Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 3/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa so Kae Yesu Wu No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Awurade Anwummeduane No​—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 3/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu wuo no?

Nnipa a wɔn ani agye wɔ paradise asase so

Yesu wuo no ama nnipa anya dɛn ho anidaso?​—Yesaia 25:8; 33:24

Yesu wuo no yɛ ade a ɛho hia paa wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ama nnipa asan anya daa nkwa ho anidaso. Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔnyɛ bɔne, wɔnyare, na wɔnwu. (Genesis 1:31) Nanso onipa a ɔdi kan a ɔne Adam no de bɔne baa wiase. Yesu de ne nkwa too hɔ de gyee yɛn fii bɔne ne owuo mu.​—Kenkan Mateo 20:28; Romafoɔ 6:23.

Onyankopɔn somaa ne Ba baa asase so ma ɔbɛwu maa yɛn de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ soronko ma yɛn. (1 Yohane 4:9, 10) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmfa paanoo ne bobesa nyɛ afahyɛ korokorowa bi mfa nkae ne wuo no. Afe biara sɛ yɛdi saa afahyɛ no a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ ɔdɔ a Onyankopɔn ne Yesu ada no adi akyerɛ yɛn no.​—Kenkan Luka 22:19, 20.

Hwannom na wɔfata sɛ wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi?

Bere a edi kan a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkae ne wuo no, ɔsan kaa apam, anaa nhyehyɛe bi ho asɛm. (Mateo 26:26-28) Ɛmaa wɔn ne nnipa kakraa bi nyaa hokwan sɛ wɔbɛkɔ akɔka Yesu ho wɔ soro na wɔayɛ ahemfo ne asɔfo. Ɛwom sɛ nnipa mpempem pii na wɔkae Yesu wuo no deɛ, nanso wɔn mu kakraa bi a wɔka apam no ho no na wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi.​—Kenkan Adiyisɛm 5:10.

Bɛyɛ mfe 2,000 ni a Yehowa fii ase yii nnipa a wɔbɛkɔ akɔdi hene wɔ soro no. (Luka 12:32) Wode wɔn toto nnipa dodow a wɔbɛtena asase so daa no ho a, wɔsua koraa.​—Kenkan Adiyisɛm 7:4, 9, 17.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma yi ti 5. Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena