Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 7/1 kr. 8-9
  • Asiane Ho Dadwene

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asiane Ho Dadwene
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MPAEBƆ SO WƆ MFASO
  • ANIDASO A YƐWƆ DAAKYE
  • Dadwene Abu So wɔ Baabiara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Fa wo Dadwen Nyinaa To Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 7/1 kr. 8-9

ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WOBƐDI DADWENE SO

Asiane Ho Dadwene

Alona ka sɛ: “Sɛ mete sɛ wɔrebɔ abɛn denneennen a, na me koma rebɔ pariparipari. Sɛ ɛba saa a, medwane kɔhyɛ baabi a etuo ntumi nka me. Nanso, sɛ mehyɛ hɔ mpo a, me koma ntɔ me yam. Sɛ mewɔ abɔnten na mete abɛn no a, ɛnde na mawu koraa efisɛ baabiara nni hɔ a mɛtumi de me ti akɔhyɛ. Bere bi a menam abɔnten a abɛn no bɔe no, mefirii ase sui na na mentumi nhome. Ɛdii nnɔnhwerew pii ansa na me koma retɔ me yam. Ankyɛ na abɛn no san bɔɔ bio.”

Alona redwendwene ɔtopae a wɔato ama nneɛma asɛe ho

Alona

Nneɛma a ɛde asiane ba no, akodi yɛ mu baako pɛ. Nhwɛso bi ni, sɛ wohu sɛ w’ankasa, anaa wo dɔfo bi anya owuyare bi a, ɛbɛtumi ayɛ te sɛ nea wɔawɔ wo sekan. Ebinom nso, ehu bɛtumi ama adwendwene ahyɛ wɔn so. Ɛyɛ a wɔbisa sɛ, ‘Enti me mma anaa me nananom rebɛtena wiase a akodi, nsɛmmɔnedi, efĩ, wiem nsakrae bɔne, ne yaredɔm ahyɛ mu mã yi mu?’ Yɛbɛyɛ dɛn agyina dadwene a ɛte saa ano?

Esiane sɛ yɛnim sɛ nneɛma bɔne tumi sisi nti, “onitefoɔ hunu mmusuo na ɔde ne ho hunta.” (Mmebusɛm 27:12) Sɛnea yɛbɔ mmɔden bɔ yɛn ho ban fi asiane ahorow ho no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bɔ yɛn adwene ho ban na yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a ɛbɛtumi ahyɛ yɛn awerɛhoɔ ho. Nneɛma a yɛde gyegye yɛn ani a awudisɛm wɔ mu ne mfonini a ani yɛ nyan a wɔyi bere a wɔrema kaseɛbɔ no bɛtumi ama yɛn mma ne yɛn ankasa koma atu. Sɛ yɛanhwɛ mfonini a ɛte saa a, ɛno nkyerɛ sɛ yɛyɛ ahufo. Onyankopɔn ammɔ yɛn adwene no sɛ yɛmfa nsusu nneɛma bɔne ho. Mmom no, ɔbɔe sɛ yɛmfa nsusu ‘biribiara a ɛyɛ nokorɛ, ɛtene, ɛho teɛ, na ɛyɛ fɛ’ ho. Sɛ yɛyɛ saa a, “asomdwoeɛ Nyankopɔn” no bɛma yɛanya asomdwoeɛ ne akomatɔyam.—Filipifoɔ 4:8, 9.

MPAEBƆ SO WƆ MFASO

Gyidi ankasa boa yɛn ma yɛtumi gyina dadwene ano. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, ‘yɛnwɛn mma mpaebɔ.’ (1 Petro 4:7) Yɛbɛtumi abɔ mpae asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn, na ɔmma yɛn nyansa ne akokoduru mfa nnyina tebea biara ano, na yɛwɔ ahotoso sɛ ‘ɔbɛtie biribiara a yɛbisa no’ no.—1 Yohane 5:15.

Avi ne Alona rebɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa

Ɔne ne kunu Avi

Bible kyerɛ sɛ Satan ne “wiase yi sodifoɔ” na ɛnyɛ Onyankopɔn. Ɛsan ka sɛ, “wiase nyinaa da ɔbɔnefoɔ no tumi mu.” (Yohane 12:31; 1 Yohane 5:19) Enti bere a na Yesu rekyerɛ sɛnea yɛbɛbɔ mpae no, ɔkaa no tẽẽ sɛ: “Gye yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.” (Mateo 6:13) Alona ka sɛ: “Bere biara a mɛte abɛn no, mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me na ehu ammunkam me so. Afei nso, me kunu tumi frɛ me ma yɛbom bɔ mpae. Mpaebɔ boa me paa.” Wei ne nea Bible ka no hyia. Ɛka sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛdie mu no.”—Dwom 145:18.

ANIDASO A YƐWƆ DAAKYE

Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahennie mmra.” (Mateo 6:10) Onyankopɔn Ahenni no bɛyi biribi bɔne biara a ɛde adwendwene ba yɛn so no afi hɔ koraa. Onyankopɔn nam Yesu, “Asomdwoeɛ Hene” no so bɛma ‘akodie agyae akɔsi asase ano.’ (Yesaia 9:6; Dwom 46:9) ‘Onyankopɔn bɛbu atɛn aman pii mu. Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman foforɔ so, na wɔrensua akodie bio. Na obiara renyi wɔn hu.’ (Mika 4:3, 4) Mmusua a wɔwɔ anigye bɛsisi “adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.” (Yesaia 65:21) “Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24.

Ɛnnɛ, sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yie sɛ dɛn mpo a, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛbɛtumi abɔ yɛn ho ban afi asiane ho. Biribi a ‘yɛnhwɛ kwan’ anaa asiane bɛtumi ato yɛn bere biara. (Ɔsɛnkafoɔ 9:11) Ɛfiri tete na akodi, awudisɛm, ne yareɛ ama nnipa pa pii awuwu. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔte saa no?

Nnipa mpempem pii awuwu a Onyankopɔn nko ara na ɔnim wɔn dodow, na ɔbɛnyane wɔn aba nkwa mu bio. Seesei deɛ wɔn nyinaa ada wɔ Onyankopɔn nkaeɛ mu kɔsi da a ‘wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛfiri adi.’ (Yohane 5:28, 29) Bible ka owusɔre ho asɛm, na ɛma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yɛwɔ saa anidasoɔ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛtim hɔ na ɛyɛ pintinn.” (Hebrifoɔ 6:19) Na Onyankopɔn ‘anyane Yesu afiri awufoɔ mu de ayɛ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.’—Asomafoɔ Nnwuma 17:31.

Seesei deɛ, wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde mpo no, adwendwene bɛtumi ahyɛ wɔn so. Paul, Janet, ne Alona de nyansa yɛɛ adwuma, wɔbɛn Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu, na daakye ho anidaso a Bible ka ho asɛm mu gyidi a wɔwɔ no aboa wɔn ma wɔatumi agyina dadwene ano. “Onyankopɔn a ɔma anidasoɔ no mfa gye a mogye die so mma anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nyɛ mo mã” sɛnea ɔyɛ maa wɔn no.—Romafoɔ 15:13.

Ɛhia sɛ Mekɔhu Dɔkota Anaa?

Sɛ woyɛ nea wobɛtumi biara nanso dadwene da so ara reteetee wo a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ akɔhu dɔkota. Sɛ dadwene ahyɛ wo so araa ma woyɛ ho hwee na ɛnyɛ yie a, ɛnde ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ ɔhaw foforo bi. Ɛba saa a, dɔkota a ɔrehwɛ wo no bɛtumi ayɛ wo nipadua mu nhwehwɛmu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɛtɔ mmere bi a, yareɛ na ɛma adwendwene hyɛ obi so. Sɛ ɔnya yɛ nhwehwɛmu no wie a, afei ɔbɛtumi aboa ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ.a

a Ɔwɛn-Aban nkamfo aduruyɛ biara nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ hu sɛ ayaresa biara a wɔbɛhwehwɛ no ne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia. Afei nso, hwɛ asɛm a wɔato din “Sɛnea Wɔbɛboa Wɔn a Wɔwɔ Nkate Mu Yare” a ɛwɔ April 2012 Nyan! mu no. Ɛwɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena