Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 8/1 kr. 3-4
  • Anwonwade​—Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Ɛho Hia Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anwonwade​—Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Ɛho Hia Wo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anwonwade Nokwasɛm Anaa Atosɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yesu Awonwade Ahorow—So Esisii Ankasa?
    Nyan!—1984
  • Anwonwade a Ɛwɔ Bible Mu No​—Ɛyɛ Nokware Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yesu Anwonwade No Dɛn Na Wubetumi Asua Afi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 8/1 kr. 3-4

Anwonwade​—Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Ɛho Hia Wo?

“Sɛnea yɛte anwonwade ase no de, ɛne nyansahu nhyia koraa.”​—RICHARD DAWKINS, OBI A KAN NO NA ƆKYERƐKYERƐ NYANSAHU MU KYERƐ ƆMANFO.

“Ntease wom paa sɛ yebegye anwonwade adi. Ɛmmɔ nyamesom ngu, na mmom ɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn na ne nsa da so wɔ adesamma so.”​—NYANSAPƐ HO ƆBENFO ROBERT A. LARMER.

“WUGYE anwonwade di?” Nkurɔfo nsɛm a yɛafa aka no kyerɛ sɛ ɛsono obiara ne n’adwene wɔ anwonwade ho. Sɛ wobisa wo saa asɛm no a, mmuae bɛn na wobɛma?

Anhwɛ a ɛbɛyɛ wo den sɛ wobɛka sɛ “Yiw migye di.” Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ woka yiw a ɛbɛkyerɛ sɛ wowɔ gyidihunu anaa wunnim nhoma. Saa na nnipa bebree adwene yɛ wɔn.

Ebetumi nso aba sɛ wugye di sɛ anwonwade tumi sisi paa. Anwonwade a ɛwɔ Bible mu te sɛ Ɛpo Kɔkɔɔ a Mose paee mu no, ebia wugye di. Ebia wugye di sɛ yɛn mmere yi mu nso, anwonwade sisi. Nea ɛwom ne sɛ, amanneɛbɔ bi a wɔde too gua nnansa yi kyerɛ sɛ “Aburokyiman mu nnipa pii da so gye anwonwade di. Ebi ne United States; ɛhɔ nnipa baanan biara mu baasa gye anwonwade di, na Britain nso, sɛ yeyi nnipa 100 biara a, emu 38 da so gye anwonwade di.” (The Cambridge Companion to Miracles, Graham H. Twelftree ne samufo) Nea ɛka ho bio ne sɛ, ɛnyɛ Kristofo nko na wogye anwonwade di. Sɛnea nhoma bi ka no, “wohwɛ mu a, ɔsom nyinaa” gye anwonwade di.—Britannica Encyclopedia of World Religions.

Ebia wobisa wo saa asɛm no a, wobɛka sɛ: “Minnim, na ɛmfa me ho nso! Me de, anwonwade nsi m’akwan mu!” Adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ woma anwonwade ho hia wo?

Ma yɛnhwɛ mfatoho yi: Fa no sɛ yare a enni aduru bi ayɛ wo. Sɛ nhoma bi a agye din bɛka sɛ wɔanya aduru foforo a ebetumi asa yare no a, wunnye nni sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wubegye bere na woatɔ wo bo ase ahwehwɛ mu yiye? Saa ara nso na Bible hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ, anwonwade akɛse bi besisi. Ɛbɛka asase yi so abɔde a nkwa wom nyinaa. Wunnye nni sɛ ɛyɛ papa sɛ wode w’adwene bɛkɔ so na wode bere kakra ahwehwɛ mu ahwɛ sɛ saa bɔhyɛ no yɛ nokware anaa?

Nanso ansa na yɛbɛhwehwɛ anwonwade a wɔaka sɛ ɛbɛba daakye mu no, momma yemmua nsɛm a nkurɔfo taa ka de bɔ anwonwade a ɛwɔ Bible mu gu no.

[Kratafa 3 adaka]

DƐN NE ANWONWADE?

Ɛyɛ biribi a esi a ɛboro nnipa ahoɔden ne ne ntease so. Wɔtaa ka sɛ ɛyɛ honhom mu asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena