So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu Ankasa?
NSƐNTITIRIW abien bi boa yɛn ma yehu nea Bible frɛ no nna a edi akyiri no. Kyerɛwnsɛm no hyɛ nsɛm a ebesisi wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho nkɔm. (Mateo 24:3) Bible san ka sɛnea nnipa a wɔte “nna a edi akyiri” no mu suban ne wɔn nneyɛe bɛsesa ho asɛm.—2 Timoteo 3:1.
Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase ne nnipa suban ma yehu sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu, na ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni de nhyira a enni awiei bɛbrɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no. Yebedi kan ahwehwɛ nneɛma abiɛsa a Yesu kae sɛ ɛbɛma yɛahu nna a edi akyiri no.
“Awoko Yaw Mfiase”
Yesu kae sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni atia ahenni, na aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” Ɔde kaa ho sɛ: “Eyinom nyinaa yɛ awoko yaw mfiase.” (Mateo 24:7, 8) Ma yɛnhwehwɛ “eyinom” mu mmiako mmiako.
Wɔ afeha a etwaam no mu no, wokunkum nnipa pii wɔ akodi ne mmusua ntam ntawntawdi mu. Ahyehyɛde bi a wɔyɛ nsɛm a esisi mu nhwehwɛmu amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Nnipa a wowuwui wɔ akodi mu wɔ 1900 mfe no mu no dɔɔso sen wɔn a wowuwui wɔ akodi mu wɔ afeha a edi kan de besi 1899 mu no mmɔho abiɛsa.” Jonathan Glover kyerɛw wɔ ne nhoma mu sɛ: “Akontaa a wɔabu fi 1900 besi 1989 no kyerɛ sɛ nnipa ɔpepem 86 na wokunkum wɔn wɔ akodi mu. . . . Ɛyɛ den sɛ yɛbɛte nnipa a wowuwui wɔ akodi mu wɔ 1900 mfe no mu no ase. Mmɔden biara a obi bɛbɔ sɛ ɔbɛkyerɛ nnipa dodow a wowuwui no yɛ bɔsrɛmka, efisɛ wɔn a wowuwui no mu bɛyɛ nkyem abiɛsa mu abien (ɔpepem 58) na wokunkum wɔn wɔ wiase ko abien no mu. Nanso, sɛ yɛka sɛ yɛrekyekyɛ nnipa dodow a wowuwui yi mu pɛpɛɛpɛ a, anka wobekunkum nnipa bɛyɛ 2,500 da biara wɔ akodi mu. Ɛno yɛ nnipa bɛboro 100 a wokum wɔn ntoatoaso dɔnhwerew biara wɔ mfe aduakron mu.” (Humanity—A Moral History of the Twentieth Century) Wode, hwɛ sɛnea eyi bɛma nnipa mpempem a wowuwui no abusuafo ne wɔn nnamfo adi yaw ne awerɛhow afa!
Ɛmfa ho sɛ yetumi yɛ kua nya aduan pii wɔ wiase no, nneɛma a ɛma yehu sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu biako ne aduankɔm. Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ nnɔbae a yɛatumi anya wɔ mfe 30 a atwam no boro nnipa dodow a wɔwɔ wiase so. Nanso, aduan ho yɛ na wɔ mmeae pii wɔ wiase efisɛ nnipa pii nni asase a wɔde bɛyɛ afuw anaa wonni sika a wɔde bɛtɔ aduan a ɛbɛso wɔn. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, da koro akatua a nnipa bɛboro ɔpepepem baako ne kakra nya no yɛ Amerika dɔla biako anaa nea ennu saa. Eyinom mu bɛyɛ ɔpepem 780 da kɔm daa. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛ sɛ aduan pa a mmofra nnya nni ne ade titiriw a ɛma mmofra bɛboro ɔpepem anum wuwu afe biara no.
Dɛn na yebetumi aka wɔ asasewosow a wɔkae sɛ ebesisi no ho? Amerika Dwumadibea a Wɔyɛ Asase Mu Nhwehwɛmu no kyerɛ sɛ, sɛ wɔkyem pɛpɛɛpɛ a, efi afe 1990 nkutoo reba no, asasewosow 17 na esisi afe biara, na ano yɛ den a ebetumi abubu adan. Afe biara, asasewosow a ano yɛ den paa a etumi dwiriw adan gu pasaa si pɛnkoro. Nhoma foforo bi ka sɛ: “Asasewosow akunkum nnipa mpempem pii wɔ mfe 100 a atwam no mu.” Ade biako nti a eyi te saa ne sɛ, efi afe 1914 reba no, nnipa redɔɔso wɔ mmeae a wɔkyerɛ sɛ asasewosow betumi asisi wɔ hɔ no.
Nsɛntitiriw Afoforo a Esisi
Yesu kae sɛ: “Ɔyaredɔm . . . bɛba mmeaemmeae.” (Luka 21:11) Ɛnnɛ, wɔanya nkɔanim wɔ aduruyɛ mu sen bere biara. Nanso, yare a ɛwɔ hɔ dedaw ne foforo kɔ so haw adesamma. Amerika aban asoɛe bi a wɔyɛ nhwehwɛmu ka sɛ: “Efi 1973 reba no, yare atitiriw 20 a nsamanwaw, atiridiinini, ne ayamtunini ka ho asan asɔre, na atrɛw kɔ mmeae pii. Mpɛn pii no, yare no ano yɛ den a aduru biara ntumi no. Efi 1973 reba no, wɔahu nyarewa afoforo bɛyɛ 30 a na wonnim. Emu bi ne HIV, Ebola, mmerɛbo mu yare ne yare bi a wɔfrɛ no Nipah. Wonni yare yi nyinaa ho aduru.” Red Cross amanneɛbɔ a ɛbaa June 28, 2000 mu no ka sɛ, nnipa a nsanyare kunkum wɔn no dɔɔso sen wɔn a atoyerɛnkyɛm kunkum wɔn wɔ afe 1999 mu no mmɔho 160.
Ade foforo a ɛma yehu sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu ne ‘amumɔyɛ a ɛredɔɔso.’ (Mateo 24:12) Ɛnnɛ, wɔ asase so mmeae pii no, nnipa toto wɔn apon mu ansa na wɔapue, na sɛ wɔnam anadwo a, wosuro. Na mframa, nsu, ne asase a wɔnam kwammɔne so resɛe no no nso ɛ? Eyi nso ma nea Bible hyɛɛ ho nkɔm no ba mu. Adiyisɛm nhoma no ka Onyankopɔn bere a wahyɛ a ɔde bɛsɛe “wɔn a wɔsɛe asase no” ho asɛm.—Adiyisɛm 11:18.
Sɛnea Nnipa a Wɔte Nna a Edi Akyiri mu no Suban Te
Bue wo Bible no kɔ 2 Timoteo 3:1-5, na kenkan. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” Afei ɔtoaa so kaa suban ahorow 20 a nnipa a wɔmfa Onyankopɔn asɛm mmɔ wɔn bra bɛda no adi no ho asɛm. So woahu sɛ nnipa a wɔte wo mpɔtam da su yi bi adi? Susuw nea nnansa yi wɔaka afa nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho hwɛ.
“Ahopɛ.” (2 Timoteo 3:2) “[Nnipa] su asesa koraa ma nnɛ nea wɔpɛ nkutoo na wɔyɛ. Wɔpɛ sɛ nkurɔfo som wɔn sɛ anyame.”—Financial Times, atesɛm krataa, England.
“Sikanibere.” (2 Timoteo 3:2) “Anibere a nnipa de rehwehwɛ ahonyade nnansa yi no ama wɔayɛ ahantan. Sɛ wunni sika a, nnipa mmu wo.”—Jakarta Post, atesɛm krataa, Indonesia.
“Awofo so asoɔdenfo.” (2 Timoteo 3:2) “Abofra a wadi mfe 4 tumi di n’awofo so bakomasɛm ma wɔn ho dwiriw wɔn. Na abofra a wadi mfe 8 nso tumi teatea n’awofo ka kyerɛ wɔn sɛ ‘Metan mo!’”—American Educator, nsɛmma nhoma, United States.
“Wɔn a wonni nokware.” (2 Timoteo 3:2) “Sɛnea mmarima dodow no ara tumi gyaw wɔn yerenom ne wɔn mma hɔ no yɛ abrabɔ mu nsakrae kɛse a aba wɔ mfe [40 a atwam] no mu.”—Wilson Quarterly, nsɛmma nhoma, United States.
“Wɔn a wonni tema.” (2 Timoteo 3:3) “Abusua mu ayakayakade yɛ ade a abu so wɔ wiase baabiara.”—Journal of the American Medical Association, nsɛmma nhoma, United States.
“Wɔn a wontumi nni wɔn ho so.” (2 Timoteo 3:3) “Nsɛm a epue wɔ atesɛm nkrataa anim anɔpa biara no da adi sɛ nnipa nni ahosodi, wonni suban pa, na wonni ahummɔborɔ mma wɔn yɔnko nnipa ne wɔn ankasa mpo ho. . . . Sɛ yɛhwɛ ma basabasayɛ kɔ so saa a, ɛrenkyɛ, nnipa suban bɛsɛe koraa.”—Bangkok Post, atesɛm krataa, Thailand.
“Wɔn a wɔyɛ keka.” (2 Timoteo 3:3) “Ahyɛnkafo bo tumi fuw tra so wɔ kar kwan so, na abufuw ntraso a ɛte saa ma nkurɔfo yɛ wɔn abusuafo ayakayakade, . . . eyi ara na ɛma nsɛmmɔnedifo yɛ nkurɔfo basabasa a ntease biara nnim no. Wotumi di nnipa awu bere biara a wɔnsa mu, na ama ehu aka nnipa.”—Business Day, atesɛm krataa, South Africa.
“Wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:4) “Wɔhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho nkuran kɛse nnɛ, na ama wɔmfa Kristofo abrabɔ pa nyɛ hwee.”—Boundless, Intanɛt so nsɛmma nhoma.
“Wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nni dwuma.” (2 Timoteo 3:5) “[Obi a kan na osi tuutuu wɔ Netherlands] kae sɛ, nyamesom akuw no titiriw na wɔka sɛ wɔmmara [tuutuusi]. Ogyinaa kakra, na ɔserewee kae sɛ, asɔfo dodow bi ka wɔn a na wɔtaa ba ne nkyɛn no ho. Ɔde n’asɛm baa awiei sɛ, ‘Wɔn a wosi tuutuu ka bere nyinaa sɛ asɔfo no na ɛma wonya sika pii.’”—National Catholic Reporter, atesɛm krataa, United States.
Dɛn na Ɛbɛba Daakye?
Sɛnea Bible hyɛɛ nkɔm no, ɔhaw ahyɛ wiase ma nnɛ. Nanso nkɔmhyɛ a ɛfa “[Kristo] mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne” ho no wɔ adepa bi ma yɛn. Yesu kae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:3, 14) Wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ nsase bɛboro 230 so. Nnipa bɛboro ɔpepem asia a wofi “amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” de nsi rebɔ Ahenni no ho dawuru. (Adiyisɛm 7:9) Dɛn na afi nsi a wɔde reyɛ adwuma yi mu aba? Nea afi mu aba ni: Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ asase so ate nea Ahenni no yɛ, nea ɛbɛyɛ, ne sɛnea wobenya mu nhyira no ho asɛm. Nokwarem no, nokware ‘nimdeɛ adɔɔso wɔ awiei bere yi mu.’—Daniel 12:4.
Ɛfata sɛ wunya saa nimdeɛ yi bi. Susuw nea sɛ wɔka asɛmpa no kodu baabi a Yehowa pɛ a, ebesi no ho hwɛ. Yesu kae sɛ: “Ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Ɛbɛyɛ bere a Onyankopɔn beyi bɔne nyinaa afi asase so. Mmebusɛm 2:22 ka sɛ: “Wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.” Dɛn na ɛbɛba Satan ne n’adaemone no so? Wɔde wɔn begu amena donkudonku bi mu na wɔrentumi nnaadaa amanaman no bio. (Adiyisɛm 20:1-3) Ɛno akyi no, “tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu.” Ahenni no bɛma wɔanya nhyira pii.—Mmebusɛm 2:21; Adiyisɛm 21:3-5.
Dɛn na Wubetumi Ayɛ?
Akyinnye biara nni ho sɛ Satan nhyehyɛe yi awiei abɛn paa. Awiei no bɛba abɛto wɔn a wobu wɔn ani gu adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri mu no so mpofirim. (Mateo 24:37-39; 1 Tesalonikafo 5:2) Ne saa nti, Yesu ka kyerɛ n’atiefo no sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetra mu dadwen anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri. Efisɛ ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so. Enti, monwɛn, na monsrɛ bere nyinaa na moatumi aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.”—Luka 21:34-36.
Wɔn a wɔwɔ gyinabea pa wɔ onipa Ba, Yesu anim no nkutoo na wobenya wɔn ti adidi mu wɔ wiase nhyehyɛe yi awiei mu. Hwɛ hia a ehia sɛ yɛde bere a aka no hwehwɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo anim dom! Bere a Yesu rebɔ Nyankopɔn mpae no, ɔkae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Enti, nyansa wom sɛ wubesua Yehowa Nyankopɔn ne nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no ho ade pii. Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woate nea Bible kyerɛkyerɛ ase. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ wɔn anaa kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]
NEA ƐMA YEHU NNA A EDI AKYIRI NO
NSƐNTITIRIW A EBESISI:
▪ Akodi.—Mateo 24:6, 7.
▪ Aduankɔm.—Mateo 24:7.
▪ Asasewosow.—Mateo 24:7.
▪ Ɔyaredɔm.—Luka 21:11.
▪ Amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso.—Mateo 24:12.
▪ Asase a wɔsɛe no.—Adiyisɛm 11:18.
NNIPA:
▪ Ahopɛ.—2 Timoteo 3:2.
▪ Sikanibere.—2 Timoteo 3:2.
▪ Ahantan.—2 Timoteo 3:2.
▪ Awofo so asoɔdenfo.—2 Timoteo 3:2.
▪ Bonniayɛfo.—2 Timoteo 3:2.
▪ Wɔn a wonni nokware.—2 Timoteo 3:2.
▪ Wɔn a wonni tema.—2 Timoteo 3:3.
▪ Wɔn a wontumi nni wɔn ho so.—2 Timoteo 3:3.
▪ Wɔn a wɔyɛ keka.—2 Timoteo 3:3.
▪ Wɔn a wɔdɔ anigyede.—2 Timoteo 3:4.
▪ Nyamesom mu nyaatwomfo.—2 Timoteo 3:5.
NOKWARE ASOMFO:
▪ Nimdeɛ bɛdɔɔso.—Daniel 12:4.
▪ Wɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa.—Mateo 24:14.
[Nsɛm Fibea]
UNITED NATIONS/Photo by F. GRIFFING