Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp16 nɔma 4 kr. 9
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awaregyae ne Mmofra Ho Dɔ
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Awaregyae ne Mmofra ho Dɔ ho Asuade Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • “Nea Onyankopɔn Aka Abom No . . .”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Di “Nea Onyankopɔn Aka Abom No” Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
wp16 nɔma 4 kr. 9

So Wunim?

Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔkwan a Yesu faa so ne akwatafo dii nsɛm no yɛ soronko?

Yesu de ne nsa aka kwatani bi

Kwata yɛ nsanyare a na tete Yudafo no suro paa. Ná saa yare bɔne yi betumi ama obi adi dɛm afebɔɔ. Na na ano aduru nni hɔ. Enti na wɔma akwatafo nkutoo kɔtena baabi, na na ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ wɔn yare no ho.—Leviticus 13:45, 46.

Yudafo nyamesom akannifo hyehyɛɛ kwata ho mmara pii a na enni Kyerɛwnsɛm no mu, na ɛmaa akwatafo ho kyeree wɔn anaa wɔn asɛm yɛɛ mmɔbɔ paa. Nhwɛso bi ni. Yudafo asɔfo hyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkwatani bɛn obi mita 2. Nanso sɛ mframa bɔ a ɛnde na asɛm no asɛe koraa; ɛnsɛ sɛ ɔbɛn obi mita 45. Kyerɛwnsɛm mu asɛm a ɛka sɛ, akwatafo ntena “nsraban no akyi” no, Yudafo atetesɛm ho animdefo bi kyerɛ mu sɛ, ɛnsɛ sɛ obi a ɔyare kwata tena kurow a wɔato ho fasu mu. Ɛno nti mpɛn pii no, sɛ na Yudafo sɔfo bi hu ɔkwatani wɔ kurow mu a, ɔde abo pam no ka sɛ: “Fi ha kɔ wo tenabea, na woammegu afoforo ho fĩ.”

Yesu anyɛ n’ade saa. Sɛ́ anka ɔbɛpam akwatafo no, na wayɛ krado sɛ ɔde ne nsa bɛka wɔn—ɔsaa wɔn yare mpo.—Mateo 8:3.

Dɛn na na Yudafo nyamesom akannifo gyina so gu aware?

Awaregyae ho krataa a na ɛwɔ hɔ afe 71/72 Y.B.

Awaregyae Ho Krataa A Na Ɛwɔ Hɔ Afe 71/72 Y.B.

Yesu bere so no, sɛ awaregyae ho asɛm bɛtɔ nyamesom akannifo no anim a, ná ɛtaa yɛ twe-ma-mentwe. Enti da bi, Farisifo no bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ asɛm biara nti ɔbarima gyaa ne yere anaa?”—Mateo 19:3.

Mose Mmara no maa kwan sɛ ɔbarima betumi agyae ne yere sɛ “ohu sɛ ɔbea no ayɛ biribi a enye a.” (Deuteronomium 24:1) Yesu bere so no, na Yudafo asɔfokuw mmienu na ɛwɔ hɔ, na na ɛsono emu biara adwene wɔ mmara yi ho. Shammai Kuw a na wɔn asɛm yɛ den no kyerɛɛ mu sɛ, awaresɛe ne ade baako pɛ a na obi betumi agyina so agyae aware. Nanso Hillel Kuw no kae sɛ, mfomso biara nni ho sɛ ɔbarima begyae ne yere. Obetumi agyina biribiara so agyae no, mpo sɛ anwummere bi, ɔbaa no aduan anyɛ no dɛ anaasɛ okohu ɔbea foforo a ne ho yɛ fɛ sen ne yere no a, obetumi agyae no.

Mmuae bɛn na Yesu de maa Farisifo no? Ɔkaa no pen sɛ: “Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.”—Mateo 19:6, 9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena