Abɔfo Wɔyɛ Henanom?
NÁ NEA ɛrekɔ so no yɛ ɔhempɔn a odi ahemman kɛse bi so no nwonwa. Ná wɔagye mmarima baasa bi a wɔabua wɔn kumfɔ de wɔn akogu ogya mu no afi mu! Hena na ogyee wɔn? Ɔhene no ankasa ka kyerɛɛ mmarima baasa a na wɔagye wɔn no sɛ: “Nhyira ne . . . [mo] Nyankopɔn a wasoma ne bɔfo, na wabeyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too no so no.” (Daniel 3:28) Babilon sodifo yi a ɔtraa ase bɛboro mfe mpem abien a atwam no huu sɛnea abɔfo gye nkurɔfo. Nnipa ɔpepem pii a wɔtraa ase tete no gyee abɔfo dii. Ɛnnɛ nso nnipa pii gye di sɛ abɔfo wɔ hɔ, na mpo wɔte nka sɛ abɔfo nya wɔn asetra so tumi wɔ ɔkwan bi so. Henanom ne abɔfo, na ɛhe na wofi bae?
Sɛnea Bible kyerɛ no, abɔfo yɛ ahonhom sɛnea Onyankopɔn nso yɛ Honhom no. (Dwom 104:4; Yohane 4:24) Abɔfo no dɔɔso yiye, na wɔbɛyɛ ɔpepem pii. (Adiyisɛm 5:11) Wɔn nyinaa yɛ ‘abirɛmpɔn a wɔwɔ tumi.’ (Dwom 103:20) Ɛwom sɛ abɔfo wɔ nipasu na wotumi paw nea wɔpɛ te sɛ nnipa de, nanso wɔammɔ wɔn sɛ nnipa ansa na wɔredan abɔfo. Nokwarem no, Onyankopɔn bɔɔ abɔfo no bere tenten ansa na ɔrebɔ adesamma. Na mpo ɔbɔɔ wɔn ansa na ɔrebɔ Asase. Bible ka sɛ bere a Onyankopɔn ‘hyɛɛ asase ase no, adekyee nsoromma anaa abɔfo boom too ahurusi dwom, na Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.’ (Hiob 38:4, 7) Esiane sɛ abɔfo yɛ Onyankopɔn abɔde nti, wɔfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.
Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ abɔfo? Dwuma bɛn na abɔfo adi wɔ nnipa asetra mu? So wonya yɛn asetra so tumi? Esiane sɛ abɔfo wɔ hokwan sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ nti, so wɔn mu binom adi Satan Ɔbonsam akyi ayɛ wɔn ho Onyankopɔn atamfo? Bible ma yenya nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛyɛ nokware.