Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Akokoduru So
1 Ahenni ho asɛmpa no da nsow. Enti wɔ mmere horow a ɛfata mu no, tebea horow a yɛka asɛm wɔ mu no gye akokoduru. Ɛda adi sɛ bere a eyi wɔ ɔsomafo Paulo adwenem no, ná ɔtaa twe adwene si hia a ehia sɛ yɛkɔ so de akokoduru ka Onyankopɔn Asɛm no so. (Efe. 6:18-20; 1 Tes. 2:2) Te sɛ afeha a edi kan adansefo no, ɛnsɛ sɛ yɛma anibiannaso, nnipa ho hu anaasɛ ɔsɔretia kwan na ɛma yɛbɛyɛ ahufo anaasɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase wɔ Ahenni nokware no a yɛbɛka akyerɛ mu.—Aso. 4:29-31; 28:30, 31.
AKWANSIDE AHOROW SO NKONIM A YEBEDI
2 Ɛtɔ mmere bi a ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ den anaasɛ ɛmfata sɛ yɛde yɛn asɛm no bɛkɔ ofie bi mu anaasɛ onipa bi nkyɛn. So yɛbɛkɔ yɛn anim akokoduru so? Bere a onuawa bi reyɛ afie afie adwuma no, obisaa ɔbea bi sɛ ebia obi te ɔdan a ɛwɔ abansoro bi ase no mu, efisɛ na ɔntoo obiara wɔ hɔ da. Ɔbea no bɔɔ mmɔden sɛ obebu onuawa no abam na wankɔ hɔ, enti ɔkae sɛ ɔbarima a ɔte hɔ no nni adagyew. Yɛn nuabea no de anifere kɔɔ n’anim na otumi ne aberante a ɔte hɔ no kasae. Na ɔne Adansefo nkasae da, na ɔpenee so sɛ ɔne onua bi a ɔwɔ asafo no mu besua ade. Ankyɛ na ofii ase baa adesua na ɔde ne ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu.
3 Sɛ́ obi nya akokoduru no nkyerɛ sɛ ɔyɛ otutupɛfo, obi a ogye ne ho di anaasɛ obi a ɔyɛ ɔhantanfo. Nea ɛkyerɛ ne si a obi si ne bo na ɔnam anifere kwan so kɔ n’anim sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde hokwan biara a ɛfata a obenya no bedi dwuma de aka asɛm no. Sɛ Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa ho dɔ ankasa ka yɛn a, yebetumi aka nokware no ho asɛm akokoduru so.—Aso. 26:24-26.
MMERE HOROW A YƐDE KYERƐ AKOKODURU
4 So wotwentwɛn wo nan ase wɔ sankɔhwɛ a wobɛyɛ ho, a ebia wusuro sɛ wɔbɛpam wo? Saa na onua bi ne ne yere tee nka, ɛwom mpo sɛ na wɔanya ababaa bi a ɔkyerɛɛ anigye wɔ asɛmpa a Bible no ka no ho. Nanso, wɔ asafo nhyiam ase no wonyaa nkuranhyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan kɔhwɛ nnipa a wɔkyerɛ anigye no, na enti wosii gyinae sɛ wɔbɛsan akɔsra no. Hwɛ anigye ara a wonyae bere a ɔbaa yi gyee wɔn na ɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ ɔne ne fipamfo abom resua Bible no. Ná wɔabɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa wɔn, na nna bi akyi no nnipa baanu no bɛsraa wɔn nea edi kan. Mmea baanu no de anigye penee Bible adesua so na wonyaa nkɔso kɛse. Anigye bɛn ara na na saa Adansefo baanu yi benya sɛ wonyaa akokoduru san kɔsraa wɔn!
5 Tebea horow a yɛka “asɛmpa” no wom no renyɛ mmerɛw anaasɛ papa bere nyinaa. Nanso sɛ yehyia anibiannasoyɛ anaasɛ fɛwdi ankasa esiane nokware no afã a yegyina nti a, ebehia sɛ yɛde akokoduru kasa, nanso yɛyɛ saa wɔ odwo ne obu kɛse mu. (1 Pet. 3:15) Eyi bɛhyɛ Yehowa din anuonyam na ebia ɛbɛma nnipa komapafo a wotie no anya nkwagye.