Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w08 5/1 kr. 24
  • Ɔte Yaw a Yedi no Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔte Yaw a Yedi no Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Anidaso a Enni Huammɔ Ma Awufo
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Nea Yesua Fi Nisu a Yesu Tewee No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
w08 5/1 kr. 24

Bɛn Onyankopɔn

Ɔte Yaw a Yedi no Ase

Yohane 11:33-35

YEHOWA ADANSEFO ɔsɛmpatrɛwfo bi a ne mfe akɔ anim kyerɛɛ tema, a ɛyɛ su pa no ase sɛ, “wo yaw a ɛwɔ me koma mu.” Obiara nni hɔ a ɔwɔ tema sen Yehowa Nyankopɔn. Sɛ ne nkurɔfo di yaw a, ɔte nka paa. Yɛyɛ dɛn hu saa? Yesu nsɛm a ɔkae ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade bere a na ɔwɔ asase so no ma yehu sɛnea Yehowa wɔ tema. (Yohane 5:19) Sɛ nhwɛso no, susuw nea esii a wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 11:33-35 no ho hwɛ.

Bere a Yesu adamfo Lasaro wuu ɔpatuwu no, Yesu kɔɔ Lasaro kurom. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na awerɛhow amene Lasaro nuabeanom, Maria ne Marta. Ná Yesu dɔ abusua yi paa. (Yohane 11:5) Ná ɔbɛyɛ n’ade dɛn? Bible ka sɛ: “Bere a . . . Yesu hui sɛ [Marta resu] na Yudafo a wɔkaa ne ho bae no nso resu no, osii apini na ne ho yeraw no; na ɔkae sɛ: ‘Ɛhe na mode no ato?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Awurade, bra bɛhwɛ.’ Nusu guu Yesu.” (Yohane 11:33-35) Dɛn nti na Yesu sui? Nokwarem no, na Yesu adamfo paa Lasaro na awu, na na ɔreba abenyan no. (Yohane 11:41-44) Biribi foforo wɔ hɔ a ɛmaa Yesu dii awerɛhow saa?

San hwɛ kyerɛwsɛm a yɛafa mu asɛm aka no. Hyɛ no nsow sɛ bere a Yesu huu sɛ Maria ne wɔn a wɔka no ho resu no, “osii apini” na “ne ho yeraw no.” Nsɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha wɔ kasa a wɔde kyerɛw Bible mu no kyerɛ yaw kɛse a obi di.a Nea Yesu hui no kaa no paa. Sɛnea na ne werɛ ahow no daa adi bere a n’ani taataa nusu no. Ɛda adi sɛ yaw a na afoforo redi no kaa Yesu koma paa. So obi a wodɔ no asu ma w’ani ataataa nusu pɛn?—Romafo 12:15.

Tema a Yesu wɔ no ma yehu n’Agya, Yehowa, su ahorow ne n’akwan mu yiye. Kae sɛ Yesu daa n’Agya su ahorow adi yiye araa ma otumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yohane 14:9) Enti sɛ yɛkenkan sɛ “nusu guu Yesu” a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa te nka ma n’asomfo a wodi yaw no saa ara. Nokwarem no, Bible akyerɛwfo afoforo foa asɛm yi so. (Yesaia 63:9; Sakaria 2:8) Hwɛ ɔdɔ ara a Yehowa Nyankopɔn wɔ!

Sɛ obi wɔ tema a, ɛma afoforo bɛn no. Sɛ yɛn abam bu anaasɛ yɛbotow a, yɛkɔ yɛn mfɛfo nnipa a wobetumi ate yɛn nsɛm ase na wɔanya tema ama yɛn no nkyɛn. Sɛ saa a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye ne tema, na onim nea enti a yɛtew nusu no!—Dwom 56:8.

[Ase hɔ asɛm]

a Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nusu guu” no no taa kyerɛ “sɛ́ obi tew nusu.” Nanso asɛm a wɔde kyerɛkyerɛɛ osu a na Maria ne wɔn a wɔka no ho resu mu no betumi akyerɛ sɛ “obi su denneennen anaa ɔbɔ bena.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena