Atipɛnfo Nhyɛso—So Ɛso Betumi Aba Wo Mfaso?
Wɔde ɔpɛ titiriw a ɛne sɛ yɛpɛ sɛ yɛn atipɛnfo gye yɛn tom woo yɛn nyinaa. Obiara mpɛ sɛ wɔtan no anaa wɔpo no. Enti, yɛn atipɛnfo nya yɛn so nkɛntɛnso kodu baabi.
WƆKYERƐ tipɛnfo ase sɛ “obi a ɔne wo wɔ gyinabea koro; . . . obi a ɔne obi wɔ asetra koro, a ne titiriw no, egyina mfe, sukuu gyinabea, anaa dibea so.” Atipɛnfo nhyɛso nso yɛ nhyɛso a yɛn atipɛnfo de ba yɛn so, na ɛma yɛyɛ yɛn ade sɛnea wosusuw nneɛma ho anaa wɔyɛ wɔn ade, sɛ yɛhyɛ da anaa yɛnhyɛ da. Mpɛn pii na yebu atipɛnfo nhyɛso sɛ biribi a mfaso nni so. Nanso, sɛnea yebehu no, yebetumi ayɛ ma ɛso aba yɛn mfaso.
Enya Nkɛntɛnso Wɔ Nnipa a Wɔadi Mfe Ahorow Nyinaa So
Ɛnyɛ mmofra nko na wohyia atipɛnfo nhyɛso; enya nkɛntɛnso wɔ nnipa a wɔadi mfe ahorow nyinaa so. Ne nkɛntɛnso da adi bere a yehu sɛ yɛrebisa nsɛm te sɛ nea edidi so yi no: “Afoforo reyɛ, dɛn nti na mintumi nyɛ bi?” “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ soronko bere nyinaa?” “Dɛn na afoforo besusuw anaa wɔbɛka?” “Me nnamfo nyinaa reyɛ aware nhyehyɛe na wɔreware, nanso menyɛ bi. So biribi nkɔ yiye wɔ m’afam?”
Bere a nhyɛso a ɛne sɛ yɛnyɛ nea afoforo pɛ wɔ obiara so nkɛntɛnso no, emu tumi yɛ den yiye bere a obi redu ne mpanyin afe so no. The World Book Encyclopedia ka sɛ “mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so no de wɔn ho to wɔn atipɛnfo—kyerɛ sɛ, wɔn nnamfo ne amannifo a wɔpaw—so denneennen. Saa mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so yi hwehwɛ sɛ wɔn atipɛnfo ani bɛsɔ wɔn mmom sen wɔn awofo, na wobetumi asesa wɔn su ama wɔanya wɔn atipɛnfo anim dom.” Ɛde ka ho sɛ, mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so no “susuw sɛ sɛ wɔn atipɛnfo gye wɔn tom na wɔpɛ wɔn asɛm a, na wɔrenyin yiye.” Ne saa nti, “wodwen nneɛma a wosusuw sɛ ɛbɛma wɔagye wɔn atom, te sɛ ɔkwan a wɔfa so hyɛ wɔn ntade, tumi a wɔde di nneɛma anim, ne sɛnea nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn wɔ nhyehyɛe a ɔbarima ne ɔbea yɛ de pue mu ho.”
Ebia awarefo behu sɛ atipɛnfo nhyɛso—nea wogye tom wɔ baabi a wɔte, nea wɔn nnamfonom anaa abusuafo ani gye ho—renya gyinae a wobesi wɔ ofi ko a ɛsɛ sɛ wɔtɔ anaa wogye tua ho ka, kar ko a ɛsɛ sɛ wɔtɔ, sɛ́ wɔbɛwo anaa wɔrenwo, ɛne nsɛm afoforo pii mu ho no so nkɛntɛnso. Mmusua bi mpo yɛ ade kɔ akyiri araa ma wɔde wɔn ho hyɛ ɛka kɛse mu na ama wɔne wɔn afipamfo ne atipɛnfo ayɛ pɛ wɔ honam fam nneɛma mu. Yiw, mpɛn pii no, yɛn nsusuwii, ne yɛn gyinaesi ahorow kyerɛ anifere kwan so tumi a atipɛnfo nhyɛso wɔ. Esiane tumi a atipɛnfo nhyɛso wɔ nti, so yebetumi adi ho dwuma ma ɛso aba yɛn mfaso, na aboa yɛn wɔ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ mu? Nokwarem no, yebetumi!
Atipɛnfo Nkɛntɛnso Pa a Yɛde Bedi Dwuma Ɔkwampa So
Nnuruyɛfo ne akwahosan ho nnwumayɛfo afoforo nim mfaso a ɛwɔ so sɛ nkurɔfo a wokura adwempa ne nneɛma foforo a ɛwɔ nkɛntɛnso pa betwa wɔn ayarefo ho ahyia. Tebea a ɛte saa betumi ama ɔyarefo no ho atɔ no ntɛm. Sɛ nhwɛso no, mpɛn pii na nnipa a wɔatwa wɔn nsa anaa wɔn nan no nya mmoa denam nipaduam nsiesie ne nkate fam ayaresa a afoforo a wɔahyia ɔhaw a ɛte saa nhwɛso ne wɔn nkuranhyɛ ma wonya so. Ɛda adi pefee sɛ obi ho a ɔde bɛhyɛ tebea pa a ɛbɛma wɔanya anidaso ne nhwɛsofo a wɔfata no kyerɛ sɛ ɔde ne ho rehyɛ atipɛnfo nhyɛso pa mu.
Saa nnyinasosɛm yi nso te saa ara wɔ Kristofo asafo no mu, efisɛ atipɛnfo nkɛntɛnso pa yɛ ade biako nti a Yehowa ahyɛ ne nkurɔfo sɛ wonhyiam daa no. Onyankopɔn hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛntwetwe yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran.’ (Hebrifo 10:24, 25) Nkuranhyɛ a ɛte saa no som bo yiye esiane nkɛntɛnso bɔne a epira pii a ɛwɔ wiase nnɛ nti. Esiane saa nkɛntɛnso yi nti, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘yere wɔn ho yiye’ na ama wɔatumi ayɛ den wɔ honhom fam. (Luka 13:24) Enti, ɛsɛ sɛ yenya mfɛfo gyidifo mmoa a ɔdɔ wom na yɛkyerɛ ho anisɔ. Bio nso, ebia ɛsɛ sɛ ebinom gyina ‘ɔhonam mu nsɔe ahorow,’ te sɛ yare anaa nipaduam dɛmdi bi ano. (2 Korintofo 12:7) Ebia ebinom redi apere sɛ wobedi subammɔne anaa adwenemhaw bi so, anaasɛ ebia ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyina asetram nsɛnnennen ano. Enti, nyansa wom sɛ yɛne nnipa a wɔbɛn Yehowa Nyankopɔn na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛsom no bɛbɔ. Atipɛnfo a wɔte saa no bɛhyɛ yɛn den wɔ honhom fam na wɔaboa yɛn ma ‘yɛagyina mu akodu awiei.’—Mateo 24:13.
Enti sɛ yɛpaw atipɛnfo a wɔfata a, yebetumi adi nkɛntɛnso a wɔde ba yɛn so no so. Bio nso, honhom fam aduan a ɛfata ne akwankyerɛ a mfaso wɔ so a yenya wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no hyɛ nkuranhyɛ a yɛn nsa ka sɛ ankorankoro fi yɛn atipɛnfo hɔ no mu den.
Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow. Ebia mmoa kakraa bi na ebinom nya fi wɔn aware mu ahokafo hɔ anaasɛ wonnya bi koraa. Ebia afoforo nso wɔ mma a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma wɔsiesie wɔn ho, na kar ho nhyehyɛe nso betumi ayɛ asɛnnennen ama afoforo. Nanso susuw ho hwɛ: “Sɛ woamma saa akwanside ahorow yi ammu w’abam a, ɛnde wo nhwɛso no betumi ahyɛ afoforo a ebia wɔrehyia tebea a ɛte saa ara no nkuran. Ɔkwan foforo so no, ɛnyɛ nhwɛso pa nko na wo ne afoforo a wɔte sɛ wo yɛ, na mmom moda atipɛnfo nkɛntɛnso a ɛfata nso adi—na ɛno yɛ nea nhyɛso biara nnim.
