Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn So
1 Ɛdenam teokrase ntetee ne osuahu wɔ Kristofo som adwuma no mu so no, Yehowa ma yɛn “asuafo tɛkrɛma.” (Yes. 50:4) Eyi ma yɛde nhumu kɛse di dwuma wɔ nea yɛka de kanyan anigye wɔ Ahenni asɛm no mu no ho. Sɛ́ yɛreyɛ adwuma wɔ afie afie anaa mmorɔn so no, ɛsɛ sɛ yɛn nsɛm a edi kan no yɛ nea yɛapaw a ɛda ntease ma nnipa no ne wɔn nsɛm tebea horow adi.—1 Kor. 9:22, 23.
AFIE AFIE
2 Yehyia tebea horow a emu yɛ den wɔ afie afie som adwuma no mu bere a yɛka Ahenni nokware no ho asɛm kyerɛ ‘wɔn a wɔsɛ’ no. (Mat. 10:11) Nea edi kan koraa no, sɛ́ wobɛkɔ ɔhɔho a wunnim no koraa nkyɛn no betumi ayɛ nea ɛyɛ den. Nnipa a ɛsono wɔn su, wɔn nsɛm tebea ne wɔn adwene na ɛwɔ afie no mu. Ebia yɛn nnianim nsɛm no bɛyɛ nea ɛfa nneɛma yi ho.
3 Sɛ wo nnianim asɛm no bɛyɛ nea ɛkã nnipa no kɛse a, ahosiesie a wubedi kan ayɛ ho hia. Akwan ahorow ahorow ntiantia a ɛyɛ tẽe a wubenya bɛma woayɛ fakãa kɛse. Fa nhumu di dwuma, nya ahotoso na dannan wo nsɛm mu. So biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebia ofiewura no ani gye nyamesom ho? So nneɛma bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ mmofra wɔ fie hɔ? Mpaebɔ mu a wubefi de w’adwene asi nneɛma yi so no betumi aboa ma woahu nea wobɛka wɔ wo nnianim asɛm no mu.
4 Nneɛma pa a ɛhyɛ nkuran afi mu aba ama adawurubɔfo pii a wɔde nnianim nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa a edidi so yi bi adi dwuma a wɔde Nkɔmmɔbɔ Nsɛmti ahorow pii a yɛde ayɛ adwuma nnansa yi no bi tõa mu no:
Esiane ɔhaw ahorow a wontumi nyɛ ho hwee a adesamma rehyia no nti, ebinom te nka sɛ onipa daakye wɔ asase so yɛ nea anidaso nni mu. Wɔ mmusua a emu apaapae a ɛredɔɔso, akodi ho ahunahuna a ɛwɔ hɔ bere nyinaa ne ɔhaw afoforo pii akyi no, yɛaba mo nkyɛn anɔpa yi sɛ yɛne nnipa a wɔpɛ sɛ wonya daakye a ahotɔ wom nyinaa bɛkyɛ asɛmpa bi.”
“Ɛnnɛ mmusua pii nni daakye mu ahotoso. Nsɛmmɔnedi, adwuma a wonnya nyɛ ne nneɛma bo a ɛkɔ soro a anya nkɔso no de adwennwene kɛse ne ehu aba. Yɛahyɛ da abɔ mmɔden sɛ yɛrebɛsra wo anɔpa yi na yɛakyerɛkyerɛ sɛnea wo ne w’abusua betumi anya anidaso wɔ daakye mu, daakye a mobɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so no mu tiaa akyerɛ wo.”
“Yɛahu sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn mpɔtam ha no pii ani gye hokwan a wobenya de asusuw Bible no ho no ho. Ɛno nti na mewɔ wo pon ano mprempren yi sɛ merebɛka anidaso a ɛde ma no ho asɛm—daakye wɔ Onyankopɔn Ahenni ase.” Ebia nyansahyɛ ahorow yi bɛyɛ nea etu mpɔn wɔ wo asasesin no mu.
5 Ɛsɛ sɛ ɔkwan a yɛfa so kɔ nkurɔfo nkyɛn no yɛ adamfofa ne nkɔmmɔbɔ kwan so de. Adawurubɔfo pii fi ase denam kratawa anaa nsaano krataa a wɔde kyɛ so. Bere a ɔnam saa kwan yi so no, ɔhwɛfo bi kae sɛ: “Saa kwan yi ma wogye bere kakra a ɛsɛ ma mode bɔ Bible mu nkɔmmɔ.” Dɛn nti na wonhwɛ sɛ ebia akwan horow yi bi bɛyɛ yiye ama wo anaa!
MMORƆN SO ADWUMAYƐ
6 Borɔn so adwumayɛ nso gye adamfofa ne nkɔmmɔbɔ kwan so nnianim nsɛm. Nkurɔfo rekɔ a wonni adagyew. Wɔ nkurow akɛse mu no, ebia ahɔho a wosuro wɔn bɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wudi so. Ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase nso sɛ wɔbɛka nyamesom ho asɛm wɔ abɔnten. Ma nneɛma yi ntra w’adwene mu bere a wokɔ wɔn nkyɛn no.
7 Adawurubɔfo binom de nsemmisa a ɛyɛ tẽe na ɛkanyan adwene di dwuma wɔ ɔkwan pa so de twetwe nnipa a wɔretwam no adwene: “Yɛn mmorɔn no—so ɛso bɛsan ayɛ nea ɛnyɛ hu bio?” Anaa, ebia, “So wɔbɛsɛe asase?” Ma hia a ɛho hia sɛ wubisa w’asɛm no ma ɛfata onipa no ne ne tebea no ntra w’adwene mu. So n’ahosiesie no kyerɛ sɛ ɔyɛ sukuuni, adwumawura, odwumayɛfo, ne nea ɛkeka ho? Bɔ mmɔden sɛ ebia wubehu nea onipa no ani gye ho.
7 Dapɛn biara adawurubɔfo pii de anɔpa ansa na wɔbɛkɔ adwuma ne bere a wɔde gye wɔn ahome awia yɛ asɛnka adwuma. Bere a wɔkɔɔ ntoaso sukuu bi mu wɔ faako a wɔwɔ no, adawurubɔfo no kasa kyerɛɛ sukuufo no tẽe na wobisaa ‘wɔn adwene wɔ onipa daakye wɔ mfirihyia anum kosi du a edi hɔ no mu ho.” Wɔabɔ nkɔmmɔ ahorow pii a aba wom na ɛyɛ anigye, na onua biako afi adesua ahorow anan ase dedaw.
9 Yɛhwehwɛ Yehowa nhyira wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛtrɛw Bible nkrasɛm a ɛma awerɛkyekye no mu wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no so. Bere a yesusuw ɔkwan a yɛfa so kɔ nkurɔfo nkyɛn no ho no, yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ ne honhom no bɛkyerɛkyerɛ yɛn ‘sɛnea yɛde asɛm bɛwaw nea wabrɛ.’—Yes. 50:4.