Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 4/1 kr. 15
  • So Wonim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wonim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsraani Panyin Bi Nyaa Gyidi Kɛse
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Romafo Asraafo Ha So Panyin Yamyefo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yehowa Hu Me Sɛn?
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • “Monsɔ Mo Ho Nhwɛ Sɛ Mowɔ Gyidi No Mu Anaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 4/1 kr. 15

SO WONIM?

Ná Roma sraani panin adwuma ne sɛn?

Roma ɔsraani panin bi nkaedum

Ɔsraani Panin Marcus Favonius Facilis Nkaedum

Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ka Roma asraafo mpanimfoɔ ho asɛm mpɛn pii. Ɔsraani a ɔhwɛ maa wɔkum Yesu no, na ɔyɛ ɔsraani panin. Kornelio a ɔyɛ Amanaman muni a ɔdii kan bɛyɛɛ Kristoni no nso, na ɔyɛ ɔsraani panin. Ɔsraani a na ɔbɛhwɛ ama wɔabɔ ɔsomafo Paulo mmaa, ne Yulio a ɔdii Paulo anim de no kɔɔ Roma no nso, na wɔyɛ asraafo mpanimfoɔ.​—Marko 15:39; Asomafoɔ Nnwuma 10:1; 22:25; 27:1.

Mpɛn pii no, na ɔsraani panin hwɛ asraafo bɛyɛ 50 kɔsi 100 so. Ná ne nnwuma no bi ne sɛ ɔde ntetee bɛma asraafo no na wateɛ wɔn so. Afei nso, na ɔhwɛ sɛnea asraafo no ntade ne nneɛma a wɔde yɛ adwuma no te, na na ɔde akwankyerɛ ma wɔn bere a wɔreyɛ adwuma.

Dibea a ɛkyɛn so a na ɛwɔ asraafo adwuma no mu ne sɛ obi bɛyɛ ɔsraani panin. Asraafo a wɔayɛ adwuma no akyɛ na wɔnim sɛnea wɔdi asraafo anim na na wɔde dibea a ɛte saa ma wɔn. Sɛ na Roma asraafo bɛtumi ayɛ wɔn adwuma yie ama biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ a, na ɛgyina ɔsraani panin no so. Sɛnea nwoma bi kyerɛ no, na asraafo mpanimfoɔ “yɛ wɔn a mpɛn pii no wɔwɔ suahu paa na wɔaben wɔ asraadi adwuma no mu.”

Dɛn na ɛma ahwehwɛ a na wɔde di dwuma wɔ Bible mmere mu no yɛ soronko wɔ nnɛ deɛ ho?

Tete Egyptfo ahwehwɛ

Tete Egyptfo ahwehwɛ

Ahwehwɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ soronko koraa wɔ nea na ɛwɔ hɔ wɔ Bible mmere mu no ho. Tete mmere mu no, na wɔtaa de dade bi te sɛ kɔbere a wɔatwiw anim ma ɛrete hyɛnhyɛn na ɛyɛ ahwehwɛ. Ná wɔtumi de dwetɛ, sika kɔkɔɔ, anaa dwetɛ ne sika mfrafrae nso yɛ bi. Bere a ɛdi kan a wɔkaa ahwehwɛ ho asɛm wɔ Bible mu no yɛ bere a na wɔresi ntamadan no; nea Israelfo dii kan yɛe a na wɔsom wom no. Mmaa de wɔn nhwehwɛ bae ma wɔde yɛɛ kɔberesɛn ne ne nnyinaso no. (Exodus 38:8) Ɛbɛyɛ sɛ wɔnanee saa nhwehwɛ no ansa na wɔde reyɛ ɛsɛn no.

Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu ahu nhwehwɛ wɔ Israel ne mmeae bi a ɛbɛn hɔ, na mpɛn pii no wɔhunuu saa nhwehwɛ no wɔ agude ne nneɛma foforo a na mmaa de siesie wɔn ho mu no mu. Saa nhwehwɛ no dodow no ara yɛ kurukuruwa, na ne nsa no yɛ dua, dade, anaa asonse a wɔasen no fɛfɛɛfɛ; wɔasen emu dodow no ara te sɛ ɔbaa. Ná wɔtwi ahwehwɛ no anim a, na wɔagya akyi no.

Ná ahwehwɛ a ɛwɔ hɔ tete no nyɛ hyɛnhyɛn te sɛ nnɛ deɛ no; ɛno deɛ na ɛyɛ wisiwisi. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno na na ɔsomafo Paulo reka ho asɛm bere a ɔkaa asɛm a ɛdi hɔ yi no: “Seesei deɛ yɛhunu nneɛma wisiwisi wɔ dadeɛ ahwehwɛ mu.”​—1 Korintofoɔ 13:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena