Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 10/15 kr. 28-31
  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Wɔyɛɛ Nkyerɛase Foforo?
  • Afã Horow a Ɛda Nsow No
  • Onyankopɔn Din a Wɔsan De Hyɛ Nea Ɛhyɛ
  • Wɔn a Wontumi Nkenkan Engiresi Nsa Ka Bi
  • Nnipa Ɔpepem Pii Akyerɛ New World Translation Ho Anigye Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • “New World Translation” No​—Ɛda Nhomanim ne Nokwaredi Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛase a Emu Da Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase A Eye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 10/15 kr. 28-31

Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho

Wɔ 1998 mu no, wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho nyinaa duu botae titiriw bi ho. Saa afe no mu na wotintim “New World Translation of the Holy Scriptures” no nea ɛto so ɔpepem 100. Enti abɛyɛ Bible nkyerɛase a wɔakyekyɛ sen biara wɔ afeha yi mu no mu biako!

SƐ YESUSUW sɛnea nkurɔfo kasa tiaa saa nkyerɛase yi kɛse bere a woyii no adi no ho a, na nkɔanim yi yɛ nwonwa yiye. Nanso, ɛnyɛ gyina nko na agyina, na mmom anya nkɔanim, ma adu afie ɔpepem pii—ne koma pii—mu wɔ wiase nyinaa! Nkyerɛase a ɛda nsow yi fi he? Henanom na wɔyɛe? Na sɛ wode di dwuma a, wobɛyɛ dɛn anya so mfaso?

Dɛn Nti na Wɔyɛɛ Nkyerɛase Foforo?

Bɛboro mfirihyia ɔha ni na Ɔwɛn Aban Asafo no, Yehowa Adansefo mmara kwan so ahyehyɛde no, akyekyɛ Bible. Nanso, dɛn na ɛmaa Yehowa Adansefo yɛɛ Onyankopɔn Asɛm no nkyerɛase foforo? Sakae Kubo ne Walter Specht nhoma, So Many Versions? no ka sɛ: “Bible nkyerɛase biara nni hɔ a yebetumi aka sɛ ɛno na etwa to. Ɛsɛ sɛ nkyerɛase no ne Bible ho nimdeɛ ne kasa mu nsakrae bɔ anan.”

Nkurɔfo ate Hebri, Hela, ne Aram kasa—kasa horow a wodii kan de kyerɛw Bible no ase yiye. Afei nso, wɔahu Bible nsaano nkyerɛwee a akyɛ na edi mũ sen nea na Bible asekyerɛfo de di dwuma bere bi a atwam no. Ne saa nti, wobetumi akyerɛ Onyankopɔn Asɛm ase yiye sen bere biara a abɛsen kɔ! Enti ntease wom sɛ wɔhyehyɛɛ Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Boayikuw no ma wɔkyerɛɛ Bible no ase baa ɛnnɛyi kasa horow mu.

Wotintim Engiresi kasa mu New World Translation of the Christian Greek Scriptures no wɔ afe 1950 mu. Ná edin a ɛda so no ankasa kyerɛ akokoduru a wɔde apo Bible no a wɔayɛ no apam “Dedaw” ne “Foforo” no. Mfirihyia du a edii hɔ no, wotintim Hebri Kyerɛwnsɛm no afã bi nkakrankakra. Afe 1961 mu na woyii Engiresi Bible mũ no nyinaa adi wɔ po biako mu.

Henanom ankasa na wɔkyerɛɛ saa Bible a ɛda nsow yi ase? September 15, 1950 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Nnipa a wɔka bom yɛ nkyerɛase boayikuw no ada wɔn nkate adi . . . sɛ wɔmpɛ sɛ wɔda wɔn ho adi, na wɔka no pefee sɛ, wɔmpɛ sɛ wotintim wɔn din bere a wɔte ase anaa wɔawu. Nea enti a wɔyɛɛ nkyerɛase no ne sɛ wɔbɛma nokware Nyankopɔn teasefo no din so.” Akasatiafo bi kae sɛ ɛsɛ sɛ wobu nkyerɛase no sɛ nnipa a wonni nimdeɛ nkyerɛase ankasa, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔdaa adwene a ntease nnim saa adi. Alan S. Duthie kyerɛwee sɛ: “Sɛ yehu wɔn a wɔyɛɛ Bible nkyerɛase bi anaa wotintimii a, so ɛno boa yɛn ma yetumi ka sɛ nkyerɛase no ye anaa enye? Ɛnte saa ankasa. Biribi foforo biara nni hɔ a wobetumi agyina so ayɛ nkyerɛase biara mu nhwehwɛmu asen nkyerɛase no ankasa.”a

Afã Horow a Ɛda Nsow No

Akenkanfo ɔpepem pii ayɛ saa, na wɔahu sɛ New World Translation no akenkan yɛ mmerɛw na wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ nso. Nsɛm asekyerɛfo no hwɛɛ Hebri, Aram, ne Hela mfitiase kasa no mu na ɛkyerɛɛ ase, na wɔde nkyerɛwee a eye sen biara a na ɛwɔ hɔ no na edii dwuma.b Wɔde ahwɛyiye kɛse nso kyerɛɛ tete nkyerɛwee no ase sɛnea ɛte pɛpɛɛpɛ wɔ ɔkwan a wobetumi akan ate ase ntɛm so. Sɛnea ɛfata no, nhomanimfo bi kamfoo nkyerɛase yi wɔ sɛnea edi mũ na ɛyɛ nokware no ho. Sɛ nhwɛso no, Andover Newton Quarterly a ɛbae January 1963 no kae sɛ: “Apam Foforo no nkyerɛase no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nhomanimfo a wɔfata wɔ ahyehyɛde no mu a wobetumi adi Bible nkyerɛase ho nsɛnnennen pii ho dwuma nyansam.”

Nsɛm asekyerɛfo no maa Bible mu ntease foforo daa adi. Bible mu nsɛm bi a kan no na wɔnte ase yiye mu bɛdaa hɔ fann. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛɛ kyerɛwsɛm bi a ɛkyere adwene a ɛwɔ Mateo 5:3 a ɛne, “nhyira ne honhom mu ahiafo” no ase wɔ ɔkwan bi so a ntease wom sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.” New World Translation no kyerɛ nsɛm atitiriw ase pɛ, na ehyia nso. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛɛ Hela asɛmfua psy·kheʹ ase “ɔkra” wɔ beae biara a epue no. Ne saa nti, akenkanfo tumi hu no ntɛm ara sɛ nea ɛne nyamesomfo nkyerɛkyerɛ bɔ abira no, ɔkra nyɛ ade a enwu!—Mateo 2:20; Marko 3:4; Luka 6:9; 17:33.

Onyankopɔn Din a Wɔsan De Hyɛ Nea Ɛhyɛ

Ade biako a ɛyɛ anigye wɔ New World Translation ho ne Onyankopɔn din Yehowa a wɔasan de ahyɛ nea ɛhyɛ no. Wɔde anom nkyerɛwde anan a wobetumi akyerɛ ase ankasa sɛ YHWH anaa JHVH na egyina hɔ ma Onyankopɔn din no wɔ tete Hebri Bible mu. Saa din soronko yi pue bɛyɛ 7,000 wɔ nea wɔfrɛ no Apam Dedaw no mu nkutoo. (Exodus 3:15; Dwom 83:18) Ɛda adi sɛ, yɛn Bɔfo no pɛe sɛ n’asomfo hu ne din na wɔde di dwuma!

Nanso, osuro a egyina gyidihunu so maa Yudafo no gyaee Onyankopɔn din bɔ. Yesu asomafo no wu akyi no, wɔn a wɔhwɛɛ Hela Kyerɛwnsɛm so kyerɛw bi guu hɔ no fii ase de Hela nsɛmfua Kyʹri·os (Awurade) anaa The·osʹ (Onyankopɔn) sii Onyankopɔn din ankasa ananmu. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛyi nsɛm asekyerɛfo atoa atetesɛm a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam yi so ayi Onyankopɔn din afi Bible dodow no ara mu, na wɔama ayɛ sɛ nea Onyankopɔn nni din mpo. Sɛ nhwɛso no, Yesu nsɛm yi: “Mayi wo din adi makyerɛ,” a ɛwɔ Yohane 17:6 no. Today’s English Version, ka no sɛ: “Mama wɔahu wo.”

Nhomanimfo bi gyina Onyankopɔn din a wɔayi afi Bible mu no akyi ka sɛ nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ wonnim sɛnea na wɔbɔ din no pɛpɛɛpɛ. Nanso, wɔbɔ edin ahorow a ɛte saa a ɛwɔ Bible mu te sɛ Yeremia, Yesaia, ne Yesu bere nyinaa wɔ akwan bi so a ɛne sɛnea na wɔbɔ wɔ tete Hebri kasa mu no nsɛ pii. Esiane sɛ edin Yehowa yɛ ɔkwan a ɛfata a wɔfa so bɔ Onyankopɔn din—na ɛno ne nea nnipa pii nim—nti, ntease nnim sɛ wɔkasa tia dwuma a wɔde di no.

Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Boayikuw no yɛɛ ade akokoduru so de edin Yehowa no dii dwuma wɔ Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu. Wonyaa eyi ho nhwɛso fii tete asɛmpatrɛwfo nkyerɛase a wɔyɛ maa Amerika Mfinimfini famfo, Pacific Kesee famfo, ne Apuei famfo no mu. Nanso, ɛnyɛ nhomasua nkutoo nti na wɔde Onyankopɔn din no di dwuma saa. Onyankopɔn din a wubehu ho hia na woahu no yiye ankasa. (Exodus 34:6, 7) New World Translation ahyɛ akenkanfo ɔpepem pii nkuran ma wɔde ne din no di dwuma!

Wɔn a Wontumi Nkenkan Engiresi Nsa Ka Bi

Afe 1963 ne 1989 ntam no, wonyaa New World Translation mũ no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa foforo du mu. Nanso, na nkyerɛase no ho adwuma yɛ den, ma enti nkyerɛase no bi dii bɛboro mfirihyia 20 anaa nea ɛboro saa. Afei, wɔ afe 1989 mu no, wɔhyehyɛɛ Kasa Nkyerɛase Dwumadibea wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ. Wɔ Sodikuw no Akyerɛw Boayikuw akwankyerɛ ase no, saa dwumadibea yi yɛe sɛ wɔbɛma Bible nkyerɛase no akɔ so ntɛmntɛm. Wɔhyehyɛɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so ayɛ nkyerɛase no denam Bible mu nsɛmfua a wobesua de kɔmputa ho nimdeɛ aka ho so. Ɔkwan bɛn so na saa nhyehyɛe yi yɛ adwuma?

Sɛ Akyerɛw Boayikuw no nya pene so sɛ wɔnkyerɛ Bible ase nkɔ kasa foforo bi mu a, wɔpaw Kristofo a wɔahyira wɔn ho so bi ma wodi dwuma sɛ nsɛm asekyerɛ kuw. Akuw no tumi yɛ nkyerɛase a ɛfata sen nea ankorankoro bi nkutoo betumi ayɛ. (Fa toto Mmebusɛm 11:14 ho.) Sɛnea ɛte no, akuw no muni biara anya osuahu wɔ Asafo ti no nhoma nkyerɛase mu. Afei kuw no nya ntetee foforo koraa wɔ Bible asekyerɛ ho mmara ne kɔmputa dwumadi bi a wɔahyɛ da ahyehyɛ mu. Ɛnyɛ kɔmputa na ɛyɛ nkyerɛase no ankasa, na mmom etumi ma kuw no nya nsɛm bi a ɛho hia, na ɛboa wɔn ma wotumi yɛ wɔn gyinaesi ahorow ho kyerɛwtohɔ.

Bible asekyerɛ no ho adwuma wɔ afã abien. Ɔfã a edi kan no mu no, wɔma nsɛm asekyerɛfo no Engiresi nsɛmfua ne nsɛm bi a ɛwɔ New World Translation no mu. Wɔboaboa Engiresi nsɛmfua a ɛwɔ abusuabɔ te sɛ “atone,” (pata) “atonement,” (mpata) ne “propitiation,” (mpatade) ano wɔ faako, na ama nsɛm asekyerɛfo no anya ɛho ntease bi. Wɔhyehyɛ nea ɛkyerɛ no wɔ kasa a wɔbɛkyerɛ ase akɔ mu no mu. Nanso, ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ den ama nsɛm asekyerɛni bi sɛ ɔbɛkyerɛ nkyekyem bi ase. Kɔmputa so nhyehyɛe a wɔde yɛ nhwehwɛmu no ma nsɛm asekyerɛfo no nya Hela ne Hebri nsɛmfua ho nsɛm bi, na ɛma wotumi kɔ Ɔwɛn Aban Asafo nhoma ahorow mu.

Sɛ dwumadi no du ɔfã a ɛto so abien no so a, kɔmputa no ankasa de ɔman no mu kasa a wɔapaw no bɛhyehyɛ Bible no nkyekyem ahorow mu. Eyi ma nkyerɛase no yɛ pɛpɛɛpɛ na ehyia. Nanso, wontumi nkenkan nkyerɛase a wɔde kɔmputa “ahwehwɛ nsɛmfua ahyehyɛ” no. Gye sɛ wɔyɛ ho adwuma pii hwɛ mu na wɔsan kyerɛ Bible no mu nkyekyem ahorow bi ase foforo ansa na ne kan akɔ yɔɔ.

Ada adi sɛ saa nhyehyɛe a wɔnam so yɛ nkyerɛase no tu mpɔn yiye. Kuw bi tumi kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa ase wɔ mfe abien pɛ mu. Fa eyi toto kuw bi a wɔyɛɛ kasa bi a ɛbɛn wɔn de no a wɔamfa kɔmputa anni dwuma no ho hwɛ. Egyee wɔn mfirihyia 16. Ɛde besi saa bere yi, efi afe 1989 mu no, wɔatintim Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no wɔ kasa foforo 18 mu. Mprempren New World Translation no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa horow 34 mu. Enti anyɛ yiye koraa no, Yehowa Adansefo bɛboro ɔha biara mu 80 na wɔwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no wɔ wɔn kurom kasa mu.

Bible Nkabom Akuw bɔ amanneɛ sɛ, wɔ kasa horow 6,500 a wɔka wɔ wiase mu no, Bible no fã bi wɔ emu 2,212 pɛ mu.c Enti, nsɛm asekyerɛfo bɛyɛ 100 na wogu so rekyerɛ New World Translation Hebri kasa mu de no ase akɔ kasa horow 11 mu, ne Hela kasa mu de no ase akɔ kasa horow 8 mu. Onyankopɔn pɛ ne sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Timoteo 2:4) Akyinnye biara nni ho sɛ New World Translation no bɛkɔ so adi dwuma titiriw wɔ eyi mu.

Enti yedi ahurusi sɛ saa nkyerɛase yi dodow aboro mmiako mmiako ɔpepem 100 botae no, na yɛbɔ mpae sɛ wobetintim ɔpepem pii foforo daakye. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ w’ankasa wobɛhwehwɛ mu. W’ani begye afã titiriw no ho: nkyerɛwde a ani da hɔ, nsɛmti a ɛwɔ kratafa biara, nsɛm a wɔahyehyɛ a ebetumi aboa wo ma woahu nkyekyem ahorow a edi nsɛ, asase mfonini a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu, ne nkekaho a ɛyɛ anigye. Nea ehia titiriw no, wubetumi akenkan saa Bible yi a wowɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn anom nsɛm pɛpɛɛpɛ na worekenkan wɔ wo kasa mu no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nea ɛyɛ anigye no, wɔakyerɛw wɔ New American Standard Bible, 1971 de no a ɛwɔ Afã a Wɔde Yɛ Nhwehwɛmu no nnuraho ho sɛ: “Yɛmmɔɔ nhomanimfo bi din mfa nkaa asɛm na yɛnkamfoo obiara efisɛ yegye di sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm ankasa tumi di ne ho adanse sɛ nea ɛka no yɛ nokware.”

b Wogyinaa The New Testament in the Original Greek, a Westcott ne Hort yɛe no so titiriw na ɛyɛɛ Hela nkyerɛase no. R. Kittel Biblia Hebraica no so titiriw na wogyina kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase.

c Esiane sɛ nnipa pii ka kasa abien nti, yegye di sɛ wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa a ɛdɔɔso yiye a asase so nnipa bɛboro ɔha biara mu 90 betumi akenkan mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

“Apam Foforo no nkyerɛase no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nhomanimfo a wɔfata wɔ ahyehyɛde no mu a wobetumi adi Bible nkyerɛase ho nsɛnnennen pii ho dwuma nyansam.”—ANDOVER NEWTON QUARTERLY, JANUARY 1963

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

“Ɛsɛ sɛ nkyerɛase no ne Bible ho nimdeɛ ne kasa mu nsakrae bɔ anan”

[Kratafa 31 adaka/mfonini]

NHOMANIMFO KAMFO NEW WORLD TRANSLATION NO

ƐDEFA New World Translation of the Christian Greek Scriptures ho no, Edgar J. Goodspeed, a ɔkyerɛɛ Hela “Apam Foforo” no ase wɔ An American Translation no mu no kyerɛw wɔ krataa bi a ɔkyerɛw no December 8, 1950 mu sɛ: “M’ani gye mo nkurɔfo no asɛmpatrɛw adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa, ne mo nkyerɛase a emu da hɔ fann no ho. Metumi adi adanse sɛ, ɛda adi sɛ wɔn a wɔyɛe no yɛ nkurɔfo a wɔasua ade kɔ akyiri.”

Hebri ne Hela kasa ho ɔbenfo, Alexander Thomson, kyerɛwee sɛ: “Ɛda adi sɛ nhomanimfo a wɔn ho akokwaw na wɔaben, na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ntease ankasa a ɛwɔ Hela nkyerɛwee no mu ada adi sɛnea wobetumi de Engiresi kasa ada no adi, na wɔyɛɛ nkyerɛase no.”—The Differentiator, April 1952, nkratafa 52-7.

Ɔbenfo Benjamin Kedar, a onim Hebri kasa no yiye a ɔwɔ Israel no, kae wɔ afe 1989 mu sɛ: “Wɔ kasa ho nhwehwɛmu a meyɛ wɔ Hebri Bible ne nkyerɛase ahorow ho mu no, metaa kɔhwɛ nea wɔfrɛ no New World Translation no Engiresi kasa mu de no mu. Saayɛ mu no, minya awerɛhyem bere nyinaa sɛ saa nkyerɛase yi yɛ mmɔden a wofi nokwaredi mu bɔe sɛ wɔbɛma yɛanya kyerɛwsɛm no mu ntease a ɛyɛ nokware sen biara.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena