Asɛnka Nhyiam Horow
MARCH 1-7
Dɛn nti na ɛhyɛ nkuran sɛ:
1. Yebehu sɛ Yesu ka yɛn ho wɔ asɛnka adwuma no mu? (Aso. 18:9, 10)
2. Yɛbɛbom abɔ mpae ansa na yɛakɔ asasesin mu? (Aso. 4:29)
MARCH 8-14
Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa yɛn ho yɛn ho:
1. Ma yɛagyina anibiannaso anaasɛ ɔsɔretia a yehyia wɔ afie mu no ano? (Ɔsɛnk. 4:9, 10)
2. Ma yɛanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse?
3. Ma yɛayɛ adwuma abom sɛ mmusua?
MARCH 15-21
Ɔkwan bɛn so na yebetumi:
1. Ne obi a wagye nsɛmma nhoma afi sankɔhwɛ ase?
2. Ne obi a ɔte sɛɛ ayɛ Bible adesua?
3. Ato nsa afrɛ no aba Ahenni Asa so?
MARCH 22-28
Nsa a Yɛbɛto Afrɛ Afoforo ‘Aba Ɔkasa Titiriw no Ase’
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden to nsa frɛ anigyefo ba ɔkasa titiriw no ase March 28?
2. Dɛn na woasiesie wo ho sɛ wobɛka de akanyan wɔn anigye wɔ ɔkasa no mu.
3. Akwan horow bɛn so na yebetumi aboa wɔn ma wɔanya mfaso afi ɔkasa yi ase a wɔbɛba no mu.
MARCH 29-APRIL 4
Nsa a Yɛbɛto Afrɛ Afoforo Aba Nkaedi no Ase
1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ afoforo bɛka yɛn ho wɔ Nkaedi no ase?
2. Hena na yebetumi ato nsa afrɛ no.
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Nkaedi ho nsa ano nkratawa a wɔde to nsa frɛ afoforo no adi dwuma ma atu mpɔn?