Nkɔmhyɛ Ahorow a Edi Mũ a Wɔhwehwɛ
BERE a Makedonia hene a wɔbɛfrɛɛ no Alexander Ɔkɛseɛ bedii ade wɔ afe 336 A.Y.B. mu akyi bere tiaa bi pɛ na ɔkɔɔ Delphi abosomfie a ɛwɔ Greece mfinimfini fam no mu. Na ne botae titiriw a esi n’ani so ne sɛ obedi wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu fã kɛse no ara so daakye. Nanso ɔpɛe sɛ onya ɔsoro bɔhyɛ bi a ɛkyerɛ sɛ obedi nkonim wɔ dwumadi kɛse a esi n’ani so no mu. Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, da a ɔkɔɔ Delphi no, na hokwan nni hɔ sɛ obehu ɔkɔmfo no. Bere a Alexander pɛe sɛ onya mmuae ansa na wafi hɔ no, ɔhyɛɛ ɔkɔmfo no maa ɔhyɛɛ no nkɔm. Ɔde ahometew paee mu kae sɛ: “Oo, me ba, obiara ntumi nni wo so!” Ɔhene aberantewaa no buu no sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛfata—bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ obedi nkonim wɔ ɔsatu no mu.
Nanso, sɛ na Alexander ahwehwɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Daniel no mu a anka obetumi ahu nea ebefi ne satu no mu aba no yiye. Ɛkaa nkonim a obedi ahoɔhare so no ho asɛm siei pɛpɛɛpɛ. Atetesɛm kyerɛ sɛ, bere bi akyi no, Alexander nyaa hokwan huu nea na Daniel akyerɛw afa ne ho no. Sɛnea Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, bere a Makedonia hene no duu Yerusalem no, wɔde Daniel nkɔmhyɛ no kyerɛɛ no—ɛbɛyɛ saa nhoma no ti 8. (Daniel 8:5-8, 20, 21) Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, esiane eyi nti, Alexander asraafo a na wɔrekɔsɛe hɔ no ansɛe kurow no.
Ahiade Bi a Wonya Fi Awo Mu
Ɔhene anaa ɔpapahwekwaa, tete anaa nnɛyi—onipa ahu hia a daakye ho nkɔmhyɛ bi a ahotoso wom ho hia. Sɛ abɔde a wonim nyansa no, yɛn a yɛyɛ nnipa no sua abakɔsɛm, yenim nea ɛrekɔ so mprempren, na nea ɛbɛba daakye ho asɛm nso hia yɛn kɛse. Chinafo bu bɛ bi ma ɛfata sɛ: “Nea obetumi adi kan ahu nsɛm a ebesisi nnansa akyi no betumi ayɛ ɔdefo mfe mpempem pii.”
Wɔ mfe a abɛsen no mu no, nnipa ɔpepem pii abɔ mmɔden sɛ wobehu nsɛm a ebesi daakye denam onyame bi nkyɛn a wɔkɔ abisa so. Fa tete Helafo sɛ nhwɛso. Na wɔwɔ abosomfie kronkron ahorow, te sɛ Delphi, Delos, ne Dodona, a na wɔkɔ hɔ kɔhwehwɛ amammui anaa asraadi mu nkɔso, ne kokoam nsɛm te sɛ akwantu, aware, ne wɔn mma ho nsɛm, fi anyame no hɔ. Na ɛnyɛ ahemfo ne asraafo mpanyimfo nko na wɔkɔhwehwɛ akwankyerɛ fi ahonhom atrae hɔ denam abosonkɔm so, na mmom na mmusua ne aman mu nkurow nyinaa nso ka ho.
Sɛnea ɔbenfo bi kyerɛ no, seesei “ahyehyɛde ahorow a ɛhwehwɛ daakye ho nsɛm mu abu so.” Nanso, nnipa pii boapa bu wɔn ani gu nokware nkɔmhyɛ fibea koro a ɛwɔ hɔ—Bible—no so. Wɔpo adanse biara a ɛkyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ de nea wɔrehwehwɛ no ho nsɛm ma no koraa. Nhomanimfo bi ayɛ ade atra so de Bible nkɔmhyɛ atoto tete abonsonkɔm ho. Na nnɛyi akyinnyegyefo taa kasa tia Bible nkɔmhyɛ.
Yɛsrɛ sɛ wankasa hwehwɛ kyerɛwtohɔ no mu. Dɛn na Bible nkɔmhyɛ ne nnipa abosonkɔm ho ntotoho a edi mu ma ɛda adi? So wubetumi de wo ho ato Bible nkɔmhyɛ so asen tete abosonkɔm? Na so wubetumi afi ahotoso mu de w’asetra agyina Bible nkɔmhyɛ ahorow so?
[Kratafa 3 mfonini]
Bible kaa Alexander nkonimdi a ɛbaa ahoɔhare so no ho asɛm siei
[Asɛm Fibea]
Cortesía del Museo del Prado, Madrid, Spain
[Kratafa 4 mfonini]
Alexander Ɔkɛseɛ
[Asɛm Fibea]
Musei Capitolini, Roma
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
COVER: General Titus and Alexander the Great: Musei Capitolini, Roma