Nnianim Nsɛm
WUDWEN HO SƐN?
Akyɛde a ɛso bi nni bɛn na Onyankopɔn de ama yɛn?
Bible ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.”—Yohane 3:16.
Wokenkan Ɔwɛn-Aban yi a, wubehu nea enti a Onyankopɔn somaa Yesu baa asase so bewu maa yɛn. Afei wubehu sɛnea yebetumi akyerɛ saa akyɛde no ho anisɔ.