Nokwarem no, ɔsomafo Paulo a n’ankasa hyiaa amanehunu ne akwanside pii no hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonsuasua ɔne Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw no nhwɛso pa. Ɔkae sɛ: “Anuanom, munsua me, na monhwɛ wɔn a wɔnam saa, sɛnea mowɔ yɛn sɛ nsusuwso no.” (Filipifo 3:17; 4:9) Tete Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no suasuaa Paulo nhwɛso pa. Paulo kyerɛw faa wɔn ho sɛ: “Mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafo de Honhom Kronkron mu anigye agye asɛm no ahohia pii mu, na ama moayɛ sɛnnahɔ ama wɔn a wogye di wɔ Makedonia ne Akaia nyinaa.” (1 Tesalonikafo 1:6, 7) Yɛn nneyɛe ne yɛn nhwɛso pa betumi anya wɔn a yɛne wɔn bɔ no so nkɛntɛnso saa ara.
Kwati Nkɛntɛnso Bɔne
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkwati atipɛnfo nhyɛso bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛko tia ‘wɔn a wɔnantew honam fam’ no nkɛntɛnso. (Romafo 8:4, 5; 1 Yohane 2:15-17) Anyɛ saa a, atipɛnfo nhyɛso a epira bɛma yɛadan afi Yehowa ne n’afotu a nyansa wom ho. Mmebusɛm 13:20, NW, ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo bɔ no bɛdan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no behu amane.” So wunim obi a ansi no yiye esiane atipɛnfo nhyɛso a ɛmfata nti? Sɛ nhwɛso no, Kristofo binom de wɔn ho ahyɛ honam fam adedodowpɛ, ɔbrasɛe, anaa nnubɔne nom ne asabow mu esiane wɔn atipɛnfo nkɛntɛnso nti.
Wɔ Kristofo asafo no mu mpo no, sɛ yɛpaw wɔn a wɔyɛ mmerɛw wɔ honhom fam sɛ yɛn nnamfo a, yebetumi aba atipɛnfo nhyɛso bɔne ase. (1 Korintofo 15:33; 2 Tesalonikafo 3:14) Saafo no ntaa mmɔ honhom fam nneɛma ho nkɔmmɔ; ebi mpo a wobedi wɔn a wɔbɔ nkɔmmɔ a ɛtete saa no ho fɛw. Sɛ yɛpaw eyinom sɛ yɛn nnamfo a, atipɛnfo nhyɛso betumi apiapia yɛn akɔ tebea a ɛte saa mu, na ɛnkyɛ na yɛahu sɛ yɛreda wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe adi. Yebetumi afi ase anya wɔn a wɔn gyidi di mũ na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya honhom fam nkɔso no ho adwene a ɛmfata mpo.—1 Timoteo 4:15.
Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛne wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ Yehowa ani, na wɔn ani gye honhom fam nneɛma ho no bɛfa nnamfo! Nnamfo a wɔte saa no bɛboa yɛn ma yɛada “nyansa a efi soro” adi. “Nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, . . . ɛnyɛ nyaatwom.” (Yakobo 3:17) Eyi nkyerɛ sɛ honhom fam nneɛma nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔn a wodwen honhom fam nneɛma ho no bɔ ho nkɔmmɔ. Ɛnte saa! Wo de susuw nsɛmti ahorow a ɛyɛ anigye a wosusuw ho wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow te sɛ Nyan! nsɛmma nhoma mu no ho hwɛ. Nokwarem no, nsɛmti a ɛfata pii na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho nkɔmmɔ, na sɛ yɛkyerɛ nsɛmti a ɛte saa ho anigye pii a, na yɛrekyerɛ ɔdɔ ama nkwa ne Yehowa nsa ano adwuma.
Sɛnea obi a ɔbɔ tɛnis hu bɔ yiye bere a ɔne obi a onim bɔ paa bɔ no, saa ara na nnamfo pa ma yenya nkɔso wɔ adwene, nkate, ne honhom fam. Ɔkwan foforo so no, nnamfo bɔne betumi ama yɛayɛ nyaatwom wɔ nneɛma mu denam nkuran a wɔbɛhyɛ yɛn ma yɛafa asetra akwan abien so so. Hwɛ ye a eye sɛ yebenya ahonim pa ne obu ama yɛn ho!
Ebinom a Wonyaa Mfaso
Nnipa pii hu sɛ Bible nkyerɛkyerɛ ne n’abrabɔ ne honhom fam ahwehwɛde a wobesua no nyɛ den koraa. Nanso, nea ebetumi ayɛ den ne saa nneɛma yi a wɔde bedi dwuma no. Sɛnea nhwɛso a edi so yi kyerɛ no, atipɛnfo nkɛntɛnso pa betumi aboa yɛn ma yɛafi koma nyinaa mu asom Yehowa.
Ɔdansefo bi a ɔne ne yere nyinaa wɔ bere nyinaa som adwuma mu no kae sɛ n’atipɛnfo nhwɛso na ɛmaa onyaa saa asetram botae no. Bere a na ɔrenyin no, na ɛsɛ sɛ ogyina nkɛntɛnso bɔne ano. Nanso wɔn a na wɔhyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ asɛnka ne Kristofo nhyiam ahorow daa no na ɔpaw wɔn nnamfo. Saa nnamfo yi a ɔpaw wɔn no na ɛboaa no ma onyinii wɔ honhom mu.
Ɔdansefo foforo kyerɛwee sɛ: “Bere a mewaree no, me ne me yere tu kɔɔ asafo bi a awarefo a wɔne yɛn bɔ tipɛn yɛ daa akwampaefo wom mu. Wɔn nhwɛso na ɛboaa yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Afei yɛn nso yɛbɔɔ mmɔden maa nkurɔfo nyaa akwampae honhom wɔ asafo no mu. Ne saa nti, nnipa pii bɛkaa yɛn ho sɛ akwampaefo.”
Wɔn a wɔwɔ teokrase botae ahorow a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw no betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ osetie ama Yehowa. Eyi nso yɛ atipɛnfo nkɛntɛnso pa a mfaso wɔ so. Ɔdansefo bi a ofii bere nyinaa som adwuma ase sɛ aberantewaa na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔhwɛfo kwantufo no som wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadi ahorow no mu biako mu seesei. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me mmofrabere mu nneɛma a edi kan a ɛyɛ anigye sen biara a mekae no ne bere nyinaa asomfo a na wɔbɛsra yɛn wɔ yɛn fie no. Bere nyinaa na wogya agua biako si hɔ kwa wɔ yɛn adidipon ho ma ɔhɔho. Ɔmansin sohwɛfo bi maa me asɛnka bag bere a na madi mfe du no. M’ani gye saa bag no ho de besi nnɛ.”
Bere a Ɔdansefo yi reka ne mpanyin mfe so ho asɛm no, ɔde ka ho sɛ: “Ná mmerantewaa pii wɔ asafo no mu a na wɔn ani gye ho sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ asafo no nnwuma ahorow mu, na wɔn nhwɛso no hyɛɛ yɛn mu bi nkuran ma yenyaa ɔpɛ a ɛte saa ara.” Te sɛ duaba a enyin bɛyɛ dua a ɛyɛ fɛ no, atipɛnfo a wɔfata boaa saa abofra yi ma onyin bɛyɛɛ Kristoni barima. Awofo, so moto nsa frɛ wɔn a wobetumi anya mo mma so nkɛntɛnso pa ba mo fie?—Malaki 3:16.
Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn nyinaa na yebetumi anya bere nyinaa som adwuma no mu kyɛfa te sɛ ankorankoro a yɛaka wɔn ho asɛm mprempren no. Nanso yɛn nyinaa betumi asua sɛ ‘yɛde yɛn koma nyinaa, yɛn kra nyinaa, ne yɛn adwene nyinaa’ bɛdɔ Yehowa. (Mateo 22:37) Atipɛnfo a yɛpaw no di dwuma titiriw na yɛanya saa ɔdɔ no, na yɛnam saayɛ so anya daa nkwa ho anidaso.
Odwontofo no de ɔkwan tiawa a etu mpɔn a yɛbɛfa so ma asi yɛn yiye wɔ asetram ho nyansahyɛ mae sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntra fɛwdifo trabea, na mmom [Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara [ho] awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.”—Dwom 1:1-3.
Bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Ɛmfa ho sɛ yɛnyɛ pɛ na yedi mfomso mpo no, yɛn asetra besi yɛn yiye bere a yɛma Yehowa kyerɛ yɛn kwan, na yefi yɛn pɛ mu de atipɛnfo nkɛntɛnso pa a Onyankopɔn de ama—‘yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa fekuw’—no di dwuma no.—1 Petro 5:9.
[Kratafa 24 mfonini]
Asafo no ma yenya atipɛnfo nkɛntɛnso pa
[Kratafa 25 mfonini]
Awofo, monhyɛ mo mma nkuran mma wɔne atipɛnfo a wɔyɛ nhwɛso pa mmɔ