Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 10/15 kr. 30-31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nkwa ne Mogya—So Wubu sɛ Ɛyɛ Kronkron?
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 10/15 kr. 30-31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane Bible ahyɛde ahorow a ɛfa ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wɔfa so de mogya di dwuma ho nti, ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo bu aduruyɛ mu akwan a wɔfa so de obi ankasa mogya di dwuma no?

Sɛ́ anka Kristoni begyina nea ɔno ankasa pɛ anaa aduruyɛ mu nyansahyɛ bi nkutoo so asi gyinae no, ɛsɛ sɛ osusuw nea Bible ka no ho anibere so. Ɛyɛ ɔne Yehowa ntam asɛm.

Yehowa a yɛn nkwa fi no no hyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ yedi mogya. (Genesis 9:3, 4) Tete Israel Mmara mu no, Onyankopɔn too dwuma a wɔde mogya di no ano hye esiane sɛ egyina hɔ ma nkwa nti. Ɔhyɛe sɛ: “Efisɛ ɔhonam kra [anaa nkwa] wɔ mogya no mu, na mede mama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.” Na sɛ obi kum aboa bi sɛ ɔredi nso ɛ? Onyankopɔn kae sɛ: “Onhwie ne mogya ngu na ɔmfa dɔte nkata so.”a (Leviticus 17:11, 13) Yehowa tii saa mmara yi mu mpɛn pii. (Deuteronomium 12:16, 24; 15:23) Yudafo Soncino Chumash ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkora mogya so, na mmom ɛsɛ sɛ wobu no sɛ biribi a ɛnsɛ sɛ wodi denam hwie a wobehwie agu fam so.” Ná ɛnsɛ sɛ Israelni biara kora abɔde foforo a ne nkwa yɛ Onyankopɔn dea mogya so na ɔde di dwuma.

Mose Mmara no sodi baa awiei bere a Mesia no wui no. Nanso, Onyankopɔn adwene wɔ kronkron a mogya yɛ ho no da so wɔ hɔ. Onyankopɔn honhom kronkron kaa asomafo no ma wɔka kyerɛɛ Kristofo no sɛ ‘wonyi wɔn ho mfi mogya ho.’ Na ɛnsɛ sɛ wobu saa ahyɛde no adewa. Na ɛho hia wɔ abrabɔ fam te sɛ nea na ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi nna mu ɔbrasɛe anaa abosonsom ho no ara pɛ. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; 21:25) Bere a mogya a wɔtwe kyɛ ne nea wɔde ma bɛyɛɛ ade a abu so wɔ afeha a ɛto so 20 no mu no, Yehowa Adansefo tee ase sɛ saa adeyɛ yi ne Onyankopɔn Asɛm nhyia.b

Ɛtɔ mmere bi a, oduruyɛfo bi bɛhyɛ ɔyarefo bi nyansa sɛ ɔntwe n’ankasa mogya mfa nsie (onipa no ankasa mogya a ɔbɛtwe asi hɔ ansa na wɔayɛ no oprehyɛn, anaa PAD) adapɛn bi ansa na wɔayɛ no oprehyɛn, na sɛ ɛho behia a watumi de ɔyarefo no ankasa mogya a wɔde asie no ama no. Nanso, mogya a wɔtwe kora so na wɔde ma saa no tia asɛm a wɔaka wɔ Leviticus ne Deuteronomium no pefee. Ɛnsɛ sɛ wɔkora mogya so; ɛsɛ sɛ wohwie gu—sɛnea yɛbɛka no no, ɛsɛ sɛ ɛsan kɔ Onyankopɔn nkyɛn. Nokwarem no, Mose Mmara no nyɛ adwuma nnɛ. Nanso, Yehowa Adansefo bu nnyinasosɛm a Onyankopɔn de kaa ho no, na wɔasi wɔn bo sɛ ‘wobeyi wɔn ho afi mogya ho.’ Enti, yɛntwe yɛn mogya mma, na saa nso na yɛnkora yɛn mogya a ɛsɛ sɛ ‘yehwie gu’ no so na wɔde ama yɛn akyiri yi. Saa adeyɛ no tia Onyankopɔn mmara.

Akwan a wɔfa so ne nhwehwɛmu afoforo a wɔyɛ wɔ obi ankasa mogya mu no ne Onyankopɔn nnyinasosɛm a wada no adi mmɔ abira ankasa. Sɛ nhwɛso no, Kristofo pii ama wɔatwe wɔn mogya ayɛ mu nhwehwɛmu, na wɔtow mogya a wɔde yɛ nhwehwɛmu no gu bere a wɔawie no. Wobetumi akamfo akwan foforo a ɛkɔ akyiri a ɛfa obi mogya ho nso akyerɛ.

Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔreyɛ oprehyɛn bi a, wɔfa akwan bi so tumi dan mogya bi ani fi nipadua no mu. Wɔfra mogya a aka wɔ ɔyarefo no nipadua mu no mu. Akyiri yi, wɔsan de ne mogya a wɔdan ani fii ne nipadua mu no san gu ne mu, ma enti ɛma ne mogya dodow bɛn nea ɛfata. Saa ara na wotumi sɔw mogya a efi apirakuru mu sɔn so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de emu mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ no asan ama ɔyarefo no; wɔfrɛ eyi nkwammoaa a wɔkora so. Wɔ ɔkwan foforo so no, wotumi dan mogya ani ma ɛfa afiri bi mu ma ɛde mogya no yɛ adwuma te sɛ nea nipaduam nkwaa (sɛ nhwɛso no, koma, ahurututu, anaa asaabo) de yɛ adwuma no bere tiaa bi. Afei wɔde mogya a ɛwɔ afiri no mu no san ma ɔyarefo no. Ɔkwan foforo so no, wɔdan mogya ani fa sɔnee afiri bi mu ma etumi yiyi emu nneɛma a asɛe no. Anaasɛ botae no betumi ayɛ sɛ nea wɔreyiyi mogya no mu nneɛma atitiriw na wɔde adi dwuma wɔ nipadua no fã foforo. Nhwehwɛmu bi nso wɔ hɔ a wɔtwe mogya dodow bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ no nsow anaasɛ wɔde aduru bɛfra mu, na wɔasan de ama ɔyarefo no.

Ɛho nsɛm no betumi ayɛ nea egu ahorow, na akyinnye biara nni ho sɛ akwan a wɔfa so yɛ, ayaresa, ne nhwehwɛmu foforo bɛba. Ɛnyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛhwehwɛ emu biara mu na yɛasi ho gyinae. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara ankasa si sɛnea wɔde ne mogya bedi dwuma wɔ oprehyɛnyɛ, aduruyɛ mu nhwehwɛmu, anaa mprempren ayaresa mu ho gyinae. Ɛsɛ sɛ odi kan bisa oduruyɛfo anaa nhwehwɛmufo no na ɔkyerɛ no nea ɔde ne mogya no bɛyɛ no mu. Afei ɛsɛ sɛ ofi nea n’ahonim bɛma no kwan mu si ho gyinae. (Hwɛ adaka no mu.)

Ɛsɛ sɛ Kristofo kae wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn ne asɛyɛde a wɔwɔ sɛ ‘wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa ne wɔn ahoɔden nyinaa ne wɔn adwene nyinaa bɛdɔ no no.’ (Luka 10:27) Esiane sɛ Yehowa Adansefo nte sɛ nnipa dodow no ara a wɔwɔ wiase nti, wobu abusuabɔ pa a wɔne Onyankopɔn benya no kɛse. Nkwamafo no hyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yennya Yesu mogya a ohwie gui no mu ahotoso. Yɛkenkan sɛ: “Ɔno [Yesu Kristo] mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, ɛne mfomso fafiri no, ne dom bebree.”—Efesofo 1:7.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɔbenfo Frank H. Gorman kyerɛwee sɛ: “Na wɔte mogya a wohwie gu no ase koraa sɛ ɛyɛ ɔsom mu adeyɛ a wɔde kyerɛ obu ma aboa no nkwa, ma enti, ɛkyerɛ obu a wɔwɔ ma Onyankopɔn a ɔbɔɔ no na ɔda so hwɛ saa nkwa no so no.”

b July 1, 1951, Ɔwɛn-Aban no maa asɛm yi ho nsɛmmisa atitiriw ho mmuae, daa nea enti a mogya a wɔde ma nyɛ papa no adi.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31]

NSƐM A ƐSƐ SƐ WUBISA WO HO

Sɛ wɔbɛdan me mogya no bi ani afi me nipaduam ma mpo ebia ɛrenkɔ so nni kyinhyia bere bi a, so m’ahonim bɛma mabu saa mogya yi sɛ ɛda so yɛ me nipadua fã, a enti enhia sɛ ‘wohwie gu fam’?

Sɛ wɔreyɛ me mu nhwehwɛmu anaa wɔresa me yare na wɔtwe me mogya, yɛ mu nsakrae, na wɔsan de gu me nipaduam a, so m’ahonim a mede Bible atete no no bebu me fɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena