Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 9/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Abɔde—Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Yɛn Abrabɔ Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nea Bible Ka Fa Abɔfo Ho
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 9/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Abɔfo bɛtumi aboa yɛn anaa?

Daniel wɔ gyata amoa mu, na ɔbɔfo bi rebɔ ne ho ban

Tete no, abɔfo boaa Onyankopɔn somfo nokwafo Daniel. Ɛnnɛ nso, wɔboa nkurɔfo ma wɔtie asɛmpa no na wɔnya so mfaso

Yehowa Nyankopɔn bɔɔ abɔfo koraa ansa na ɔrebɔ nnipa, na wɔyɛ mpempem pii. (Hiob 38:4, 7) Abɔfo yɛ ahonhom, na wɔwɔ tumi paa. Wɔn nyinaa hyɛ Onyankopɔn ase, na ɛtɔ da a, ɔsoma wɔn ma wɔde akwankyerɛ kɔma n’asomfo a wɔwɔ asase so. Ɔtumi ma wɔbɔ wɔn ho ban nso. (Dwom 91:10, 11) Ɛnnɛ, asɛmpa a Yesu akyidifo reka no, abɔfo boa nkurɔfo ma wɔtie na wɔnya so mfaso.​—Kenkan Adiyisɛm 14:6, 7.

Ɛnde, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ abɔfo mpae? Dabi. Sɛ wobɔ obi mpae a, na ɛkyerɛ sɛ woresom no. Ɔsom nso de, Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ no. (Adiyisɛm 19:10) Abɔfo yɛ Onyankopɔn asomfo, enti nea Onyankopɔn bɛka no, ɛno na wɔtie na ɛnyɛ nea nnipa bɛka. Enti, Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛfa Yesu so bɔ no mpae.​—Kenkan Dwom 103:20, 21; Mateo 26:53.

Abɔfo bɔne wɔ hɔ?

Abɔfo te sɛ nnipa. Sɛnea Onyankopɔn de hokwan ama nnipa sɛ wɔmpaw nea wɔpɛ no, saa ara na abɔfo te. Enti wɔtumi paw sɛ wɔbɛyɛ papa anaa bɔne. Awerɛhosɛm ne sɛ, abɔfo pii tew Onyankopɔn so atua. (2 Petro 2:4) Satan na odii kan tew atua. Akyiri yi, abɔfo afoforo nso dii n’akyi, na wɔbɛyɛɛ adaemone. Ɛnkyɛe pii, wɔtow Satan ne n’adaemone fii soro baa asase so.​—Kenkan Adiyisɛm 12:7-9.

Ɛfi afe 1914 reba no, nsɛmmɔnedi ne awudisɛm dɔ ara na ɛredɔɔso. Ɛno kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn bɛyi Satan ne n’adaemone afi hɔ. Afei, Onyankopɔn bɛsiesie asase no ama asan afa ne ntama pa afura.​—Kenkan Adiyisɛm 12:12; 21:3, 4.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 10. Yehowa Adansefo na wotintimii.

Wobɛtumi atwe bi afi Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena