Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp17 nɔma 5 kr. 4-5
  • Abɔfo Ho Nokwasɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɔfo Ho Nokwasɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Abɔfo
    Nyan!—2017
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
wp17 nɔma 5 kr. 4-5
Ɔbɔfo panyin ne abɔfo ɔpepem pii

ASƐM A ƐDA SO | ABƆFO​—ENTI WƆWƆ HƆ AMPA? NEA ENTI A ƐFA YƐN HO

Abɔfo Ho Nokwasɛm

Wopɛ sɛ wuhu abɔfo ho nokwasɛm anaa? Wɔyɛ henanom? Wɔyɛɛ dɛn bae? Dɛn na wɔyɛ? Baabiara nni hɔ a yebenya mmuae no, gye Onyankopɔn Asɛm Bible a ɔde ne honhom kaa nnipa ma wɔkyerɛwee no mu. (2 Timoteo 3:16) Ɛnde, dɛn na Bible aka?

  • Sɛnea Onyankopɔn yɛ Honhom no, saa ara nso na abɔfo no yɛ honhom abɔde a ‘wonni honam ne nnompe.’ Abɔfo anokwafo wɔ soro, na wotumi hu Onyankopɔn.—Luka 24:39; Mateo 18:10; Yohane 4:24.

  • Tete no, na Onyankopɔn tumi soma abɔfo ba asase so bedi dwuma bi. Wɔba a, wɔdan wɔn ho nnipa, wowie a na wɔasan adan ahonhom.—Atemmufo 6:11-23; 13:15-20.

  • Ɛwom, Bible ka abɔfo ho asɛm te sɛ nea wɔyɛ mmarima, na wɔba asase so nso a, wɔdan mmarima. Nanso wɔnyɛ mmarima, wɔn nso a wɔnyɛ mmaa. Wɔnware na wɔnwo wɔn sɛso nso. Ɛnyɛ nnipa bi na wofi asase so kɔyɛ abɔfo wɔ soro. Ɛnyɛ nkokoaa, mmofra anaa mpanyimfo. Mmom no, Yehowa hyɛɛ da bɔɔ abɔfo. Ɛno nti Bible frɛ wɔn “nokware Nyankopɔn mma.”—Hiob 1:6; Dwom 148:2, 5.

  • Bible ka “nnipa ne abɔfo kasa” ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ abɔfo wɔ kasa a wɔka. Ɛwom, Onyankopɔn nam abɔfo so ne nnipa akasa pɛn deɛ, nanso ɔmma yɛn kwan sɛ yɛnsom wɔn anaa yɛmmɔ wɔn mpae.—1 Korintofo 13:1; Adiyisɛm 22:8, 9.

  • Abɔfo mpem du ahorow mpem du na wɔwɔ soro. Ebia wɔn dodow yɛ ɔpepepem pii.—Daniel 7:10; Adiyisɛm 5:11.

  • Abɔfo yɛ “ahoɔdenfo.” Wɔwɔ ahoɔden koraa sen nnipa. Wɔn nyansa nso boro nnipa deɛ so. Ɛda adi sɛ, abɔfo ho yɛ hare paa; wotumi twa kwantenten bere tiaa mu. Biribiara nni asase so a yebetumi de atoto wɔn ahoɔhare ho.—Dwom 103:20; Daniel 9:20-23.

  • Ɛwom, abɔfo wɔ nyansa ne tumi koraa sen nnipa, nanso ɛnyɛ biribiara na wobetumi ayɛ. Afei nso ɛnyɛ biribiara na wonim.—Mateo 24:36; 1 Petro 1:12.

  • Onyankopɔn bɔɔ abɔfo no, ɔmaa wɔn su ahorow ne hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Enti, te sɛ nnipa no, wɔn nso wotumi paw sɛ wɔbɛyɛ papa anaa bɔne. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, abɔfo binom paw sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden.—Yuda 6.

Wɔahyehyɛ Onyankopɔn Abɔfo No Sɛn?

Ɔbɔfo panyin Mikael na ɔda abɔfo no nyinaa ano, na ɔwɔ tumi ne ahoɔden kyɛn abɔfo a aka no nyinaa. Bible ma yehu sɛ Mikael yɛ din foforo a wɔde frɛ Yesu Kristo.—1 Tesalonikafo 4:16; Yuda 9.

Serafim yɛ abɔfo a wɔwɔ nidi ne dibea soronko paa, na wogyinagyina Onyankopɔn ahengua ho.—Yesaia 6:1-3.

Kerubim nso yɛ abɔfo a wɔwɔ dibea soronko. Wɔn dwumadi titiriw ne sɛ wɔbɛhyɛ ade nyinaa so Tumfo no anuonyam. Bible taa ka wɔn ho asɛm sɛ wogyinagyina Onyankopɔn anim.—Genesis 3:24; Hesekiel 9:3; 11:22.

Abɔfo mpempem pii a aka no nso, wɔyɛ Ɔsorosoroni no asomafo, na ɔsoma wɔn ma wɔkɔyɛ n’apɛde.a—Hebrifo 1:7, 14.

a Sɛ wopɛ abɔfo ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 10. Afei wohwɛ ɔfã a wɔato din “Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” a, wubehu asɛmti a ɛne “Ɔbɔfo Panyin Mikael.” Yehowa Adansefo na wɔyɛe. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena