Nnianim Asɛm
Wudwen Ho Sɛn?
Bible bere atwam? Anaa wohwɛ a mfaso da so ara wɔ so? Bible no ara akasa ama ne ho. Ɛka sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.”—2 Timoteo 3:16, 17.
Wokenkan Ɔwɛn-Aban yi a, wubehu sɛ afotu pa pii wɔ Bible mu a wubetumi de abɔ wo bra. Afei nso, ɛbɛma woahu sɛnea wobɛkenkan Bible anya so mfaso yiye.