Asemmisa Afã
● Sɛ ɔmanfo kasa tia ahenni adwuma no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
Bere ne bere mu no nnipa bi a wɔawae afi gyidi no ho ne Ahenni asɛm no ho asɔretiafo afoforo kasa tia Yehowa nkurɔfo dwumadi ne wɔn nkyerɛkyerɛ, denam TV ne radio so dwumadi anaasɛ nsɛm a wɔkyerɛw wɔ atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma mu so. Mpɛn pii no ɔkwan a eye sen biara a ɛsɛ sɛ yɛfa so di ɔkasatia a ɛte saa ho dwuma ne sɛ yebebu ani agu so, akae nhwɛso pa a Yesu yɛe no: “Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteeteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.”—1 Pet. 2:23.
Ebinom te nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛma nsɛm a ɛmfata a nkurɔfo keka ho mmuae wɔ radio anaa TV so, anaasɛ yɛkyerɛw nsɛm kɔ atesɛm nkrataa mu, ne ade. Nanso, adeyɛ a ɛte saa no taa ma asɔretiafo no kasatia ne nkyerɛkyerɛ bɔne no mu trɛw. Wonim Yehowa Adansefo yiye wɔ mmeae horow pii, na yɛde nhoma pa pii mema. Mpɛn pii no nkurɔfo wɔ yɛn som adwuma no ho anisɔ, na yɛn gyidi ne ahyehyɛde no ho nsɛm biara a ɛmfata a wɔkeka no, yebetumi akyerɛkyerɛ mu bere a yɛyɛ yɛn afie afie adansedi adwuma no. Enti, nkurɔfo a wɔwɔ adwempa benya wɔn nsemmisa ho mmuae na eyi mma asɔretiafo kwan ma wɔntoa wɔn akyinnyegye no so anaa wɔntrɛw asɛm no mu. Na nea ɛho hia kɛse no, yetumi kɔ so ka Ahenni asɛmpa no a yɛmma nneɛma pii nhaw yɛn adwene, na asuafoyɛ adwuma no kɔ so sɛnea Yesu hyɛe no.—Mat. 28:19 20.
Sɛ mpanyimfo a wɔwɔ beae pɔtee bi no te nka sɛ ɛsɛ se wɔde mmuae bi to gua de san Yehowa din ne ne nkurɔfo ho a, eye bere nyinaa sɛ wodi kan bɔ Asafo ti no amanneɛ, kyerɛkyerɛ asɛm no nyinaa mu na wokyerɛ mmuae pɔtee a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔde bɛto gua no. Afei Asafo ti no betumi asusuw ho na wɔde nyansahyɛ a ɛfata ama.
Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya eyi ho nsɛm afoforo no, hwɛ nsɛm a edidi so yi: “So Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Bi Tua Ka?” a ɛwɔ May 22, 1974 Engiresi Nyan! mu; ne “Mmuae Bɛn na ɛsɛ sɛ Yɛde Ma Wɔn a Wɔkasa Tia Nokware Kristofo?” a ɛwɔ November 15, 1976, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu.