Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam “Ɔwɛn-Aban” Ne “Nyan!” So
1 Yɛn nyinaa nim mfaso a yɛn ankasa anya afi nneɛma a pii a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no. Esiane eyi nti yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de boa wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no na wɔn nso anya mfaso afi saa nsɛmma nhoma abien yi mu daa.
2 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmma nhoma ahorow no adi dwuma yiye wo yɛn asɛnka adwuma mu? Nea edi kan no, ehia sɛ yɛyɛ bere nhyehyɛe na yɛde nsɛmma nhoma no ama daa, titiriw wɔ Memeneda a ɛto so abien ne nea ɛto so anan a yɛde bɛyɛ saa no so.
3 Ebi a yɛn ankasa bɛkra no bɛboa yɛn na yɛahu nea ɛwɔ nsɛmma nhoma biara mu ansa na yɛde ama wɔ asɛnka mu. Saa kwan yi so no yɛn mu dodow ara betumi akenkan foforo a ɛba no ansa na yɛanya nea yɛde bɛyɛ adwuma no wɔ Ahenni Asa so. So wo ankasa woakra bi? Sɛ wonyɛɛ saa a, adɛn nti na wonsusuw ho ntɛm ara?
4 Yenim sɛ ahosiesie pa ho hia na yɛatumi de nsɛmma nhoma no adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu. Nea ɛka nsɛmma nhoma a yɛbɛkenkan ansa na yɛde ama afoforo ho no, yebetumi apaw nsɛm ahorow pɔtee bi a yɛde bedi dwuma tiawa na yɛde ama. Dɛn ne nneɛma ahorow bi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛresiesie yɛn ho? Ade biako ni, yenim sɛ yɛkasa kyerɛ nnipa ahorow ahorow. Enti yɛpɛ nea mmofra, mpanyin, mmarima, mmea, adwumayɛfo ne ade ani betumi agye ho. Dɛn nti na wonhyɛ nsɛm ahorow a wode bedi dwuma no nsow wɔ woankasa wo de no mu, sɛ ɛno bɛboa a?
5 Mpanyimfo ne asafo mu asomfo ne akwampaefo nso betumi aboa wo wɔ nsɛmma nhoma a wode bedi dwuma yiye mu. Wubetumi ayɛ nhyehyɛe na wo ne wɔn anaasɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu na woanya nyansahyɛ ahorow wɔ akwan horow a wode nsɛmma nhoma bɛma ma atu mpɔn ho. Eyinom a wɔwɔ osuahu pu yi betumi akyerɛ wo sɛnea wobɛdan asɛm no akɔ nea ofiewura no hia ne nea n’ani gye ho so, ne nsɛmpɔw ahorow a ebia ebinom ani egye ho titiriw ne ade so. (2 Tim. 2:2) Ebia wɔn a wɔyɛ afoforo no bɛpɛ sɛ wɔfa ɔkwan tiawa bi so de bi ma. Ebia afoforo bɛpɛ sɛ wɔbae mu na wɔde nsemmisa ahorow ne nhoma ahorow a wɔde kyerɛkyerɛ di dwuma.—Hwɛ School Guidebook, adesua 10, na woanya nyansahyɛ ahorow.
6 Ebia mmofra titiriw behia mmoa na wɔatumi de nsɛmma nhoma ama yiye. Mfiase no ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔka sɛ, “Mewɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo wɔ ha, na yɛde biako gye ¢1.” Nanso, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn nkakrankakra na wɔde nsɛm kakraa bi di dwuma de twe adwene si asɛm anaa ɔfã titiriw bi so.
7 Bere a bere da so wɔ hɔ yi, momma yɛmfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no nni dwuma nwie yɛn som no koraa, na yɛnsrɛ nnipa ma ‘wɔmfa mpata nka wɔn mmɔ Onyankopɔn ho.’—2 Kor. 5:20.