Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nnannanho A Yɛde Bedi Dwuma So
1 Sɛ́ obi de nnannanho di dwuma no kyerɛ sɛ “otumi dan fi asɛm anaa adeyɛ biako so kɔ foforo so a ɛnyɛ no den koraa.” So yebetumi de saa su yi adi dwuma yiye March ne asram a ɛreba no mu bere a yɛka Ahenni no ne emu nhyira horow ho asɛm no?
2 Sɛ nhwɛso no, sankubɔfo a ne ho akokwaw tumi bɔ nnwom ahorow ahorow, ma n’atiefo ani gye. Te sɛ saa sankubɔfo no, ɛsɛ sɛ yetumi dannan nnwom a yɛde yi yɛn Nyankopɔn ayɛ no mu. Odwontofo no kae wɔ Dwom 146:2 sɛ: “Meyi Awurade [Yehowa] ayɛ, mewɔ hɔ yi, MƐTO DWOM mama me Nyankopɔn.” Yehowa asiesie yɛn nnɛ ma yɛato dwom a ɛyɛ nnipa koma pafo asom dɛ, dwom a ɛsen nea onipa betumi abɔ wɔ sanku biara so. Sɛ yetumi dannan yɛn asɛnka no mu a, yebetumi akanyan nokware hwehwɛfo koma denam asɛmpa no a yɛnam ɔkwan a etu mpɔw so ka kyerɛ wɔn no so. Dodow a obi tumi dannan n’asɛnka mu no, dodow ara na obetumi anya nnipa a wɔwɔ nguanten su pii ma wɔatie.
3 Yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ obi a ofii asɛnka adwuma ase nkyɛe no betumi adannan n’asɛnka mu te sɛ obi a ɔde mfe pii ayɛ saa. Nea ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo betumi ayɛ no sua, na ebia ɔbɛfɛre kakra mpo bere a ɔredi tebea horow a ohyia wɔ afie afie ho dwuma no. Ɛdenam osuahu a obenya ne mmoa a wofi ɔdɔ mu ma no so no, ɛsɛ sɛ ohu sɛnea wodi tebea horow pii a yehyia wɔ afie afie no ho dwuma yiye. Nokwarem no, wɔ afe biako anaa mfe abien bere mu no, pii anya nkɔso wɔ afie afie asɛnka adwuma, sankɔhwɛ ne Bible adesua yɛ mu. Mmɔdenbɔ so na wɔnam yɛɛ eyi, na mpɛn pii no ɛdenam mmoa bi a wɔde ma so.
4 Ade biako a ɛboa ne sɛ yebesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛsakra asɛmti no bere biara a ofiewura no ani nnye nea yɛreka no ho, na ɔpɛ sɛ yɛbɔ asɛmti foforo bi ho nkɔmmɔ no. Sɛ wufi ase ka “Ahenni Nhyira Horow Abɛn” ho asɛm na woyɛ w’adwene sɛ wobɛkenkan Dwom 72:12-14, 16 na wuhu sɛ abusua no redi ɔdɔfo bi a waka baabi nnansa yi ho awerɛhow a, ɛda adi sɛ ofiewura no remfa n’adwene nkɔ nea woreka no so papa, sɛ wokɔ so ka mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho asɛm kosi awiei a. Nanso sɛ wubue wo Bible no kɔ nea Yehowa ahyɛ ho bɔ wɔ Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 21:3, 4 ne Yohane 11:25 anaa kyerɛwsɛm foforo bi a ɛte saa no so a, na woredi w’asɛyɛde sɛ kyekye nkɔmmodifo werɛ na hyɛ wɔn nkuran no ho dwuma.—2 Kor. 1:4; Marko 13:10.
5 Yɛn nnianim asɛm no akyi no, mpɛn pii no yɛtaa hyia anoyi ahorow bi a ofiewura no te nka sɛ ɛbɛma yɛafi hɔ akɔ. Ebia na nea wɔreka no wom anaasɛ ennim, nanso sɛnea ɛte biara no, mpɛn pii no ɛsɛ sɛ yegye tom. Sɛ ofiewura no ka sɛ, “mewɔ m’asɔre” a, so yɛka sɛ, “Yɛkasa kyerɛ nnipa a wɔkɔ asɔre horow nyinaa,” na yɛde asɛnka a yɛasiesie no toa so? Anaa so yebetumi aka biribi sɛ: “Eye sɛ yehyia nnipa a wɔda so wɔ honhom mu nneɛma ho anigye. Ɛnyɛ asɔremma pii na yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya, na mmom yɛbaa wo nkyɛn nnɛ sɛ yɛne wo bɛbɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na ‘asomdwoe pii aba’ denam Ahenni a ɛnam Kristo Yesu so no so no ho nkɔmmɔ. Hyɛ sɛnea wɔkaa eyi siei wɔ Dwom 72:7 no nsow.” Eyi yɛ akwanhorow a yebetumi afa so adi anoyi a ɛte saa ho dwuma ma atu mpɔw no biako pɛ.
6 Esiane sɛ yɛwɔ anidaso sɛ adesamma a wɔwɔ asase so nyinaa bɛto Yehowa ayeyi dwom daakye wɔ ɔsom biako mu nti, ɛhyɛ yɛn nkuran nnɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛfa akwan horow so aka asɛmpa no. Saa kwan yi so no Yehowa de yɛn bedi dwuma kɛse ma yɛaboa nnipa pii ma wɔayi ne din kɛse no ayɛ.