Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 9/15 kr. 4-7
  • Obi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho Ankasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho Ankasa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne Ohia ne Nhyɛso Yi?
  • Ɔhaw a Nnipa Ntumi Nyɛ Ho Hwee
  • “Wopɛ Nyɛ Asase So”
  • Ohia Awiei Abɛn
    Nyan!—1998
  • So Obi Betumi Ayɛ Wiase Yiye Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Suasua Yesu Na Hu Ahiafo Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wɔhyɛ Wɔn So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 9/15 kr. 4-7

Obi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho Ankasa

NNIPA mpempem pii wɔ hɔ a wɔda no adi sɛ wodwen afoforo ho ankasa. Wonkura atirimɔden ne pɛsɛmenkominya adwene a nkurɔfo kura a ɛne sɛ afoforo asɛm mfa wɔn ho no bi. Mmom no, wɔyɛ nea wobetumi nyinaa—ɛtɔ mmere bi a, wɔde wɔn ankasa nkwa mpo to asiane mu—de tew afoforo amanehunu so. Eyi yɛ adwumaden, adwuma a tumi a ɛkyɛn wɔn ma ne yɛ yɛ den.

Obi a ɔyɛ adwuma wɔ asoɛe a ɛyɛ nkurɔfo mmoa no ka sɛ, nneɛma te sɛ adifudepɛ, amammuisɛm mu nsisi, akodi, ne asiane ahorow betumi asɛe “nimdeɛ ne mmɔden a ɛsen biara a wosi wɔn bo bɔ sɛ wobeyi ɔkɔm afi hɔ no” mpo. Ɔkɔm a wobeyi afi hɔ yɛ ɔhaw pii a nnipa a wodwen afoforo ho hyia no mu biako pɛ. Wɔko tia nneɛma te sɛ yare, ohia, atɛnkyea, ne amanehunu pii a ɔko de ba no nso. Na so wɔredi nkonim?

Adwumakuw bi a ɛyɛ nkurɔfo mmoa panyin kae sɛ wɔn a wɔwɔ “nimdeɛ na wosi wɔn bo bɔ mmɔden” sɛ wɔbɛbrɛ ɔkɔm ne yaw ase no te sɛ Samariani mmɔborohunufo a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Yesu Kristo mfatoho mu no. (Luka 10:29-37) Nanso ɔkae sɛ, ɛmfa ho nea wɔyɛ biara no, nnipa a wohu amane no dodow kɔ ara na ɛrekɔ soro. Enti obisae sɛ: “Dɛn na ɛsɛ sɛ Samariani yamyefo no yɛ bere a ɔfa ɔkwan koro no ara so mfe pii na dapɛn biara ohu sɛ adwowtwafo ahwe obi da kwankyɛn no?”

Ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ nea wɔaka ho asɛm sɛ ‘ɔdɔeyɛfo brɛ a edi awu’ no benya wo, ma w’abam abu na woagyae. Nanso wɔn a wodwen afoforo ho ankasa no mpa abaw, na eyi ma wonya din pa. (Galatifo 6:9, 10) Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Jewish Telegraph a ɛwɔ Britain no kamfoo Yehowa Adansefo a “wɔboaa Yudafo mpempem pii ma wogyinaa Auschwitz ahohia ano” wɔ Nasi Germany no. Ɔkyerɛwfo no kae sɛ: “Sɛ aduan ho yɛ den a, na wɔne yɛn nuanom mmarima ne mmea [Yudafo] no kyɛ nea wɔwɔ no!” Adansefo no kɔɔ so de nneɛma a wɔwɔ no yɛɛ nea wobetumi.

Nanso, nokwasɛm no ne sɛ aduan dodow biara nni hɔ a wɔne afoforo bɛkyɛ a ɛde nnipa amanehunu bɛba awiei. Eyi nkyerɛ ɔkwan biara so sɛ yɛnkyerɛ anisɔ wɔ nea nnipa a wɔwɔ mmɔborohunu ayɛ no ho. Adeyɛ biara a ɛbrɛ amanehunu ase ɔkwampa so no yɛ nea mfaso wɔ so. Saa Adansefo no brɛɛ ɛyaw a wɔn mfɛfo nneduafo dii no ase ɔkwan bi so, na awiei koraa no, Nasi nniso no baa awiei. Nanso, wiase nhyehyɛe a ɛma wɔhyɛ nkurɔfo so no da so wɔ hɔ, na nnipa a wonnwen afoforo ho abu so. Nokwarem no, “nnipa bi wɔ hɔ a wɔn sẽ yɛ nkrante, na wɔn nyepi yɛ asekan a wɔde we abrɛfo fi asase so, ne ahiafo fi nnipa mu.” (Mmebusɛm 30:14) Ɛda adi sɛ, ɛyɛ wo nwonwa sɛ eyi te saa.

Dɛn ne Ohia ne Nhyɛso Yi?

Yesu Kristo kae bere bi sɛ: “Mowɔ ahiafo mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, mutumi yɛ wɔn yiye.” (Marko 14:7) So na Yesu kyerɛ sɛ ohia ne nhyɛso remma awiei da? Te sɛ nea nnipa bi susuw no, so ogye dii sɛ amanehunu a ɛte saa yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a ɛbɛma wɔn a wɔwɔ ayamhyehye no anya hokwan de akyerɛ sɛnea wodwen afoforo ho? Dabi! Na Yesu nni saa gyidi no. Ná nea ɔrekyerɛ ara ne sɛ ohia bɛkɔ so ayɛ nnipa asetra fã bere tenten a saa nneɛma nhyehyɛe yi wɔ hɔ no. Na Yesu nim eyi nso: Ná ɛnyɛ ne soro Agya no mfitiase atirimpɔw sɛ tebea a ɛte saa bɛba asase so.

Yehowa Nyankopɔn bɔɔ asase sɛ ɛbɛyɛ paradise, ɛnyɛ beae a ohia, atɛnkyea, ne nhyɛso ahyɛ hɔ ma. Ɔkyerɛɛ sɛnea odwen adesamma abusua no ho denam nsiesiei a ɛyɛ anigye a ɛbɛma asetra ayɛ ahomeka kɛse a ɔyɛe so. Wiɛ, susuw edin a na ɛda turo a na yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, te mu no so ho hwɛ! Ná wɔfrɛ no Eden, a nea ɛkyerɛ ne “Anigye.” (Genesis 2:8, 9) Yehowa anhyɛ sɛ nnipa bɛba asetra bɔne bi a ɛbɛma wɔadi hia na wɔahyɛ wɔn so mu. Bere a Yehowa wiee adebɔ no, ɔhwɛɛ nea wayɛ nyinaa na ɔkae sɛ “eye papa.”—Genesis 1:31.

Ɛnde, dɛn nti na ohia, nhyɛso, ne nneɛma foforo a ɛde amanehunu ba no abu so wɔ wiase nyinaa nnɛ saa? Esiane sɛ yɛn awofo a wodi kan no tew atua tiaa Onyankopɔn nti na mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi wɔ hɔ. (Genesis 3:1-5) Eyi maa asɛm bi sɔree sɛ ebia ɛfata sɛ Onyankopɔn bɛhwehwɛ osetie afi n’abɔde hɔ anaa. Enti Yehowa maa Adam asefo bere bi a wɔn ankasa de bedi wɔn ho so. Nanso na Onyankopɔn da so ara dwen nea ɛtoo adesamma abusua no ho. Ɔyɛɛ nsiesiei a ɔde beyi ɔhaw a atua a wɔtew tiaa no no de aba nyinaa afi hɔ. Na ɛrenkyɛ koraa, Yehowa beyi ohia ne nhyɛso—nokwarem no, amanehunu nyinaa—afi hɔ.—Efesofo 1:8-10.

Ɔhaw a Nnipa Ntumi Nyɛ Ho Hwee

Efi bere a wɔbɔɔ nnipa mfehaha pii ni no, adesamma akɔ so atwe wɔn ho afi Yehowa gyinapɛn ahorow ho koraa. (Deuteronomium 32:4, 5) Esiane sɛ nnipa kɔ so po Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm nti, wɔne wɔn ho wɔn ho adi ako, na ‘onipa adi ne yɔnko nipa so ma adan no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nneɛma a wɔn ankasa pɛ na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Onyankopɔn tumidi ase no pɛsɛmenkominya atwitware mmɔden biara a nnipa abɔ sɛ wobenya tebea a atɛntrenee te mu, a biribiara mma nnipa nhu amane pii, no ananmu.

Ɔhaw foforo wɔ hɔ—ɔhaw a nnipa pii bebu no sɛ ɛyɛ gyidihunu ne nkwaseasɛm. Onii a ɔyɛ ma wɔtew Onyankopɔn so atua no da so ara piapia nkurɔfo ma wɔyɛ bɔne, yɛ pɛsɛmenkominya. Ɔne Satan Ɔbonsam, na Yesu Kristo frɛɛ no “wi yi ase sodifo.” (Yohane 12:31; 14:30; 2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19) Wɔ anisoadehu a ɔsomafo Yohane nyae mu no, wɔda Satan adi sɛ onipa titiriw a ɔde ɔhaw nyinaa aba—obi a n’adwuma titiriw ne sɛ ‘ɔbɛdaadaa amanaman nyinaa.’—Adiyisɛm 12:9-12.

Ɛmfa ho sɛnea nnipa bi dwen wɔn mfɛfo nnipa ho no, wɔrentumi nyi Satan Ɔbonsam mfi hɔ, anaasɛ wɔrentumi nsesa nhyehyɛe a ɛma nnipa pii hu amane yi da. Ɛnde, dɛn na ehia na ama wɔadi adesamma haw ahorow ho dwuma? Ɛnyɛ ano aduru ne sɛ wobenya obi a odwen wɔn ho kɛkɛ. Nea wohia ne obi a ɔwɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde beyi Satan ne n’ahyehyɛde a akyea no nyinaa afi hɔ.

“Wopɛ Nyɛ Asase So”

Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi. Ɔwɔ ɔpɛ ne tumi a ehia ma ɔde ayɛ saa no. (Dwom 147:5, 6; Yesaia 40:25-31) Wɔ Bible mu nkɔmhyɛ nhoma a ɛne Daniel mu no, wɔka siei sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni ahorow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa”—yiw, daapem. (Daniel 2:44) Ná ɔsoro nniso a ɛbɛda ayamye adi na atra hɔ daa yi wɔ Yesu Kristo adwenem bere a ɔkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no.—Mateo 6:9, 10.

Yehowa bebua saa mpaebɔ no efisɛ odwen adesamma abusua no ho ankasa. Sɛnea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 72 kyerɛ no, Onyankopɔn bɛma ne Ba, Yesu Kristo, tumi ma ɔde ahotɔ a ɛtra hɔ daa abrɛ ahiafo, amanehunufo, ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so a wɔtaa Yesu nniso akyi no. Enti, odwontofo a honhom kaa no no too dwom sɛ: ‘Onyankopɔn Mesia Hene no bedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa, na wabubu nhyɛsofo mu pasapasa. Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.’—Dwom 72:4, 12-14.

Wɔ yɛn mmere yi ho anisoadehu bi mu no, ɔsomafo Yohane huu “ɔsoro foforo ne asase foforo,” nneɛma nhyehyɛe foforo koraa a Onyankopɔn de besi hɔ. Hwɛ nhyira ara a ɛbɛyɛ ama adesamma a wɔrehu amane no! Bere a Yohane reka nea Yehowa bɛyɛ ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:1-5.

Yiw, yebetumi agye nsɛm yi adi, efisɛ ɛwom na ɛyɛ nokware. Ɛrenkyɛ Yehowa bɛyɛ ade de ayi ohia, ɔkɔm, nhyɛso, yare, ne atɛnkyea biara afi hɔ. Sɛnea nsɛmma nhoma yi ada no adi fi Kyerɛwnsɛm no mu bere nyinaa no, adanse pii na ɛkyerɛ sɛ yɛte bere a saa bɔhyɛ ahorow yi benya mmamu mu. Wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no abɛn! (2 Petro 3:13) Ɛrenkyɛ, Yehowa ‘bɛmene owu akosi daa,’ na ‘ɔbɛpopa . . . aniwam nusu nyinaa.’—Yesaia 25:8.

Enkosi saa bere no, yɛn ani betumi agye sɛ mprempren mpo, nnipa bi wɔ hɔ a wodwen afoforo ho ankasa. Nea ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye kɛse ne sɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa dwen yɛn ho ankasa. Ɛrenkyɛ obeyi nhyɛso ne amanehunu nyinaa afi hɔ.

Wubetumi anya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu ahotoso koraa. Nokwarem no, ne somfo Yosua yɛɛ saa. Ɔde ahotoso kɛse ka kyerɛɛ Onyankopɔn tete nkurɔfo sɛ: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.” (Yosua 23:14) Enti, bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe no da so wɔ hɔ no, mma sɔhwɛ ahorow a wubehyia no mmmu w’abam. Fa wo dadwen nyinaa to Yehowa so, efisɛ odwen yɛn ho ankasa.—1 Petro 5:7.

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ mu no, asase bɛde ne ho afi ohia, nhyɛso, yare, ne atɛnkyea ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena