Roma Akwan Nkaedum A Ɛma Yehu Tete Mfiridwuma
ROMA nkaedum mu nea ɛwɔ he na ɛda nsow koraa? So wobɛka sɛ ɛyɛ adehwɛbea kɛse a wɔfrɛ no Colosseum a ayɛ afabo wɔ Roma no? Sɛ yɛpɛ sɛ yehu Roma nnwuma a akyɛ paa anaa agye din wɔ abakɔsɛm mu a, ɛnde na ɛyɛ wɔn akwan.
Ɛnyɛ asraafo ne aguade nko na afa Roma akwantempɔn so. Tete nkyerɛwde ho ɔbenfo Romolo A. Staccioli ka sɛ “akwan no boae ma nkurɔfo trɛw wɔn nsusuwii, adwinni nyansa, nyansapɛ ne nyamesom nkyerɛkyerɛ” a Kristosom de ka ho mu.
Tete no, na wobu Roma akwan sɛ nkaedum. Romafo de mfe pii yiyii akwan papa a na ne tenten bɛboro akwansin 50,000. Ɛnnɛ aman bɛboro 30 na ɛwɔ mmeae a woyiyii akwan fae no.
Kwantempɔn titiriw a edi kan a woyii ne Appian Way no. Ná ɛyɛ ɔkwan pa a ɛkyɛn so a ɛtoam fi Roma kosi Brundisium (ɛnnɛ wɔfrɛ no Brindisi) a ɛyɛ po so hyɛn gyinabea a na wɔfa hɔ kɔ aman a ɛwɔ Apuei Fam no. Wɔde Roma aban panyin Appius Claudius Caecus a ofii ase yii kwan yi wɔ bɛyɛ afe 312 A.Y.B no din na ɛtoo so. Roma akwan no bi nso ne Via Salaria ne Via Flaminia, a abien no nyinaa kɔfa apuei fam kodu Adriatic Po no ano. Na wofi hɔ toa so kɔ Balkan aman mu ne afei aman a ɛwɔ Rhine ne Danube. Via Aurelia kwantempɔn no kɔfa atifi fam kɔ Gaul ne Iberia Asase Hwene no so, ɛnna Via Ostiensis nso kɔfa Ostia a ɛyɛ Roma hyɛn gyinabea a wɔtaa fa hɔ di Afrika akɔneaba no.
Akwan Akɛse a Woyiyii Wɔ Roma
Ná akwan horow wɔ Roma ansa na wɔrefi ase ayiyi akwantempɔn foforo. Wɔkyekyee kurow no wɔ Tiber Asubɔnten no anafo a na ɛhɔ nkutoo na tete akwan hyiam no. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛ no, nea ɛbɛyɛ na Romafo no asiesie akwan a na ɛwɔ hɔ dedaw no, wosuasuaa Carthagefo no. Nanso ɛbɛyɛ sɛ Etruriafo no paa na Romafo no suasuaa sɛnea woyiyii wɔn akwan no. Wɔn akwan a asɛe no bi da so ara wɔ hɔ. Bio nso ansa na Romafo bere reba no, na anammɔnkwan pii a akwantufo taa fa so wɔ hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔde mmoa fa so kɔ adidi wɔ mmeae ahorow. Nanso na ɛyɛ den sɛ wɔbɛfa so atu kwan, efisɛ sɛ edu ɔpɛ bere a, na mfuturu wɔ so, na sɛ edu osutɔbere nso a, na ɛso ayɛ atɛkyɛ. Akwan a ɛte sɛɛ na na Romafo taa yi wɔn akwan fa so.
Ná Romafo tɔ wɔn bo ase yiyi wɔn akwan yiye ma ɛyɛ fɛ. Ná wɔfa ɔkwantiaa so fi beae pɔtẽẽ bi kosi baabi a wɔrekɔ, na eyi ma yehu nea enti a na wɔn akwan no pii yɛ tẽẽ no. Nanso mpɛn pii no, na wɔhwɛ sɛnea asase no te na wɔayi ho kwan. Wɔ mmeae a na mmepɔw ne nkoko wɔ no, na wɔn a woyi akwan wɔ Roma no yi akwan no fa mmepɔw ne nkoko no fã a owia taa bɔ hɔ no ase. Sɛ wɔyɛ no saa a, na ɛbrɛ ɔhaw biara a wim tebea bɔne betumi ama akwantufo ahyia no ase.
Ɔkwan bɛn na Romafo no faa so yiyii wɔn akwan? Ná egu ahorow, nanso nea edi so yi na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu.
Ná wodi kan hwɛ baabi a wobeyi kwan no afa de ho adwuma hyɛ nnipa a wosusuw nsase saa bere no nsa. Nea edi hɔ no, wɔde fam tutu adwuma a ɛyɛ den no hyɛ asraafo, apaafo, anaa nkoa nsa. Ná wotwa nsuka to ɔkwan no ho. Ná ɔkwan a esua koraa no trɛw bɛyɛ anammɔn 8, nanso na akwan a woyi no trɛw taa yɛ anammɔn 14, na sɛ edu faako a ɛkontɔn a, na ɛtrɛw sen saa. Sɛ woyi kwan bi wie yiyi anammɔn kwan toto ho a, na ne trɛw tumi du anammɔn 33. Ɛno akyi no, woyi dɔte a ɛwɔ nsuka abien a wɔatwa no ntam ma amena kɛse bɛda mu. Sɛ wotwa asase no ani kɔto asase no fã a ɛyɛ den a, wɔhyehyɛ nneɛma ahorow a wɔde yi akwan no wom mmiako mmiako. Nea edi kan no, wotumi hyehyɛ abo akɛse. Na afei wɔde mmosea anaa abo ntrantraa a ebia wɔde kɔnkrit afra agu so. Sɛ wowie a, wɔde mmosea anaa abo nketenkete gu so tintim so.
Ná ɛnyɛ Roma akwan no nyinaa na wɔde mmosea agu so atintim so. Ná akwantempɔn wɔ hɔ, na ɛno na na tetefo no ani gye ho. Ná wɔde abo akɛse a mpɛn pii no wonya wɔ hɔ no ara na ɛyɛ akwantempɔn a ɛte saa no nsɛmso. Ná wɔyɛ akwan no ma ne nkyɛnmu sian, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ nsu tɔ a ebetumi atene akogu nsuka a wɔatwa wɔ akwan no nkyɛnmu no mu. Sɛnea wɔyɛɛ akwan no na ama akyɛ a ebi da so ara wɔ hɔ besi nnɛ no.
Woyii Appian Way kwan no wiei bɛyɛ mfe 900 akyi no, Byzantine abakɔsɛm kyerɛwfo Procopius kaa ho asɛm sɛ “ade a ɛyɛ nwonwa paa.” Ɔreka abo a wɔde sɛw ani no ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛmfa ho mfe dodow a adi ne nteaseɛnam pii a afa so bere tenten no, ɛda so ara te sɛnea ɛte a ɛnsesae.”
Ná wɔyɛ dɛn yi akwan yi fa baabi a ɛyɛ den sɛ wobeyi akwan afa, te sɛ asubɔnten so? Ɔkwan titiriw biako a na wɔfa so yɛ saa ne ɛtwene a na wɔyɛ to so no. Emu bi da so ara wɔ hɔ, na ɛma yehu sɛnea na tete Romafo ho akokwaw wɔ mfiridwuma mu no. Ebia nnipa pii nnim Roma akwan a na woyi fa asase ase saa bere no ho nsɛm pii, nanso sɛ yɛhwɛ nimdeɛ ne nnwinade a na wɔde yɛ adwuma saa bere no a, na ɛnyɛ adwuma a ɛda fam. Nhoma bi ka sɛ: “Romafo mfiridwuma . . . nyaa nkɔanim koduu baabi a na ɛbɛkyɛ paa ansa na afoforo atumi ato wɔn.” Eyi ho nhwɛso ne asase ase kwan a ɛwɔ Furlo a ɛkɔfa Via Flaminia no. Bere a mfiridwuma ho animdefo traa ase susuw nneɛma ho wɔ afe 78 Y.B. no, wotuu asase ase kwan a ne tenten yɛ anammɔn 130, ne trɛw yɛ anammɔn 16, na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn 16 faa abotan mu. Sɛ wususuw nnwinade a na ɛwɔ hɔ saa bere no ho a, na ɛyɛ adwuma a ɛyɛ nwonwa ankasa. Ná kwantempɔn a ɛte saa a woyii no ka adwuma a ɛso bi mmae da a nnipa ayɛ pɛn no ho.
Akwantufo ne Sɛnea Wɔtrɛw Nimdeɛ Mu
Asraafo, aguadifo, asɛmpakafo, nsrahwɛfo, guasodeyɛfo, ne akofo a wɔko gye nnipa ani nyinaa faa akwan yi so bi. Ná wɔn a wɔnantew twa kwan no tumi twa akwansin 15 kosi 20 da koro. Sɛ akwantufo pɛ sɛ wohu kwan a wɔatwa anaa nea ɛda wɔn anim a, na wobetumi ahwɛ odum a wɔakyerɛw kwansin dodow agu ho no. Ná ɛsono sɛnea odum no mu biara te, na na dodow no ara yɛ nteanteaa. Sɛ wutu anammɔn 4,854 biara a, na ɛte sɛnea woatwa Roma kwansin biako. Ná baabi nso wɔ hɔ a akwantufo tumi gye wɔn ahome, sesa wɔn apɔnkɔ, tɔ aduan di, anaasɛ ɛtɔ mmere bi a wɔda na ade kye a wɔatoa wɔn akwantu so. Mmeae a ɛte saa no bi bɛyɛɛ nkurow nketewa.
Wɔwoo Kristo no, ankyɛ koraa na Kaesare Augusto yɛɛ nhyehyɛe ma wofii ase siesiee akwan no. Ɔpaw nnipa bi a na wɔhwɛ kwan biako anaa nea ɛboro saa so. Ɔma wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ odum ma ɔde sii Roma agoprama kɛse no mu. Ná Roma akwan nyinaa a ɛwɔ Italy kowie baabi a adum yi a wɔde kɔbere mfrafrae akyerɛw ho si no. Eyi na ɛmaa wobuu bɛ bi sɛ: “Akwan nyinaa kɔ Roma” no. Ná Augustus nso wɔ ahemman no asase mfonini a ɛkyerɛ baabi a wɔayiyi akwan ato. Ɛte sɛ nea wogyinaa tebea a na ɛwɔ hɔ saa bere no ne nnipa no ahiade so na eyiyii akwan no.
Nea ɛbɛyɛ na akwantufo binom atumi atu kwan tete no, na wɔde akwankyerɛ nhoma di dwuma. Nsɛm a na ɛwɔ akwankyerɛ nhoma yi mu bi ne, kwantenten a ɛdeda mmeae a wobetumi agyinagyina no ntam, ne nneɛma a wobetumi ayɛ wɔ saa mmeae yi. Nanso, na akwankyerɛ nhoma no bo yɛ den, ma enti na ɛnyɛ obiara na otumi tɔ bi.
Ɛno mpo no, Kristofo asɛmpakafo yɛɛ nhyehyɛe ma wotumi tuutuu akwan pii kɔɔ akyirikyiri. Sɛ na ɔsomafo Paulo ne ne bere sofo rekɔ apuei fam a, esiane mframa a na ɛbɔ wɔ po so no nti, na wɔtaa fa po so tu kwan. (Asomafo Nnwuma 14:25, 26; 20:3; 21:1-3) Wɔ Mediterranea mpɔtam hɔ no, sɛ edu ahohurubere a mframa no bɔ fi atɔe. Nanso, sɛ na Paulo retu kwan akɔ atɔe a, na ɔtaa fa akwan a ɛwɔ Roma no so. Paulo faa saa kwan yi ara so wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien ne abiɛsa no mu. (Asomafo Nnwuma 15:36-41; 16:6-8; 17:1, 10; 18:22, 23; 19:1)a Wɔ bɛyɛ afe 59 Y.B. no, Paulo faa Appian Way kɔɔ Roma kohyiaa ne mfɛfo gyidifo wɔ Apia Gua so wɔ Roma anafo fam. Efi Roma rekɔ hɔ yɛ kwansin 46. Ná afoforo nso retwɛn no wɔ Nsadan-Mmiɛnsa a ɛbɛn Roma a na ɛyɛ ahomegyebea no. Efi hɔ rekɔ Roma yɛ kwansin akron. (Asomafo Nnwuma 28:13-15) Bɛyɛ afe 60 Y.B. no, Paulo tumi kae sɛ wɔaka asɛmpa no wɔ “abɔde a ɛwɔ soro ase nyinaa mu” saa bere no. (Kolosefo 1:6, 23) Akwan a woyiyii no nso ka ho bi na ɛma wotumi trɛw asɛmpa no mu no.
Ɛda adi sɛ Roma akwan yɛ nkaedum a ɛda nsow a akyɛ, na aboa ma wɔatrɛw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mu.—Mateo 24:14.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asase mfonini a ɛwɔ‘Hwɛ Asase Pa No’ nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 33.
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Roma dum a wɔakyerɛw kwansin wɔ ho
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Ɔkwan a ɛda tete Ostia, Italy
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Ɔkwan a tete teaseɛnam atutu so, Austria
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Roma kwan no fã bi a adum a wɔakyerɛw kwansin wɔ so sisi ho, Jordan
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Appian Way a ɛda Roma kurotia
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Aboda a asɛe wɔ Appian Way a ɛda Roma kurotia
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Furlo asase ase kwan a ɛwɔ Via Flaminia wɔ Marche mpɔtam
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Tiberius Twene a ɛwɔ Via Emilia wɔ Rimini, Italy
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Paulo hyiaa ne mfɛfo gyidifo wɔ Apia Gua so
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Benkum, Ostia: ©danilo donadoni/Marka/age fotostock; nifa, ɔkwan a adum a wɔakyerɛw kwansin wɔ so sisi ho: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.