Asemmisa Afã
● Sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo kɔsra Asafo Nhoma Adesua kuw bi a, hena na ɔyɛ asɛnka nhyiam no?
Ɔsom adwuma sohwɛfo na ɔbɛyɛ asɛnka nhyiam no. Saa kwan yi so no obetumi ayɛ nhwɛso ama adesua sohwɛfo biara wɔ sɛnea wɔyɛ asɛnka nhyiam pa ho a egyina nea wɔada no adi wɔ Yɛn Ahenni Som a wɔde redi dwuma mu so. Afei nso, obetumi asiesie kuw no yiye ɔma asɛnka. Ɔnam saa yɛ so bɛkyerɛ sɛ wobetumi ayɛ nhyiam a etu mpɔn wɔ nea ɛmmoro simma 10 kosi 15 mu na wɔasiesie kuw no yiye.
Ɛyɛ nea ɛbɛboa, sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no yɛ nhyehyɛe pɔtee ne nnipa ahorow a wɔwɔ Asafo Nhoma Adesua kuw no mu yɛ adwuma a. Obetumi ahyɛ wɔn nyinaa nkuran wɔ asɛnka adwuma no mu. Saa ara na obetumi de nyansahyɛ ahorow pɔtee ama de aboa ma sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no anya nkɔanim.
Nhoma adesua sohwɛfo no ne wɔn a wɔwɔ nhoma adesua kuw no mu nyinaa hwɛ ɔsom adwuma sohwɛfo nsrahwɛ no kwan. Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kɛse de wɔn ho hyɛ dwumadi dapɛn titiriw ma wɔn adesua kuw yi mu kɛse. Saa kwan yi so no wɔkyerɛ anisɔ ma nhyehyɛe a ahyehyɛde no ayɛ ma ɔsom adwuma sohwɛfo no akɔsra Asafo Nhoma Adesua kuw biara wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so no.