Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w09 10/1 kr. 3
  • So Yebetumi Ate Bible no Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Yebetumi Ate Bible no Ase?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛte N’Asɛm no Ase?
  • 3. Ma Afoforo Mmoa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • 1. Srɛ Onyankopɔn Ma Ɔmmoa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Adɛn Nti na Ehia sɛ Yɛte Bible Ase Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
w09 10/1 kr. 3

So Yebetumi Ate Bible no Ase?

“Ná yɛn abusua no kenkan Bible no Kwasida biara. Nanso na m’ani nnye ho papa. Ná migye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm, nanso mekenkan a, na mente emu nsɛm no pii ase.”—Steven, Britain.

“Bere a midii mfe 17 no, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkenkan Bible no. Nanso sɛ mekenkan a, na mente ase, enti migyaee.”—Valvanera, Spain.

“Mekenkanee Bible mũ no nyinaa pɛnkoro, efisɛ sɛ́ Katolekni no, na mete nka sɛ ɛsɛ sɛ mekenkan. Egyee me mfe abiɛsa ansa na merewie! Nanso mante hwee ase.”—Jo-Anne, Australia.

BIBLE no da so ara yɛ nhoma a agye din sen nhoma biara wɔ wiase. Wɔtɔ sen nhoma biara, nnipa pii wɔ bi, wɔatintim wɔ kasa horow pii mu, na wɔde emu nsɛm no agu mfiri ahorow so nnɛ sen bere biara a atwam. Nanso sɛ nnipa pii kenkan Bible no a, wɔnte ase. So ɛte saa wɔ wo fam?

So Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛte N’Asɛm no Ase?

Bible ka sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Ɛyɛ nokware, Yehowa Nyankopɔn ne Bible no Kyerɛwfo. So Onyankopɔn pɛ sɛ yɛte n’Asɛm no ase? Anaasɛ wahyɛ da ama Bible no mu ayɛ den sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa kakraa bi te sɛ asɔfo ne Bible ho abenfo nkutoo na wɔkenkan a wɔbɛte ase?

Susuw kyerɛwsɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu yi ho hwɛ:

“Mmara a mede rema wo nnɛ yi nyɛ den dodo mma wo na enni akyiri nso.”—Deuteronomium 30:11.

“Wo nsɛm so bue a, ɛma hann, na ɛma nea onni nimdeɛ nya ntease.”—Dwom 119:130.

“Ɛdɔn no ara mu no, anigye hyɛɛ [Yesu] mã denam honhom kronkron so, na ɔkae sɛ: ‘Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo ne animdefo, na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.’”—Luka 10:21.

Nokwarem no, Bible no Kyerɛwfo no pɛ sɛ wote n’Asɛm no ase! Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ɛda so ara yɛ den ma nnipa a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho no mu pii sɛ wɔbɛkenkan saa nhoma yi ate ase. Dɛn na ebetumi aboa wɔn? Nsɛm a edidi so no de nyansahyɛ abiɛsa a ebetumi aboa wo ma woate Bible no ase ma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena