Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/84 kr. 1-7
  • Tete W’adwene Tumi Horow No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tete W’adwene Tumi Horow No
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NTETEE HO HIA
  • BIBLE MU NHWƐSO HOROW
  • MMOA ANKASA BERE A ƐHO HIA
  • “Obiara Bɛsoa N’ankasa Adesoa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Si Gyinae Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • So Wubetumi “Ayiyi Papa Ne Bɔne Mu”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Sisi Gyinae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 5/84 kr. 1-7

Tete W’adwene Tumi Horow No

1 Ɛkame ayɛ sɛ yɛn mu biara nni hɔ a onhyiaa gyinaesi ahorow a emu yɛ den wɔ n’asetra mu. Gyinaesi no bi ka yɛn daakye ne yɛn anigye, ne ebia yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mpo, wɔ ɔkwan a anibere wom so. Sɛ nhwɛso no: Oduruyɛfo no ka sɛ, sɛ woannye mogya a wubewu. Anaasɛ wɔhyɛ wo sɛ bu afã biara a Kristofo nni no so. Saa wiaseni abarimaa “fɛfɛ” a ɔwɔ sukuu hɔ no ka sɛ ɔpɛ sɛ mupue kogye mo ani. Agumadi sohwɛfo no pɛ sɛ wobɛka kuw no ho. Nnamfo to nsa frɛ wo sɛ wo ne wɔn mmɛyɛ akwampae adwuma. Wuhyia gyinaesi ahorow a anibere wom ampa!

2 Sɛ nkurɔfo hyia gyinaesi ahorow a anibere wom a, wɔyɛ wɔn ade wɔ akwan ahorow so. Ebinom twentwɛn wɔn nan ase. Afoforo pɛ sɛ obi foforo gye gyinaesi ho asɛyɛde no to ne ho so​—ebia ɛna, agya, adamfo bi, mpanyimfo anaa Asafo ti no. Ɔyare ankasa bɔ ebinom esiane gyinae a wontumi nsi nti! Nanso afoforo wɔ hɔ a wɔasiesie wɔn ho sɛ wobesi gyinae pa, bere a “wɔatete wɔn adwene tumi horow no ma ayiyi papa ne bɔne mu no.” (Heb. 5:14, NW) Paulo se eyinom yɛ “wɔn a wɔanyin.” Wɔadu baabi a wotumi si gyinae horow a eye wɔ nsɛm a emu yɛ den mu a wɔmma afoforo nkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɔkwan bɛn so na wɔatumi ayɛ saa? Nsɛm abien a Paulo de dii dwuma wɔ Hebrifo 5:14 a ɛma yenya ho adwene bi no ne: “anem nti” ne “aduan a ɛyɛ den.”

NTETEE HO HIA

3 Yɛtete yɛn adwene tumi horow no denam di a yɛde di dwuma bere a yɛde honhom mu aduan a ɛyɛ den a yebu wɔ Bible no mu hyɛ yɛn adwene mu bere nyinaa no so. Bio nso, sɛ yɛde nsiesiei pa ahorow a efi ‘akoa ɔbadwemma’ no hɔ no di dwuma kɛse a, ɛboa yɛn ma yesisi gyinae a eye. Osuahu wɔ gyinae pa a yesi da biara no mu tete yɛn ma yesi gyinae horow a eye wɔ nsɛm atitiriw a ɛfa Onyankopɔn apɛdeyɛ ho no nyinaa mu.

BIBLE MU NHWƐSO HOROW

4 So wubetumi akae nnipa binom a wɔabobɔ wɔn din wɔ Bible mu a wɔde wɔn ho too Onyankopɔn Asɛm mu aduan a ɛyɛ den no so ma ɛboaa wɔn ma wosisii gyinae pa? Na Yesu a ohyiaa sɔhwɛ ahorow abiɛsa, bere a na nnafua 40 akɔnkye ama wayɛ mmerɛw no nso ɛ? Wɔ emu biara mu no Yesu kyerɛe sɛ watete n’adwene tumi horow no ma ayi papa ne bɔne mu. Mmuae a ɔde maa Ɔsɔhwɛfo Satan wɔ hɔ ara no yɛ nea na egyina Onyankopɔn Asɛm no So.​—Mat. 4:1-11.

5 Bere a afeha a edi kan no mu sodikuw no hyiaa twetiatwa ho asɛm no nso wɔ hɔ. Honhom mu akwankyerɛ a ɛwɔ Amos 9:11, 12 a wɔde dii dwuma no boaa ɔsomafo Yakobo ma ɔmaa wɔn a na ɛfa wɔn ho no nyinaa gye dii sɛ twetiatwa nyɛ Kristofo ahiade.​—Aso. 15:7, 13-19.

MMOA ANKASA BERE A ƐHO HIA

6 Yɛte bere a nhyɛso a efi Satan nhyehyɛe a ɛrebɛsɛe no mu adɔɔso mu. Ɛsɛ sɛ yesisi gyinae horow wɔ nneɛma ahorow pii ho esiane nneɛma nhyehyɛe yi nyame a ne bo afuw no ntua a ano yɛ den no nti. Nanso Yehowa, yɛn Nyankopɔn, no ama yɛanya mmoa a yehia. Nsemmisa biara nni hɔ a ɛbɛsɔre a wɔnkaa ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban mu bere bi wɔ mfirihyia 105 a wɔde atintim no mu. Ɛdenam Index ahorow a ɛwɔ hɔ a yɛde bedi dwuma so no, yebetumi anya biribi afi honhom fam aduan a ɛyɛ den fibea kɛse yi mu na aboa yɛn ma yɛahyia Satan sɔhwɛ ahorow no. Watch Tower Publications Index apo a efi 1930 besi 1982 no kura nkratafa 1,568 a yebetumi de ayɛ nhwehwɛmu ahorow na aboa yɛn!

7 So wo ankasa woakra Nyan! ne Ɔwɛn-Aban no bi? So mmoa a ɛsom bo yi bi wɔ wo teokrase nhomakorabea a ɛwɔ wo fi no mu? Wɔn a wɔakyɛ no mu pii betumi akyerɛ nsɛmma nhoma yi apo ahorow a wɔn nsa aka wɔ mfe pii no mu. Wɔde wɔn ankasa de yi asie ama daakye nhwehwɛmu a Asafo nhoma horow ka ho.

8 Bere a yenim bo a nsɛmma nhoma a ɛne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no som no, yebetumi de ahotoso akamfo akyerɛ yɛn yɔnkonom. Nokwarem, eyi ne yɛn asɛnka adwuma ɔsatu ma May ne June asram no. Yɛpɛ sɛ wɔkra Ɔwɛn-Aban no afe biako a ne bo yɛ ¢105.00. Ɛwom sɛ Ɔwɛn-Aban no so dua na yɛresi de, nanso nnyae anaasɛ mfɛre sɛ wobɛka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no nyinaa kra ho asɛm bere biara a ɛfata a ne bo yɛ ¢210. Sɛ wo mfɛfo no benya nkwa a, ɛho hia sɛ wɔn nso wɔtete wɔn adwene tumi horow no ma ayiyi papa ne bɔne mu. Enti, fa honhom mu aduan a ɛho hia yi ma wɔn, efisɛ ɛno so na nkwa a wobenya no gyina.​—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena