Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 8/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hwehwɛ Yehowa Ansa Na N’abufuw Da No Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Monhwehwɛ Yehowa Ansa na N’abufuw Da no Aba
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Henanom Na Wobeguan Afi “Ahohia Bere” No Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Monhwehwɛ Yehowa, Mo a Mudwo Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 8/1 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So asɛmfua “ebia” a ɛwɔ Sefania 2:3 no kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ntumi nnya ahotoso sɛ wobenya daa nkwa?

Saa kyerɛwsɛm yi kenkan sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa, NW] abufuw da no.” Dɛn nti na saa nkyekyɛm yi ka sɛ “ebia”?

Nea ɛbɛyɛ na yɛate sɛnea Yehowa ne n’asomfo anokwafo bedi nsɛm wɔ Harmagedon ase no, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkae asɛm a Bible ka fa nea Onyankopɔn bɛyɛ ama wɔn a wobewu ansa na saa atemmu bere no adu no ho. Ebinom benya owusɔre sɛ honhom abɔde akɔ asetra a owu nnim mu wɔ soro, na wobenyan afoforo aba asase so a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise. (Yohane 5:28, 29; 1 Korintofo 15:53, 54) Sɛ Yehowa kae n’anokwafo a wobewuwu ansa na Harmagedon aba, na otua wɔn ka a, akyinnye biara nni ho sɛ obetua n’asomfo a wɔda so te ase wɔ da a n’abufuw da no bɛba no nso ka saa ara.

Nsɛm a Onyankopɔn maa ɔsomafo Petro kyerɛwee no nso hyɛ nkuran yiye. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Onyankopɔn koraa Noa a ɔyɛ trenee sɛnkafo no ne nnipa baason so bere a ɔde nsuyiri bɛsɛee amumɔyɛfo wiase no; na obuu Sodom ne Gomora fɔ bere a ɔmaa nkurow no danee nsõ. Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no afi sɔhwɛ mu, na wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ no de, ɔbɛkora wɔn so ama atemmu da no ma wɔatwa wɔn afi hɔ.’ (2 Petro 2:5-9) Ɛwom sɛ Yehowa de ɔsɛe baa abɔnefo so wɔ tete mmere mu de, nanso ɔkoraa Noa ne Lot a wɔsom no nokware mu no so. Sɛ Yehowa de ɔsɛe ba abɔnefo so wɔ Harmagedon a, obegye nnipa a woyi wɔn yam som no no nso nkwa. “Nnipakuw kɛse” a wɔyɛ treneefo benya nkwa.—Adiyisɛm 7:9, 14.

Ɛnde, ɛte sɛ nea ɛnyɛ sɛ esiane sɛ Onyankopɔn ntumi nsi no pi sɛ obetumi akora nnipa a wɔanya n’anim dom nkwa so nti na wɔde asɛm “ebia” dii dwuma wɔ Sefania 2:3. Mmom no, ɛyɛ bere a obi afi ase rehwehwɛ trenee ne ahobrɛase no na wɔka sɛ ebia wɔbɛkora no so wɔ Yehowa abufuw da no. Kora a wɔbɛkora obi so no begyina kɔ a onipa no bɛkɔ so ahwehwɛ ahobrɛase ne trenee no so.—Sefania 2:3.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

“Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no afi sɔhwɛ mu”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena