Asɛnka Nhyiam Horow
JUNE 30-JULY 6
Nhoma a Yɛde Di Dwuma Asɛnka Mu
1. Dɛn nti na yɛde nhoma ma ofiewuranom?
2. Nhoma horow bɛn na ɛwɔ yɛn asafo mu a ɛda adi sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu ani begye ho?
3. Nhoma horow yi mu nsɛm atitiriw bɛn na ɛne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no hyia?
JULY 7-13
Anibiannaso
1. Dɛn na ɛma obi yɛ anibiannaso anaa nea hwee mfa ne ho?
2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akanyan mprempren ne daakye asetra ho anigye?
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de asɛm a emu yɛ den yi atõa yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu?
JULY 14-20
Adwene a Mmerante ne Mmabaa Kura
1. Adwen horow bɛn na mmerante ne mmabaa pii kura nnɛ?
2. Ɔkwan bɛn so na ade foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no betumi aka aberante anaa ababaa adwene wɔ asetra ho?
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afa so aka eyi akyerɛ wɔn?
JULY 21-27
Bible Adesua ho Anigye a Yebekanyan
1. Dɛn na wobɛka de akanyan anigye?
2. Ɔkwan bɛn na wobɛfa so de nhoma no ayɛ eyi?
3. Ɛsɛ sɛ saa nkɔmmɔbɔ yi gye bere tenten bɛn?
JULY 28-AUGUST 3
Abusua no Mufo Nyinaa a Yɛbɛtwe Wɔn Aba Mu
1. Dɛn na wobɛka de atwe abusua no mufo nyinaa aba mu?
2. Hena na ɛsɛ sɛ ɔto nsa frɛ wɔn?
3. Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ama wɔn nyinaa anya nkɔmmɔbɔ mu kyɛfa?