Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 11/15 kr. 28-31
  • Dɛn na Wubetumi Ayɛ Wɔ Abasamtu Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Wubetumi Ayɛ Wɔ Abasamtu Ho?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Asɛmpaka Adwuma no Ho Abasamtu
  • Nneɛma Pa a Efi Mu Ba
  • Adwempa a Wubenya
  • Abasamtu ne Abusuabɔ
  • Nkate Horow a Ebu Abam
  • Ano Aduru Abien a Eye Sen Biara
  • Abasamtu a Wodi So
  • W’abam Bu a Dɛn Na Wobɛyɛ De Agyina Ano?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Monhyɛ Mo Ho Mo Ho Nkuran Bere A Ɛda No Rebɛn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Ne Abasamtu Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yɛabrɛ Nanso Yɛmpaa Abaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 11/15 kr. 28-31

Dɛn na Wubetumi Ayɛ Wɔ Abasamtu Ho?

ƆKWAN bɛn so na obi betumi adi abasamtu so? Eyi ne asɛmmisa a wɔto maa ahwɛfo akwantufo pii a wɔsrasra Yehowa Adansefo asafo horow no. Wɔn mmuae no betumi aboa yɛn ma yɛasusuw nea ɛde abasamtu ba ne tebea yi ano aduru a ebetumi aboa Kristoni biara ho.

Sɛ yebetumi adi abasamtu so a, pii ho hia sen susuw a yebesusuw ho ara kwa, nanso ebia nea ɛma ɛba no bi betumi ayɛ anigye a obi nni sɛ ɔbɛbɔ mpae anaa obesua ade, toto a ɔtoto nhyiam kɔ mu, anigye a onni, ne mpo tew a obi tew ne ho fi mfɛfo Kristofo ho. Nanso, nneɛma titiriw a ɛma eyi da adi ne asɛmpaka honhom a ano brɛ ase. Momma yɛnhwehwɛ nea ɛde ba no mu na yensusuw ano aduru ahorow no bi ho.

Yɛn Asɛmpaka Adwuma no Ho Abasamtu

Ná Yesu Kristo nim akwanside ahorow a ɛbata ahyɛde a ɛne sɛ yɛnyɛ asuafo no ho. (Mateo 28:19, 20) Ɔsomaa n’asuafo no sɛ ‘nguan kɔɔ mpataku mfinimfini’ a na onim sɛ wɔn asɛmpaka adwuma no de ɔtaa bɛbrɛ wɔn. (Mateo 10:16-23) Nanso, na ɛnsɛ sɛ wogyina ɛno so ma wɔn abam bu. Nokwarem no, ɔtaa tumi hyɛ Onyankopɔn asomfo a wofi mpaebɔ mu de wɔn ho to Yehowa so no den.—Asomafo no Nnwuma 4:29-31; 5:41, 42.

Ɛwom sɛ na Kristo asuafo no nhyia ɔtaa a emu yɛ den de, nanso na ɛnyɛ bere nyinaa na wogye wɔn fɛw so. (Mateo 10:11-15) Saa ara na ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no nna fam bere nyinaa.a Wɔ nnipa pii fam no, wobu gyidi a wobenya wɔ Onyankopɔn mu no sɛ ankorankoro asɛm a wɔmpɛ sɛ wɔne obi susuw ho. Afoforo nso mpɛ sɛ wɔne nyamesom ahyehyɛde a wonni wɔn ho adwempa biara no ani hyia koraa. Akyinnye biara nni ho sɛ, anibiannaso, huammɔdi, anaa ɔhaw ahorow betumi de abasamtu aba. Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi saa akwanside ahorow yi so?

Nneɛma Pa a Efi Mu Ba

Anigye a yenya fi yɛn som adwuma no mu no fa nneɛma a efi mu ba no ho. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yɛn som adwuma no betumi asow aba kɛse? Wiɛ, yɛyɛ “nnipa yifo.” (Marko 1:16-18) Ná tete Israel apofofo no kɔ po anadwo bere a wobetumi ayi mpataa pii. Ehia sɛ yɛn nso yɛhwehwɛ yɛn asasesin mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛbɛkɔ mpataayi’ bere a nnipa dodow no ara wɔ fie na wobetie yɛn yiye no. Eyi betumi ayɛ anwummere, dapɛn awiei, anaa bere foforo biara. Sɛnea ɔhwɛfo kwantufo biako kyerɛ no, eyi tumi yɛ yiye paa wɔ mmeae a nkurɔfo yɛ adwuma da mũ nyinaa no. Ɔka sɛ anwummere adansedi taa sow aba kɛse. Bɔnnɔ so anaa telefon so adansedi nso tumi boa ma wodu nnipa pii nkyɛn.

Sɛ yemia yɛn ani wɔ ɔsom adwuma no mu a, ɛsow aba pa. Wɔ Europa Apuei fam ne Africa aman binom so no, Ahenni asɛmpaka adwuma no renya nkɔso yiye, na eyi de nkɔanim a ɛyɛ anigye aba. Saa ara nso na wɔahyehyɛ asafo ahorow pii wɔ mmeae a bere bi na wobu no sɛ ɛnsow aba anaa asasesin a na wɔtaa yɛ mu adwuma no mu. Nanso, sɛ wo de no nsow aba a ɛte saa nso ɛ?

Adwempa a Wubenya

Sɛ yɛma botae a Yesu de sii n’ani so no tra yɛn adwenem a ɛbɛboa yɛn ma sɛ yehyia anibiannaso wɔ asɛnka mu a, yɛn abam ammu. Na Kristo pɛ sɛ n’asuafo no hwehwɛ wɔn a wɔsɛ, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛsakra nnipa pii abom. Ɔkyerɛe mpɛn pii sɛ nnipa dodow no ara rennye asɛmpa no sɛnea Israelfo pii antie tete adiyifo no.—Hesekiel 9:4; Mateo 10:11-15; Marko 4:14-20.

Ankorankoro a ‘honhom mu nneɛma ho hia wɔn’ no de aseda gye “ahenni ho asɛmpa” no. (Mateo 5:3; 24:14) Wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɔkyerɛ so. Ne saa nti, nea efi yɛn adwuma no mu ba no gyina nnipa no komam tebea so sen mmɔden a yɛbɔ wɔ sɛnea yɛda yɛn nsɛm adi no so. Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ma afoforo kyerɛ asɛmpa no ho anigye. Nanso, nea ebefi mu aba no gyina Onyankopɔn so, efisɛ Yesu kae sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.”—Yohane 6:44.

Yɛn asɛmpaka adwuma no ma wohu Yehowa din no. Sɛ́ nnipa tie anaasɛ wontie no, yɛn asɛmpaka adwuma no tew Yehowa din kronkron no ho. Bio nso, ɛdefa yɛn asɛnka adwuma no ho no, yɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Kristo asuafo, na ɛma yenya hokwan de yɛn ho hyɛ adwuma a ehia sen biara a wɔreyɛ no yɛn bere yi mu no bi mu.—Mateo 6:9; Yohane 15:8.

Abasamtu ne Abusuabɔ

Nnipa ntam abusuabɔ, sɛ ɛwɔ abusua no mu anaa asafo no mu no betumi de abasamtu aba. Sɛ nhwɛso no, ebia yɛbɛte nka sɛ afoforo nte yɛn ase. Mfɛfo gyidifo sintɔ ahorow betumi abu yɛn aba mu. Ɛha nso, Kyerɛwnsɛm no betumi ayɛ yɛn mmoa kɛse.

‘Anuanom fekuw’ a ɛwɔ wiase nyinaa no ka yɛn bom sɛ honhom mu abusua kɛse. (1 Petro 2:17) Nanso sɛ yehyia nsɛnnennen esiane sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho ani nhyia a, ebetumi abrɛ te a yɛte nka sɛ yɛka nnipa a wɔayɛ biako no ho ase. Ɛda adi sɛ, afeha a edi kan Kristofo no hyiaa ɔhaw ahorow yi bi efisɛ ɔsomafo Paulo kaee wɔn mpɛn pii sɛ wɔmfa biakoyɛ ntra ase. Sɛ nhwɛso no, otuu Kristofo mmea baanu—Euodia ne Sintike—fo sɛ wonsiesie wɔn ntam.—1 Korintofo 1:10; Efesofo 4:1-3; Filipifo 4:2, 3.

Sɛ saa na ɛte a, ɔkwan bɛn so na yebetumi asan ahyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom mmarima ne mmea no mu den? Denam kae a yɛbɛkae yɛn ho sɛ Kristo wu maa wɔn na wɔne yɛn nyinaa akyerɛ ogye afɔre no mu gyidi no so. Yebetumi akae nso sɛ yɛn nuanom pii wɔ ɔpɛ sɛ wobesuasua Yesu Kristo denam wɔn ho a wɔde bɛbɔ afɔre ama yɛn no so.

Mfe bi a atwam ni wɔ Paris, France no, Ɔdansefo aberantewaa bi antwentwɛn ne nan ase koraa sɛ ɔbɛfa akwantu adaka bi a ɔtopae wom a na wɔde asi Ahenni Asa no akyi. Otuu mmirika sianee atrapoe pii ansa na ɔretow ato asubura bi mu ama ato wɔ hɔ. Bere a wobisaa no nea enti a ɔde ne nkwa too asiane a ɛte saa mu no, ɔkaa sɛ: “Mihui sɛ anka ebetumi akum yɛn nyinaa. Enti misusuwii sɛ eye sɛ me nkutoo mewu sen sɛ yɛn nyinaa bewuwu.”b Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛwɔ ayɔnkofo a wɔpɛ sɛ wodi Yesu nhwɛso akyi pɛɛ!

Bio nso, yebetumi asusuw biakoyɛ a na ɛda Yehowa Adansefo ntam wɔ nneduaban mu bere a na Wiase Ko IIc rekɔ so no ho. Nnansa yi ara, yɛn nuanom a wɔwɔ Malawi kuraa wɔn mudi mu sɛ Kristofo anokwafo. So nim a yenim sɛ yɛn nuanom a yɛne wɔn wɔ asafo mu no bɛyɛ nea ɛte saa ara wɔ tebea a emu yɛ den mu no nka yɛn mma yemmu yɛn ani ngu da biara da wontwiwontwi ne ɔhaw ahorow so? Sɛ yenya Kristo adwene a, yɛne yɛn mfɛfo asomfo ntam abusuabɔ bɛma yɛn ani agye sen sɛ ebebu yɛn abam.

Nkate Horow a Ebu Abam

“Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare, na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua.” (Mmebusɛm 13:12) Wɔ Yehowa asomfo binom ani so no, ɛte sɛ nea nneɛma nhyehyɛe yi awiei remma ntɛm no. Kristofo hu bere a yɛte mu mprempren yi sɛ ‘nna a emu yɛ den’ sɛnea wɔn a wonnye nni pii hu no no.—2 Timoteo 3:1-5.

Nea ɛne wɔn a wonnye nni de bɔ abira no, ɛsɛ sɛ Kristofo di ahurusi sɛ tebea a emu yɛ den yi ma wohu Yesu ba a waba ho “sɛnkyerɛnne” a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni de nhyehyɛe bɔne yi bɛba n’awiei. (Mateo 24:3-14) Sɛ tebea no mu yɛ den—sɛnea akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no—a saa nsɛm yi bɛma yɛn ani agye efisɛ ɛbɛbɔ kwan ama Onyankopɔn wiase foforo no.—Mateo 24:21; 2 Petro 3:13.

Sɛ Kristoni tu gye a Ahenni no de ne ho begye nsɛm mu no hyɛ da wɔ nnɛ bere yi mu a, ɛbɛma ɔde bere pii adi honam fam nneɛma akyi. Sɛ ɔma nneɛma te sɛ honam fam adwuma ne anigyede gye ne bere ne n’ahoɔden nyinaa a, ɛbɛyɛ den ama no sɛ obetumi adi ne Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow ho dwuma yiye. (Mateo 6:24, 33, 34) Su a ɛte saa betumi ama obi ayɛ basaa na ɛde abasamtu aba. Ɔhwɛfo kwantufo bi kae sɛ: “Ɛrenyɛ yiye sɛ obi bɛbɔ mmɔden sɛ obenya wiase foforo no mu asetra wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu.”

Ano Aduru Abien a Eye Sen Biara

Sɛ yɛahu ɔyare no a, ɔkwan bɛn so na ankorankoro betumi anya aduru a edi mũ? Kokoam adesua ne ɔkwan a eye sen biara no mu biako. Dɛn ntia? Ɔhwɛfo kwantufo bi kae sɛ: “Ɛma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛyɛ no.” Ɔfoforo nso kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ yɛfa asɛnka adwuma no sɛ asɛyɛde ara kwa a, bere kɔ so no, ɛbɛyɛ den.” Nanso kokoam adesua pa boa yɛn ma yenya yɛn asɛyɛde no ho adwene a ɛfata bere a yɛrebɛn awiei no. Saa ara nso na Kyerɛwnsɛm no kɔ so kae yɛn hia a ehia sɛ yedidi yiye wɔ honhom fam na ama yɛanya Onyankopɔn apɛdeyɛ mu anigye ankasa.—Dwom 1:1-3; 19:7-10; 119:1, 2.

Mpanyimfo betumi aboa afoforo ma wɔadi abasamtu so denam ahwɛfo nsrahwɛ a ɛhyɛ nkuran a wɔbɛyɛ so. Wɔ kokoam nsrahwɛ a ɛte saa yi mu no, mpanyimfo no betumi akyerɛ sɛ yɛn mu biara ho hia paa, na yɛwɔ gyinabea titiriw wɔ Yehowa nkurɔfo mu. (1 Korintofo 12:20-26) Bere a ɔpanyin bi reka mfɛfo Kristofo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ wɔsom bo no, mekae wɔn nea wɔatumi ayɛ wɔ bere bi a atwam no. Mekyerɛ wɔn sɛ wɔsom bo wɔ Yehowa ani so, ne sɛ wɔde ne Ba no mogya mae maa wɔn. Bere nyinaa wɔkyerɛ nsusuwii yi ho anigye paa. Sɛ wɔde Bible mu nsɛm taa akyi a, wɔn a wɔn abam abu no tumi de botae foforo te sɛ abusua adesua ne mpaebɔ, ne Bible akenkan sisi wɔn ani so.”—Hebrifo 6:10.

Wɔ nsrahwɛ mu no, ehia sɛ mpanyimfo hwɛ yiye na amma anyɛ sɛ ɛyɛ den sɛ obi betumi asɔ Onyankopɔn ani. Mmom no, mpanyimfo betumi aboa mfɛfo asomfo a wɔn abam abu no ma wɔahu sɛ Yesu akyidifo adesoa yɛ hare. Ne saa nti, yɛn Kristofo som yɛ anigye.—Mateo 11:28-30.

Abasamtu a Wodi So

Ɛmfa ho nea ɛde ba biara no, abasamtu yɛ ade a abu so a ɛsɛ sɛ wɔko tia. Nanso kae sɛ, ɛnyɛ yɛn nko na yɛredi saa ako yi. Sɛ yɛn abam bu a, momma yennye mmoa a yɛn nuanom Kristofo, ne titiriw, mpanyimfo no de ma no ntom. Ɛdenam saayɛ so no, yebetumi adwudwo abasamtu no ano.

Nea ɛsen ne nyinaa no, ehia sɛ yɛdan kɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔboa yɛn ma yedi abasamtu so. Sɛ yefi mpaebɔ mu de yɛn ho to Yehowa so a, ebia ɔbɛboa yɛn ama yɛadi abasamtu so koraa. (Dwom 55:22; Filipifo 4:6, 7) Sɛnea ɛte biara no, sɛ ne nkurɔfo no, yebetumi ne Odwontofo no ayɛ adwene wɔ nea ɔkyerɛwee yi ho: “Nhyira ne ɔman a wonim osebɔ, na wɔnantew wo, Awurade, anim hann mu. Wo din mu na wɔn ho bɛsɛpɛw wɔn daa nyinaa, na wo trenee mu na wɔama wɔn so. Na wɔn ahoɔden ahyehyɛde ne wo, na wo dom mu na wɔama yɛn abɛn so.”—Dwom 89:15-17.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ asɛm “Afie Afie Ho Nsɛnnennen” a ɛwɔ Engiresi Ɔwɛn–Aban, May 15, 1981 mu no.

b Hwɛ Nyan! a ɛbae wɔ August 8, 1985, nkratafa 30 ne 31, a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania tintimii no mu.

c Hwɛ asɛm “Minyaa Me Ti Didii Mu Wɔ ‘Owu Aperententu’ No Mu” a ɛbae wɔ Engiresi Ɔwɛn-Aban August 15, 1980 mu no.

[Kratafa 31 mfonini]

Mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ nsrahwɛ a ɛhyɛ den betumi aboa Kristofo a wɔn abam abu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena