Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 1/1 kr. 3-4
  • Dɛn na Wugyina so Hu sɛ Asi Obi Yiye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Wugyina so Hu sɛ Asi Obi Yiye?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Ensi Wo Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yiyedi​—A Nea Wobɛhwere Biara Mfa Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Sɛnea Ebetumi Asi Wo Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 1/1 kr. 3-4

Dɛn na Wugyina so Hu sɛ Asi Obi Yiye?

NÁ NNIPA bi bu Jesse Livermore sɛ Wall Street sikadwuma no mu guadini a onim adwuma no mu na asi no yiye sen obiara. Ɛno nti, onyaa sika pii. Ná ɔhyɛ ntade pa a ne bo yɛ den sen biara, te ofie kɛse bi a adan 29 na ɛwom mu, na na ɔtra kar bi a wɔfrɛ no Rolls-Royce a ɛho yɛ tuntum mu, na na ɔwɔ ofirikafo a ɔka ma no.

Ná Davida nso pɛ sɛ esi no yiye saa ara. Esiane sɛ na ɔyɛ adwumakuw kɛse bi a wotintim nhoma kwankyerɛfo abadiakyiri nti, na ɛda adi sɛ ɔbɛyɛ adwuma no fã bi kwankyerɛfo panyin daakye. Ná ɔpɛ sika ne anuonyam. Nanso, David sii gyinae bi a ɛma ogyaee adwuma no. David kae sɛ: “Minim sɛ merennya adwumam dibea a ɛte saa bio da.” So wususuw sɛ David dii mfomso sɛ osii gyinae a ɛte saa?

Nnipa pii susuw sɛ sɛ obi nya sika, edin, anaa dibea a ɛnna ɛkyerɛ sɛ asi no yiye. Nanso, ebia wɔn a wɔwɔ ahonyade pii no nni anigye, na wonni atirimpɔw wɔ wɔn asetram. Saa ara na na Owura Livermore te. Ne sika nyinaa akyi no, na ɛyaw, amanehunu, ne awerɛhow ahyɛ n’asetra ma tɔ. Onyaa adwenemhaw, n’aware gui mpɛn pii, na ɔne ne mmabarima ntam yɛɛ basaa. Awiei koraa no, bere a Owura Livermore hweree ne sika fã kɛse no ara no, da bi, ɔkɔtraa ahɔhodan kɛse bi adidibea dii ne sika a wahwere no ho awerɛhow. Ɔkae sɛ wɔmmrɛ no mfrasã, na oyii nhoma bi fii ne kotoku mu kyerɛw krataa kɔmaa ne yere ne no dii nkra. Ɔnom nsã no wiei no, ɔkɔhyɛɛ ɔdan bi a wɔde ntade sensɛn mu a emu yɛ sum mu, na okum ne ho yayaayaw.

Ɛwom sɛ yentumi nka sɛ sika pii a Livermore nyae no na ɛma okum ne ho de, nanso asɛm yi ma yehu sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware: “Wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no . . . wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.”—1 Timoteo 6:9, 10.

So yebetumi aka sɛ wɔn a wosusuw sɛ sika, dibea, anaa edin a obi begye na ɛkyerɛ sɛ asi no yiye no redi mfomso? So wususuw sɛ asi wo yiye? Dɛn na ɛma wote nka saa? Dɛn na wugyina so reka sɛ asi wo yiye anaasɛ ensii wo yiye? Dɛn na wugyina so hu sɛ asi obi yiye? Yɛbɛhwehwɛ afotu pa bi a ama asi nkurɔfo mpempem pii yiye mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu. Ma yɛnhwɛ nea sɛ wo nso woyɛ a, ebetumi asi wo yiye.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena