Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 4/1 kr. 4
  • Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Nkurɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Nkurɔfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monyɛ Asɛm No Yɛfo, Ɛnyɛ Atiefo Nko
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Momma Yesu Nsɛm Nka Mo Suban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Obiara Nkasae Saa Da”
    “Bra Bedi M’akyi”
  • So Yesu Nsɛm Ka Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 4/1 kr. 4

Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Nkurɔfo

“Onyansafo a ofi Kapernaum no da so ara nya nnipa asetena so nkɛntɛnso nnɛ, na eyi ma yehu sɛ na ɔyɛ onipa titiriw ankasa.”a​—NHOMAKYERƐWFO GREGG EASTERBROOK.

KASA wɔ tumi. Nsɛm a nyansa wom betumi aka nkurɔfo koma, ebetumi ama wɔanya anidaso, na asesa wɔn asetena. Obiara ntenaa asase yi so a waka nsɛm a tumi wom sen Yesu Kristo. Obi a ɔtee nsɛm a Yesu kae wɔ ne kasa a agye din a ɛnnɛ wɔfrɛ no Bepɔw so Asɛnka no kyerɛwee sɛ: “Bere a Yesu wiee nsɛm yi no, ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipakuw no ho dwiriw wɔn.”—Mateo 7:28.

Ɛde besi nnɛ, nkurɔfo da so ara kae Yesu nsɛm no pii wɔ wiase nyinaa. Sɛ nhwɛso no, susuw ne nsɛm a ɛka koma no bi ho hwɛ.

“Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.”—Mateo 6:24.

“Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.

“Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”—Mateo 22:21.

“Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

Nanso, ɛnyɛ nsɛm a ɛka koma nko na Yesu kae. Ná tumi wɔ ne nsɛm mu efisɛ na ɛma wohu Onyankopɔn ho nokwasɛm, ɛma nkurɔfo hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔn asetena adi mũ, na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni na ebeyi adesamma haw nyinaa afi hɔ. Bere a yɛresusuw asɛm yi ho wɔ nsɛm a edidi so no mu no, yebehu nea enti a Yesu nsɛm da so ara nya ‘nnipa ɔpepem pii asetena so nkɛntɛnso.’

[Ase hɔ asɛm]

a Ná wobu Kapernaum a ɛwɔ Galilea mantam mu no sɛ Yesu kurom.—Marko 2:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena