Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 12/1 kr. 3
  • Onyankopɔn Yɛ W’adamfo Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Yɛ W’adamfo Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WO NE ONYANKOPƆN BƐTUMI AFA ADAMFOƆ
  • Dɛn na Ɛkyɛn Wei?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Wubetumi ‘Abɛn Onyankopɔn’ Ampa?
    Bɛn Yehowa
  • Ɛyɛ a Wo ne Onyankopɔn Bɔ Nkɔmmɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Wo Ne Yehowa Abusuabɔ Di Mũ Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 12/1 kr. 3
Ɔbarima bi a ɔredwene Onyankopɔn ho

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐTUMI AFA ONYANKOPƆN ADAMFOƆ

Onyankopɔn Yɛ W’adamfo Anaa?

“Sɛ wo ne Onyankopɔn fa adamfoɔ a, ɛma wote nka sɛ wowɔ ahobammɔ na hwee nhia wo. Ɛma wote nka sɛ Onyankopɔn ani wɔ wo so.”​—CHRISTOPHER, ABERANTEWA BI A ƆWƆ GHANA.

“Sɛ wohyia ɔhaw a, Onyankopɔn hu. Saa bere no paa na ɔma n’ani kũ wo ho, na ɔdɔ a ɔyi no adi kyerɛ wo nso deɛ yɛnka.”​—HANNAH, ABAAYAA A ƆWƆ ALASKA, U.S.A. WADI MFIE 13.

“Biribiara nni hɔ a ɛsom bo na ɛma nnipa koma tɔ ne yam sen sɛ ɔbɛhu sɛ Onyankopɔn yɛ n’adamfo!”​—GINA, ƆYƐ ƆBAA A ƆFI JAMAICA. WADI BƐYƐ MFIE 45.

Ɛnyɛ Christopher, Hannah, ne Gina nko ara na wɔte nka saa. Nnipa a wɔwɔ wiase no mu pii hu Onyankopɔn sɛ wɔn adamfo. Wo nso ɛ? Onyankopɔn yɛ w’adamfo anaa? Sɛ wote nka sɛ Onyankopɔn yɛ w’adamfo a, dɛn na woyɛ a ɛbɛma wayɛ w’adamfo paa? Anaa afei na wopɛ sɛ wofa no adamfoɔ? Ebia w’adwene bɛyɛ wo sɛ: ‘Onipa dasani deɛ, menam he kɔfa adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn adamfoɔ? Sɛ ɛbɛyɛ yie saa a, dɛn na ɛbɛhia sɛ woyɛ?’

WO NE ONYANKOPƆN BƐTUMI AFA ADAMFOƆ

Bible ma yɛhu sɛ yɛbɛtumi afa Onyankopɔn adamfoɔ ma ayɛ yie. Ɛsan ka sɛ Onyankopɔn frɛɛ tete Hebrini agya Abraham sɛ ‘n’adamfo.’ (Yesaia 41:8) Afei nso, Yakobo 4:8 ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” Wei nyinaa kyerɛ sɛ nnipa ne Onyankopɔn bɛtumi afa adamfoɔ. Nanso asɛm no ne sɛ, Onyankopɔn a yɛnhu no deɛ, yɛbɛyɛ dɛn ‘abɛn’ no afa no adamfoɔ?

Sɛ yɛbɛtumi anya saa asɛm no ho mmuaeɛ a, gye sɛ yɛhwɛ sɛnea nnipa fa adamfoɔ. Ansa na nnipa mmienu bɛtumi afa adamfoɔ no, obiara hu ne yɔnko din. Ɛno akyi no, wɔtaa bɔ nkɔmmɔ ma obiara ka ne koma mu nsɛm kyerɛ ne yɔnko. Afei, bere a obiara yɛ nea ɛbɛma ne yɔnko ani agye no, nkakrankakra adamfofa no sɔ. Sɛ yɛbɛtumi afa Onyankopɔn adamfoɔ a, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yɛbɛyɛ no sɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena