Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde
Ntoboa a Wofi Ɔpɛ Mu Yi De Trɛw Nokware Som Mu
ISRAELFO huu Yehowa tumi a ɔde gye nkwa no. Wohui sɛ Po Kɔkɔɔ no mu nsu mu repae anwonwakwan so, na ɛma wɔfaa asase kesee so guan fii Misraim asraafo anim. Wɔ nsu no agya hɔ no, wogyinaa akyirikyiri baabi hwɛe bere a nsu koro no ara bɛkataa wɔn a na wɔretaa wɔn no so no. Yehowa koraa wɔn nkwa so!—Exodus 14:21-31.
Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, Israelfo binom buu nea wɔn Nyankopɔn yɛ maa wɔn no adewa. Bere a na Mose wɔ Bepɔw Sinai so no, wɔde wɔn sika agude maa Aaron na wɔhyɛe sɛ ɔnyɛ ohoni mma wɔnsom no. Bere a Mose san bae no, ohuu nnipakuw a wɔatew atua yi sɛ wɔredidi, wɔrenom, wɔresaw, na wɔrekotow sika nantwi ba no! Yehowa hyɛ maa wokum nnipa 3,000—ɛbɛyɛ sɛ wɔn na wɔhyɛɛ atuatew no ho nkuran. Saa da no, Onyankopɔn nkurɔfo suaa ade titiriw bi faa hia a ɛho hia sɛ wɔde ɔsom a edi mu ma Yehowa no ho.—Exodus 32:1-6, 19-29.
Wɔ asɛm yi akyi bere tiaa bi no, Mose siesiee ne ho sɛ obedi Onyankopɔn ahyɛde a ɔde maa no sɛ onsi ntamadan, ahyiae ntamadan a wotumi tutu no so. Na saa adansi adwuma yi behia nneɛma a ne bo yɛ den ne adwumayɛfo a wɔwɔ nimdeɛ. Ɛhe na eyinom befi? Na dɛn na yebetumi asua afi saa Bible kyerɛwtohɔ yi mu?
Honam Fam Nneɛma ne Nimdeɛ a Wɔde Boa
Yehowa nam Mose so hyɛɛ Israelfo no sɛ: “Munyi somã afɔrebɔde wɔ mo mu mmrɛ [Yehowa, NW]; obiara a ne koma ka no mfa somã afɔrebɔde mmrɛ [Yehowa, NW].” Ntoboa bɛn saa? Nneɛma a Mose bobɔɔ din no bi ne sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, asaawa, ntama, mmoa nhoma, nnua, ne aboɔden abo.—Exodus 35:5-9.
Na Israelfo no wɔ nneɛma pii a wobetumi afi ayamye mu ayi bi ama. Kae sɛ, bere a wofii Misraim no, wɔfaa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne ntade pii kɔe. Ampa, ‘wɔfow Misrifo no.’a (Exodus 12:35, 36) Na Israelfo no afi wɔn pɛ mu ayiyi wɔn agude de ayɛ ohoni ama atoro som dedaw. So afei wobefi wɔn pɛ mu saa ara ayi ntoboa de ama nokware som atrɛw?
Hyɛ no nsow sɛ Mose antwa bo pɔtee bi a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara de ma, na wanhyɛ wɔn aniwu nso na akanyan wɔn ma wɔayi. Mmom no, ɔsrɛɛ “obiara a ne koma ka no.” Ɛda adi sɛ Mose tee nka sɛ enhia sɛ ɔhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Onyaa ahotoso sɛ wɔn mu biara bɛma nea obetumi.—Fa toto 2 Korintofo 8:10-12 ho.
Nanso, na adansi adwuma no behia pii asen nneɛma a wɔde bɛma. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no nso sɛ: “Na mo mu koma mu anyansafo nyinaa mmra mmɛyɛ ade a [Yehowa, NW] ahyɛ nyinaa.” Yiw, na saa adansi adwuma yi hia adwumayɛfo a wɔwɔ nimdeɛ. Ampa, na “wɔn a wodi adwini biara”—a duadwumfo, nnade adwumfo, ne sikadwumfo ka ho—ho behia ansa na wɔawie adwuma yi. Nokwarem, na Yehowa bɛkyerɛ adwumayɛfo no kwan ma wɔde wɔn dom akyɛde ayɛ adwuma, na sɛ wowie adwuma no a, na ɛho nkamfo bɛkɔ ne hɔ.—Exodus 35:10, 30-35; 36:1, 2.
Israelfo de nsi gyee nsa a wɔto frɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ahode ne wɔn nimdeɛ mmra no so. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde [Yehowa, NW] somã afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ne ɛho som nneɛma nyinaa ne ntade kronkron no. Na mmarima ne mmea nyinaa, dodow a wɔn koma pɛ nyinaa bae.”—Exodus 35:21, 22.
Asuade Ma Yɛn
Ɛnnɛ wɔnam ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi so na wɔyɛ adwuma a ɛso a ɛne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Ɛtaa yɛ sika. Wɔ akwan foforo so no, Kristofo anuanom mmarima ne mmea de wɔn suahu pii boa ma wosisi Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ne baa dwumadibea ahorow. Afei adwuma a wɔyɛ wɔ Betel afie bɛboro ɔha mu wɔ wiase nyinaa, adwuma a egye nimdeɛ ahorow pii no nso wɔ hɔ. Wɔn a wɔn koma pɛ a wɔde wɔn ho ama saa yi no nyinaa betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa werɛ remfi wɔn adwumaden no!—Hebrifo 6:10.
Saa nso na kyɛfa a yɛn mu biara nya wɔ Kristofo som adwuma no mu no te. Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛntɔ bere na ama yɛde nsi anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. (Mateo 24:14; Efesofo 5:15-17) Ebinom yɛ eyi sɛ bere nyinaa asɛmpakafo, anaa akwampaefo. Esiane nsɛm tebea bi nti, afoforo ntumi mfa bere pii nyɛ ɔsom adwuma no sɛ akwampaefo. Nanso, wɔn nso sɔ Yehowa ani. Te sɛ ntamadan no ho ntoboa no, Yehowa ntwa bo pɔtee a ɛsɛ sɛ obiara de ma. Nea ɔhwehwɛ ara ne sɛ, yɛn mu biara befi koma, ɔkra, adwene, ne ahoɔden nyinaa mu asom no. (Marko 12:30) Sɛ yɛreyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ obetua yɛn ka sɛ yefi yɛn pɛ mu yi ntoboa de trɛw nokware som mu.—Hebrifo 11:6.
[Ase hɔ asɛm]
a Na eyi nyɛ korɔnbɔ. Israelfo no bisaa ntoboa fii Misrifo no hɔ, na wofii wɔn pɛ mu de maa wɔn. Ɛno da nkyɛn a, esiane sɛ na Misrifo no nni hokwan sɛ wɔde Israelfo no yɛ nkoa nea edi kan nti, na ɛsɛ sɛ wotua adwumaden a Onyankopɔn nkurɔfo yɛɛ mfe pii no ka.