Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 10/1 kr. 5
  • Nea Enti a Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛbɔ No Mpae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛbɔ No Mpae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa yɛn adamfo.
  • Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa wo.
  • Wɔde ɔsom duaa nnipa mu.
  • Wobɔ Mpae a Onyankopɔn Tie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Onyankopɔn a Wobɛbɛn No Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 10/1 kr. 5

ASƐM A ƐDA SO | MPAEBƆ ƐHO HIA ANAA?

Nea Enti a Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛbɔ No Mpae

Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa yɛn adamfo.

Nkɔmmɔbɔ ma adamfoɔ sɔ. Onyankopɔn nso pɛ sɛ yɛyɛ ne nnamfo paa, enti ɔpɛ sɛ yɛne no bɔ nkɔmmɔ. Ɔka sɛ: “Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo.” (Yeremia 29:12) Sɛ wobɔ Onyankopɔn mpae a, ‘wobɛbɛn no na ɔno nso bɛbɛn wo.’ (Yakobo 4:8) Bible ma yɛhu sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.” (Dwom 145:18) Sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae bere nyinaa a, ɛma yɛne no yɛ nnamfo paa.

“Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.”—Dwom 145:18

Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa wo.

Yesu kaa sɛ: “Mo mu hwan koraa na ne ba bisa no paanoo a ɔde boɔ bɛma no? Anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛma no? Enti sɛ [monim] sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, hwɛ mprɛ dodoɔ ara a mo Agya a ɔwɔ soro no de nnepa bɛma wɔn a wɔbisa no no!” (Mateo 7:9-11) Enti, Onyankopɔn pɛ sɛ wobɔ no mpae efisɛ, ‘ɔdwene wo ho’ na ɔpɛ sɛ ɔboa wo. (1 Petro 5:7) Ɔka mpo sɛ fa wo haw bɛto n’anim. Bible ka sɛ: “Monnnwennwene biribiara nnha mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim adeɛ nyinaa mu.”—Filipifoɔ 4:6.

Wɔde ɔsom duaa nnipa mu.

Animdefo a wɔhwehwɛ nnipa asetena ho nsɛm mu ahu sɛ nnipa mpempem pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae. Ebinom a wɔnnye Onyankopɔn nni ne wɔn a wɔntumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no mpo ahu sɛ mpaebɔ ho hia.a Wei kyerɛ sɛ nnipa wɔ honhom fam ahiadeɛ anaa wɔde ɔsom adua yɛn mu. Yesu kaa sɛ: “Anigyeɛ ne wɔn a wɔnim wɔn honhom mu ahiadeɛ.” (Mateo 5:3) Ɔkwan baako a yɛbɛtumi afa so anya saa ahiadeɛ no ne sɛ, yɛbɛbɔ Onyankopɔn mpae daa.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Sɛ yɛbɔ no mpae a, mfaso bɛn na yɛbɛnya?

a Afe 2012 mu no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ United States, na wɔhuu sɛ, sɛ yɛyi nnipa a wɔnnye Onyankopɔn nni ne wɔn a wɔntumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ bɛyɛ 10 a, anyɛ hwee koraa no, wɔn mu baako bɔ mpae pɛnkoro bosome biara.​—Pew Research Center.

Nneɛma Bɛn na Yɛbɛtumi Abɔ Ho Mpae?

Bible kyerɛ sɛ yɛbɛtumi abɔ biribiara a ɛfa yɛn asetena ho mpae. Nneɛma a yɛbɛtumi abɔ ho mpae no bi ni:

  • Yɛn Bɔne a Yɛbɛka “Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomsoɔ so.”—Dwom 32:5.

  • Aseda “Ɛyɛ sɛ yɛda Yehowa ase.”—Dwom 92:1.

  • Ayeyi “Mɛhyira Yehowa berɛ nyinaa; n’ayeyie rempa m’anom da.”—Dwom 34:1.

  • Akwankyerɛ “Ma mennante wo mmara nsɛm kwan so, ɛfiri sɛ ɛno na m’ani gye ho.”—Dwom 119:35.

  • Ahoɔden “Dane w’ani kyerɛ me, na dom me. Ma w’akoa ahoɔden.”—Dwom 86:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena