Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 10/1 kr. 3
  • Adɛn Nti na Yɛbɔ Mpae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti na Yɛbɔ Mpae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn a Wobɛbɛn No Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Mommɔ Mpae Mma Mo Ho Mo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 10/1 kr. 3

ASƐM A ƐDA SO | MPAEBƆ ƐHO HIA ANAA?

Adɛn Nti na Yɛbɔ Mpae?

“Ná meto kyakya mma obi nto bi, na na me mpaebɔ ara ne sɛ mɛdi anya me ho tam. Nanso, manni bi da.”​—Samuel,a Kenya.

“Mewɔ sukuu no, wɔkyerɛɛ yɛn mpaebɔ bi a daa ɛno nko ara na na yɛbɔ.”​—Teresa, Philippines.

“Sɛ asɛm bi to me a, mebɔ mpae. Afei ɛyɛ a mebɔ mpae srɛ bɔne fafiri, na na mebɔ mpae nso srɛ mmoa na matumi ayɛ Kristoni papa.”​—Magdalene, Ghana.

1. Ɔbarima bi a ɔte pono bi ho rebɔ mpae; 2. Abaayewa bi a ɔrebɔ mpae wɔ sukuu mu; 3. Ɔbaa bi a ɔrebɔ mpae

Nsɛm a Samuel, Teresa, ne Magdalene kae no ma yɛhu sɛ mpaebɔ gu ahorow; mpaebɔ no bi yɛ papa sene bi. Ɛnyɛ mpae a nkurɔfo bɔ nyinaa na ɛfiri komam. Ebinom wɔ hɔ a, wɔrekɔkyerɛw sɔhwɛ a na wɔbɔ mpae. Ebinom deɛ, sɛ agodie kuo a wɔtaa akyi rekɔsi akan a, na wɔbɔ mpae. Ebi nso bɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛ akwankyerɛ a ɛbɛboa wɔn mmusua. Nneɛma foforo pii na ɛma nkurɔfo bɔ mpae. Weinom nyinaa kyerɛ sɛ, nnipa mpempem pii hu sɛ mpaebɔ ho hia. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔn a wɔnni ɔsom biara mu no mpo taa bɔ mpae.

Ɛyɛ a wobɔ mpae? Dɛn na ɛyɛ a wobɔ ho mpae? Wobɔ mpae oo, wommɔ mpae oo, ebia wobɛbisa sɛ: ‘Enti mpaebɔ ho hia? Mebɔ mpae a, obi wɔ hɔ a ɔtie anaa?’ Ɔkyerɛwfo bi ka mpaebɔ ho asɛm sɛ, ɛyɛ biribi a ɛma obi yi n’adwene fi ne haw so bere tiaa bi. Dɔkotafo bi nso kyerɛ sɛ, “mpaebɔ yɛ aduro.” Mpaebɔ yɛ beresɛe anaa? Anaasɛ ɛyɛ biribi a ɛma obi yi n’adwene fi ne haw so bere tiaa bi?

Dabi. Mmom, Bible ma yɛhu sɛ obi wɔ hɔ a ɔtie mpaebɔ, na ɛnyɛ biribi a ɛma obi yi n’adwene fi ne haw so bere tiaa bi. Enti sɛ wofa kwampa so bɔ mpae na nea worebisa no fata a, mpaebɔ tiefo no bɛtie. Ɛyɛ ampa sɛ ɔbɛtie? Ma yɛnhwɛ.

a Wɔasesa edin ahorow no bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena