gyaw Yehowa Kwan
  • Ahas Nhwɛso Bɔne
  • Yudafo ne Yeremia Wɔ Misraim
  • Yehowa Hyira Wɔn a Wɔnantew Ne Kwan So
  • Fa Wo Ho To Yehowa So Wɔ Ahohia Mu
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Amansan Mu Asenni a Ɛfa Wo Ho No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Wɔn a Wodii Adanse Tiaa Atoro Anyame No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Pɔw a Yehowa Abɔ Wɔ Amanaman no Ho
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 5/15 kr. 10-15

Yɛn Ani Gye Sɛ Yehowa Kyerɛ Yɛn Ne Kwan

“Onyankopɔn de, ne kwan yɛ pɛ, [Yehowa, “NW”] asɛm mu tew.”—2 SAMUEL 22:31.

1, 2. (a) Dɛn na adesamma nyinaa fi awosu mu hia? (b) Hena nhwɛso na ɛyɛ papa sɛ yebesuasua?

ADESAMMA nyinaa fi awosu mu hia akwankyerɛ. Nokwarem no, yehia mmoa na yɛde abɔ yɛn bra wɔ asetra mu. Ampa, Yehowa ama yɛn nyansa ne ahonim a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu papa ne bɔne. Nanso sɛ yɛn ahonim betumi akyerɛ yɛn kwan yiye a, ɛsɛ sɛ yɛtete no. (Hebrifo 5:14) Na sɛ yebesisi gyinae pa a, yɛn adwene hia nsɛm a ɛfata ne ntetee a yɛde besusuw saa nsɛm no ho. (Mmebusɛm 2:1-5) Ɛno mpo, esiane sɛ biribiara tumi si wɔ asetram nti, yentumi nnu yɛn gyinaesi ahorow ho sɛnea yɛpɛ no. (Ɔsɛnkafo 9:11) Wɔ yɛn fam no, yenni ɔkwan pa biara a yɛbɛfa so ahu nea ɛbɛba daakye.

2 Esiane eyinom ne nneɛma foforo nti, odiyifo Yeremia kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Yesu Kristo, onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no, tiee akwankyerɛ. Ɔkae sɛ: “Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na ɔba no nso yɛ.” (Yohane 5:19) Ɛnde, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebesuasua Yesu na yɛde yɛn ho ato Yehowa so ma waboa yɛn ma yɛatutu yɛn anammɔn! Ɔhene Dawid too dwom sɛ: “Onyankopɔn de, ne kwan yɛ pɛ, [Yehowa, NW] asɛm mu tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa.” (2 Samuel 22:31) Sɛ yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛnantew Yehowa kwan so sen sɛ yebedi yɛn ankasa nyansa akyi a, yebenya akwankyerɛ a ɛyɛ pɛ. Onyankopɔn kwan a yɛpo no kowie asiane mu.

Yehowa Kyerɛ Ɔkwan No

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛɛ Adam ne Hawa kwan, na anidaso bɛn na ɛma wonyae?

3 Susuw Adam ne Hawa asɛm no ho hwɛ. Ɛwom sɛ na wonni bɔne de, nanso na wohia akwankyerɛ. Yehowa annyaw Adam sɛ n’ankasa nsi biribiara ho gyinae wɔ Eden turo fɛfɛ no mu. Mmom no, Onyankopɔn maa no adwuma sɛ ɔnyɛ. Nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ Adam toto mmoa no din. Afei, Yehowa de botae ahorow a egye bere tenten sisii Adam ne Hawa ani so. Ná ɛsɛ sɛ wodi asase no so, wo mma hyɛ so, na wɔhwɛ asase so mmoa so. (Genesis 1:28) Ná eyi bɛyɛ adwuma kɛse, nanso na nea ebefi mu aba awiei koraa ne wiase nyinaa paradise a adesamma abusua a wɔyɛ pɛ na wɔne mmoa te asomdwoe mu ahyɛ so ma. Akwanhwɛ a na ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Bio nso, bere a na Adam ne Hawa de nokwaredi renantew Yehowa kwan so no, na wɔne no bedi nkitaho. (Fa toto Genesis 3:8 ho.) Hokwan a ɛyɛ anigye bɛn ara ni—sɛ́ wɔne Ɔbɔadeɛ no ankasa benya abusuabɔ daa!

4. Ɔkwan bɛn so na Adam ne Hawa annya ahotoso na wɔanni nokware, na ɔhaw bɛn na efii mu bae?

4 Yehowa hyɛɛ nnipa baanu a wodi kan no sɛ wonnni papa ne bɔne ho nimdeɛ dua a na ɛwɔ Eden no bi, na eyi maa wonyaa hokwan ntɛm ara sɛ wɔbɛyɛ setie—ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛnantew Yehowa kwan so. (Genesis 2:17) Nanso, ankyɛ na wɔsɔɔ wɔn setie no hwɛe. Bere a Satan bɛdaadaa Adam ne Hawa no, na anka ɛsɛ sɛ wodi Yehowa nokware, na wonya Ne bɔhyɛ ahorow mu ahotoso, sɛ na wɔbɛkɔ so ayɛ osetie a. Awerɛhosɛm ne sɛ wɔanni no nokware, na wɔannya ne mu ahotoso. Bere a Satan de ahofadi asetra sii Hawa anim, na ɔbɔɔ Yehowa sobo sɛ ɔyɛ ɔtorofo no, Hawa gye dii na ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Adam dii n’akyi kɔyɛɛ bɔne. (Genesis 3:1-6; 1 Timoteo 2:14) Ɛma wɔhweree ade kɛse. Ná anka Yehowa kwan so a wɔbɛnantew no bɛma wɔanya anigye daa bere a wɔkɔ so yɛ n’apɛde nkakrankakra no. Nanso, wɔn asetra bɛyɛɛ huammɔdi ne ɛyaw kosii sɛ owu faa wɔn.—Genesis 3:16-19; 5:1-5.

5. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw a ɛte hɔ daa, na ɔkwan bɛn so na ɔboa ne nkurɔfo anokwafo ma wohu ne mmamu?

5 Nanso, Yehowa ansesa n’atirimpɔw a ɛne sɛ da bi, asase bɛyɛ paradise fie ama nnipa a wɔyɛ pɛ a wonni bɔne no. (Dwom 37:11, 29) Na onnyaee da sɛ ɔde akwankyerɛ a edi mũ bɛma wɔn a wɔnantew ne kwan so na wɔwɔ anidaso sɛ wobehu saa bɔhyɛ no mmamu no. Wɔ yɛn a yɛwɔ asõ a ɛte asɛm fam no, yɛte Yehowa nne wɔ yɛn akyi sɛ: ‘Eyi ne kwan no. Monnantew so.’—Yesaia 30:21.

Ebinom Nantewee Yehowa Kwan So

6. Mmarima baanu bɛn na tete mmere mu no, wɔnantew Yehowa kwan so, na dɛn na efi mu bae?

6 Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no, Adam ne Hawa asefo kakraa bi pɛ na wɔnantew Yehowa kwan so. Eyinom mu nea odi kan ne Habel. Ɛwom sɛ owuu ɔpatuwu de, nanso owui a na ɔwɔ Yehowa anim dom, na enti ɔwɔ akwanhwɛ a edi mũ sɛ obenya ‘atreneefo wusɔre’ mu kyɛfa wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Awiei koraa no, obehu atirimpɔw kɛse a Yehowa wɔ ma asase ne adesamma no mmamu. (Hebrifo 11:4) Onipa foforo a ɔnantew Yehowa kwan so ne Henok a wɔakora ne nkɔmhyɛ a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi awiei koraa ho so wɔ Yuda nhoma no mu no. (Yuda 14, 15) Henok nso anni ne nna anwie. (Genesis 5:21-24) Nanso, “onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 11:5) Te sɛ Habel no, bere a ofii asase so no, na ɔwɔ akwanhwɛ a edi mũ sɛ wobenyan no, na ɔbɛka wɔn a wobehu sɛ Yehowa atirimpɔw renya mmamu no ho.

7. Ɔkwan bɛn so na Noa ne n’abusua dii Yehowa nokware na wonyaa ne mu ahotoso?

7 Bere a wiase a na edi Nsuyiri no anim de wɔn ho hyɛɛ bɔne mu kɔɔ akyiri no, osetie a na wɔbɛyɛ ama Yehowa no bɛyɛɛ nokwaredi ho sɔhwɛ kɛse. Ɛrekɔ saa wiase no awiei no, kuw ketewaa bi pɛ na wohuu wɔn sɛ wɔnam Yehowa kwan so. Noa ne n’abusua tiee Onyankopɔn, na wonyaa nea ɔkae mu ahotoso. Wɔde nokwaredi wiee nnwuma a wɔde sisii wɔn anim no, na wɔamfa wɔn ho anhyɛ nnebɔne a na ɛrekɔ so wɔ wiase saa bere no mu. (Genesis 6:5-7, 13-16; Hebrifo 11:7; 2 Petro 2:5) Yebetumi akyerɛ wɔn nokwaredi ne osetie mu a wofi nyaa awerɛhyem no ho anisɔ. Esiane ɛno nti, wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu, na wɔbɛyɛɛ yɛn nananom.—Genesis 6:22; 1 Petro 3:20.

8. Wɔ Israel man no fam no, na dɛn na Onyankopɔn kwan so a wɔbɛnantew no hwehwɛ?

8 Bere bi akyi no, Yehowa ne ɔnokwafo Yakob asefo yɛɛ apam, na wɔbɛyɛɛ ne man titiriw. (Exodus 19:5, 6) Yehowa nam Mmara a wɔakyerɛw, asɔfodi, ne nkɔmhyɛ pii so de akwankyerɛ maa ne nkurɔfo a na ɔne wɔn ayɛ apam no. Nanso na ɛsɛ sɛ Israelfo no ankasa fi wɔn pɛ mu kyerɛ sɛ wobedi saa akwankyerɛ no so. Yehowa maa ne diyifo ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Hwɛ, mede nhyira ne nnome meregu mo anim nnɛ: Sɛ mutie [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi a, nhyira—na sɛ moantie [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn mmara nsɛm na moman fi ɔkwan a merehyɛ mo nnɛ yi so kodi anyame foforo a munnim wɔn akyi a, nnome.”—Deuteronomium 11:26-28.

Nea Enti a Ebinom Gyaw Yehowa Kwan

9, 10. Tebea bɛn nti na na ɛho hia sɛ Israelfo no nya Yehowa mu ahotoso na wodi no nokware?

9 Te sɛ Adam ne Hawa no, sɛ na Israelfo no bɛkɔ so ayɛ osetie a, na ɛsɛ sɛ wonya Yehowa mu ahotoso na wodi no nokware. Ná Israel yɛ ɔman ketewa a aman atutupɛfo atwa wɔn ho ahyia. Ná Misraim ne Etiopia wɔ ne kesee fam atɔe. Ná Siria ne Asiria wɔ ne kusuu fam apuei. Ná wɔn a wɔbɛn wɔn pɛɛ ne Filistia, Amon, Moab, ne Edom. Wɔ bere ne bere mu no, eyinom nyinaa bɛdan Israel atamfo. Bio nso, wɔn nyinaa de wɔn ho hyɛɛ atoro som a na ahonisom, nsoromma mu hwɛ, ne ɛtɔ mmere bi a nna mu amanne ne mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre atirimɔden so ahyɛ no agyirae mu. Ná aman a atwa Israel ho ahyia no de wɔn ani to wɔn anyame so sɛ wɔbɛma wɔanya mmusua akɛse, nnɔbae pii, na wɔadi nkonim wɔ ɔko mu.

10 Ná Israel nkutoo na ɛsom Onyankopɔn biako, Yehowa. Ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛma wɔanya mmusua akɛse, nnɔbae pii, na wabɔ wɔn ho ban afi wɔn atamfo ho, sɛ wotie ne mmara a. (Deuteronomium 28:1-14) Awerɛhosɛm ne sɛ, Israelfo pii antie ne mmara. Wɔn a wɔnantew Yehowa kwan so no mu pii huu wɔn nokwaredi ho amane. Mfɛfo Israelfo yɛɛ ebinom ayayade, sii wɔn atwetwe, kaa wɔn mpire, de wɔn guu afiase, siw wɔn abo, kunkum wɔn. (Asomafo no Nnwuma 7:51, 52; Hebrifo 11:35-38) Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ sɔhwɛ maa anokwafo no! Nanso, dɛn nti na wɔn mu pii man fii Yehowa kwan ho? Israel abakɔsɛm mu nhwɛso abien boa yɛn ma yehu wɔn nsusuwii bɔne no.

Ahas Nhwɛso Bɔne

11, 12. (a) Bere a Siria hunahunaa Ahas no, dɛn na wanyɛ? (b) Mmeae abien bɛn na Ahas kɔhwehwɛɛ ahobammɔ?

11 Ahas dii kesee fam Yuda ahemman no so hene wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu. N’ahenni no anyɛ nea asomdwoe wom. Bere bi, Siria ne kusuu fam Israel ahemman no yɛɛ biako ko tiaa no, na “ne koma ne ne man koma wosowee.” (Yesaia 7:1, 2) Nanso, bere a Yehowa yɛe sɛ ɔbɛboa Ahas na ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnsɔ no nhwɛ no, Ahas annye antom koraa! (Yesaia 7:10-12) Ne saa nti, Yuda dii nkogu wɔ ɔko no mu, na wokunkum wɔn mu pii.—2 Beresosɛm 28:1-8.

12 Bere a Ahas ansɔ Yehowa anhwɛ no, anyɛ no fɛre sɛ ɔkɔhwehwɛɛ Asiria hene mmoa. Nanso, Yuda kɔɔ so huu amane wɔ aman a wɔatwa ne ho ahyia no nsam. Bere a Asiria nso ko tiaa Ahas na ‘ohiahiaa no ho’ no, ɔhene no ‘bɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wɔkaa no gui no, na ɔkae sɛ: Siria ahene no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔre na wɔaboa me.’—2 Beresosɛm 28:20, 23.

13. Dɛn na na Ahas kyerɛ bere a ɔdan kɔɔ Siria anyame nkyɛn no?

13 Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Israel sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’asõ ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yesaia 48:17, 18) Bere a Ahas kɔdan Asiria anyame no, na ɔrekyerɛ sɛnea watwe ne ho afi ‘ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so’ no ho koraa. Amanaman no nsusuwii daadaa no koraa, na ɔde n’ani too wɔn atoro nneɛma a ɛma wɔn ahobammɔ no so mmom sen sɛ ɔde bɛto Yehowa so.

14. Dɛn nti na na Ahas nni anoyi biara bere a ɔdan kɔɔ atoro anyame nkyɛn no?

14 Ná wofi bere tenten ada amanaman no anyame, a na Siriafo de ka ho, adi sɛ wɔyɛ “abosonhuhuw.” (Yesaia 2:8) Wɔ Ɔhene Dawid ahenni mu no, korɔn a na Yehowa korɔn sen Siria anyame no dii kan daa adi pefee bere a Siriafo bɛyɛɛ Dawid nkoa no. (1 Beresosɛm 18:5, 6) Yehowa, “anyame mu Nyankopɔn ne awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛse no, otumfoɔ a ne ho yɛ hu,” no nkutoo na obetumi de nokware ahobammɔ ama. (Deuteronomium 10:17) Nanso, Ahas poo Yehowa, na ɔde n’ani too amanaman no anyame so hwehwɛɛ ahobammɔ. Ɔhaw na ɛde brɛɛ Yuda.—2 Beresosɛm 28:24, 25.

Yudafo ne Yeremia Wɔ Misraim

15. Ɔkwan bɛn so na Yudafo a na wɔwɔ Misraim wɔ Yeremia bere so no yɛɛ bɔne?

15 Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo yɛɛ ne so asoɔden kɛse nti, wɔ 607 A.Y.B. mu no, ɔmaa Babilonfo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefie. Wɔde ɔman no mufo dodow no ara kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. Nanso, wogyaw wɔn mu bi wɔ akyi, na na wɔn mu biako ne odiyifo Yeremia. Bere a wokum Amrado Gedalia no, saa kuw yi guan kɔɔ Misraim, na wɔde Yeremia kaa wɔn ho kɔe. (2 Ahene 25:22-26; Yeremia 43:5-7) Ɛhɔ no, wofii ase bɔɔ atoro anyame afɔre. Yeremia ne Yudafo atuatewfo no susuw nsɛm ho yiye, nanso wɔsen wɔn kɔn. Wɔannan ankɔ Yehowa nkyɛn, na wɔkyerɛe sɛ wɔbɛkɔ so abɔ ɔhyew afɔre ama “ɔsoro hemmaa.” Dɛn ntia? Efisɛ eyi ne ade a wɔne wɔn nananom yɛe ‘Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn so bere a aduan meemee wɔn na wodii yiye na wɔanhu bɔne bi no.’ (Yeremia 44:16, 17) Yudafo no san kae sɛ: “Efi bere a yegyaee ɔsoro hemmaa no aduhuam hyew ne ahwiesa hwie no, ade nyinaa abɔ yɛn; ɛnna afoa ne ɔkɔm awie yɛn yɔ yi.”—Yeremia 44:18.

16. Dɛn nti na Yudafo a na wɔwɔ Misraim no dii mfomso koraa wɔ wɔn nsusuwii mu?

16 Hwɛ sɛnea yɛn adwene betumi akora nneɛma a yɛn ani gye ho so! Ná nokwasɛm no ne dɛn? Ná Yudafo no abɔ atoro anyame afɔre ankasa wɔ asase a Yehowa de maa wɔn no so. Ɛtɔ mmere bi a, na wohu amane esiane ɔwae nti, sɛnea na ɛte wɔ Ahas bere so no. Nanso, na Yehowa ‘bo dwo kyɛ’ ma ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no. (Exodus 34:6; Dwom 86:15) Ɔsomaa n’adiyifo kɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsakra. Ɛtɔ mmere bi na sɛ ɔhene no di nokware a, na Yehowa hyira no, na na nkurɔfo no nya saa nhyira no mu mfaso, ɛwom mpo sɛ na wɔn mu dodow no ara nni nokware de. (2 Beresosɛm 20:29-33; 27:1-6) Hwɛ sɛnea saa Yudafo a na wɔwɔ Misraim no dii mfomso sɛ wɔkae sɛ wɔn atoro anyame na wɔma wodii yiye wɔ wɔn asase so!

17. Dɛn nti na Yuda hweree n’asase ne n’asɔrefie?

17 Ansa na 607 A.Y.B. reba no, na Yehowa ahyɛ Yudafo nkuran sɛ: “Múntie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na mónnantew me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yiye.” (Yeremia 7:23) Yudafo no hweree wɔn asɔrefie ne wɔn asase nyinaa esiane sɛ wɔannantew ‘ɔkwan a Yehowa hyɛɛ wɔn nyinaa so’ nti. Momma yɛnhwɛ nhu sɛ yɛrenni saa mfomso a anibere wom no bi.

Yehowa Hyira Wɔn a Wɔnantew Ne Kwan So

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnantew Yehowa kwan so no yɛ?

18 Ɛnnɛ, te sɛ tete mmere mu no, Yehowa kwan so a yɛbɛnantew no hwehwɛ nokwaredi—yɛn bo a yebesi sɛ yɛbɛsom ne nkutoo. Ɛhwehwɛ ahotoso—gyidi a edi mũ a ɛne sɛ Yehowa bɔhyɛ yɛ nokware na ɛbɛbam. Yehowa kwan so a yɛbɛnantew no hwehwɛ osetie—ne mmara a yebedi akyi a yɛmman mfi ho ne ne gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a yebedi so. “[Yehowa, NW] yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ asɛntrenee.”—Dwom 11:7.

19. Anyame bɛn na nnipa pii som wɔn nnɛ, na dɛn na afi mu aba?

19 Ahas de ne ho too Siria anyame so hwehwɛɛ ahobammɔ. Israelfo a na wɔwɔ Misraim no susuwii sɛ “ɔsoro hemmaa,” onyamewa a na wɔsom no kɛse wɔ tete Mediterranea Supɔw so no, bɛma wɔadi yiye honam fam. Ɛnnɛ, anyame pii nyɛ ahoni ankasa. Yesu bɔɔ “ahonyade” a yɛbɛsom asen Yehowa no ho kɔkɔ. (Mateo 6:24) Ɔsomafo Paulo kaa “anibere a ɛyɛ abosonsom” ho asɛm. (Kolosefo 3:5) Ɔkaa wɔn a wɔn ‘nyame ne wɔn yafunu’ nso ho asɛm. (Filipifo 3:19) Yiw, sika ne honam fam nneɛma ka anyame titiriw a wɔsom wɔn nnɛ no ho. Nokwarem no, dodow no ara—a asɔrekɔfo pii ka ho—‘de wɔn ani to ahonyade a enni hɔ so.’ (1 Timoteo 6:17) Nnipa pii yɛ adwumaden de som saa anyame yi, na ebinom nya so mfaso—wɔtra afie pa mu, de nneɛma a ne bo yɛ den gye wɔn ani, na wodi nnuan a ahomeka wom. Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wodi yiye saa. Na bere bi akyi no, wɔn a wonya wɔn ho no hu sɛ, saa nneɛma yi mma abotɔyam. Wontumi mfa wɔn ho nto so, ɛyɛ bere tiaa mu ade, na enni honhom fam ahiade ho dwuma.—Mateo 5:3.

20. Dɛn ho na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kari pɛ?

20 Ampa, ɛsɛ sɛ yɛma nneɛma mu da hɔ bere a yɛte nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri mu no. Ɛsɛ sɛ yɛfa akwan a ɛfata so hwɛ yɛn mmusua wɔ honam fam. Nanso sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa si akɛsesɛm so, di sika, anaa nneɛma a ɛtete saa akyi sen sɛ yɛbɛsom Nyankopɔn a, na yɛregyae yɛn ho mu ama ahonisom ɔkwan bi so, na na yɛnnantew Yehowa kwan so bio. (1 Timoteo 6:9, 10) Na sɛ yehyia akwahosan ho haw, sikasɛm mu ahokyere ne ɔhaw afoforo nso ɛ? Mommma yɛnnyɛ sɛ Yudafo a na wɔwɔ Misraim no a wɔde wɔn haw ho asodi too Onyankopɔn so no. Mmom no, momma yɛnsɔ Yehowa nhwɛ, ade a Ahas anyɛ no. Fi nokwaredi mu dan kɔ Yehowa Nyankopɔn nkyɛn kɔhwehwɛ akwankyerɛ. Fi ahotoso mu fa n’akwankyerɛ di dwuma, na bɔ mpae srɛ ahoɔden ne nyansa a wode bedi tebea biara ho dwuma. Afei, fi ahotoso mu twɛn Yehowa nhyira.

21. Nhyira bɛn na wɔn a wɔnantew Yehowa kwan so no nya?

21 Wɔ Israel abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa hyiraa wɔn a wɔnantew ne kwan so no yiye. Ɔhene Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW], fa wo trenee kyerɛ me kwan, wɔn a wɔtɛw me nti.” (Dwom 5:8) Yehowa maa odii aman a na wɔatwa ne ho ahyia a akyiri yi wɔhaw Ahas no so nkonim wɔ akodi mu. Wɔ Salomo nniso mu no, Israel nyaa asomdwoe ne yiyedi a akyiri yi na Yudafo a wɔwɔ Misraim hwehwɛ no. Yehowa maa Ahas ba, Hesekia, dii Asiria a na wɔyɛ den no mpo so nkonim. (Yesaia 59:1) Yiw, na Yehowa nsa nyɛ tiaa wɔ n’anokwafo a wɔannyina “nnebɔneyɛfo kwan so,” na mmom Onyankopɔn mmara sɔɔ wɔn ani no so. (Dwom 1:1, 2) Ɛte saa ara nnɛ. Nanso ɛnnɛ, ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ ahu sɛ yɛnam Yehowa kwan so? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wokae?

◻ Sɛ yɛbɛnantew Yehowa kwan so a, su ahorow bɛn na ɛho hia?

◻ Dɛn nti na na Ahas nsusuwii nteɛ?

◻ Dɛn nti na na Yudafo a wɔwɔ Misraim no nsusuwii nteɛ?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛnantew Yehowa kwan so no mu den?

[Kratafa 13 mfonini]

Ahas de ne ho too Siria anyame so mmom sen Yehowa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena