Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkurɔfo Nkyɛn A Yɛde Adwempa Bɛkɔ So
1 Adwempa boa kɛse ma yɛyɛ ɔsom adwuma a ɛyɛ anigye na ɛsow aba. Sɛ yɛreka asɛmpa no wɔ afie afie, mmorɔn so anaa baabi foforo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa a yɛrehwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ yiye. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ onipa biara nkyɛn, na yɛfa no sɛ ɔte sɛ oguan wɔ koma mu anaasɛ anyɛ yiye koraa no obetie Ahenni asɛm no. Bere a Yesu somaa n’asuafo no, ɔde afotu yi mae sɛ: “Ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha yi.” (Luka 10:5, 6) Ná ɛnsɛ sɛ wodi kan bu atɛn sɛ ebia “asomdwoe ba” wɔ hɔ anaasɛ dabi. Ɛyɛ adwempa a wɔde kɔ nkurɔfo nkyɛn! Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada adwempa a ɛte saa adi wɔ yɛn asɛnka adwuma mu?
FA AHOTOSO KASA
2 Ɔkwan biako ne sɛ wode ahotoso bɛka nokware no ho asɛm. Ɛnyɛ nyamesom foforo bi ara kwa ho asɛm na yɛreka, na mmom nokware a ɛde kɔ daa nkwa mu no! Yenim nea ɛbɛba daakye. Yenim nea enti a onipa rehu amane mprempren ne nea ɛsɛ sɛ nnipa koma pafo yɛ na wɔahu ano aduru. Saa gyidi yi bɛboa yɛn ma yɛakasa te sɛ asomafo no a na,wɔn akokoduru no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔn atamfo mpo gye tom no. Hyɛ nea Asomafo no Nnwuma 4:13 ka no nsow: “Na wohuu Petro ne Yohane nnam, . . . na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛtrae.”
3 Ebia adawurubɔfo binom bɛte nka sɛ wɔmfata sɛ wɔka asɛmpa no. Ebia wobesusuw sɛ wɔrentumi mmɛyɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ osuahu da. Ebia wobebu sankɔhwɛ anaa Bible adesua a wobɛyɛ sɛ biribi a ɛboro wɔn ahoɔden so; Nanso, adwene a ɛnteɛ yi mma obi ntumi nsow aba. Hwɛ sɛnea Yehowa teɛɛ Yeremia adwene so na ɔhyɛɛ no nkuran. (Yer. 1:7) Enti nya asɛnka adwuma no ho adwempa, suasua adiyifo ne asomafo no na wo nso wo ho betumi akokwaw kɛse wɔ asɛmpa no ho dawurubɔ no mu.
4 Ɔkwan a yɛfa so ka asɛm no kyerɛ sɛnea edu wɔn a wotie no koma mu no kɛse. Adwempa a wɔmfa nka asɛm ma wonya mmuae a enye na enti ennu obi koma mu anaasɛ ɛnnkanyan no. Biribi pa betumi afi nsɛm a wɔde adwempa ka te sɛ eyinom mu aba: “Migye di sɛ wuhu bo a ɛsom sɛ wubesua pii afa Bible no ho no.” Anaasɛ: “Mepɛ sɛ migyaw saa nhoma yi ma wo. Ɛyɛ bible adesua mmoa a eye kyɛn so na ɛyɛ nea ɛbɛboa wo ne wo abusua no.”
SI NSƐM A EYE SO DUA
5 Wɔ adansedi mu no, mpɛn pii yɛka wiase ɔhaw ahorow no ho asɛm. Nanso ɛtaa yɛ nea eye sɛ yɛbɛdan akɔ ano aduru a Onyankopɔn wɔ no so ntɛm ara na yɛaka nhyira horow a ɛbɛba abesi ɔhaw ahorow a yehu nnɛ no ananmu no ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, nhoma a yɛde rema ɔsram yi no ti ne “Let Your Kingdom Come.” Asɛmti a ɛma wonya adwempa! Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu kyerɛw nsɛm no nso ma wonya adwempa, a ɛne sɛ: ‘Yesu kaa wiase ahoyeraw ho asɛm too hɔ. Ɔkae nso sɛ wobegye ebinom.’ Bere a yɛwɔ saa nsɛm yi no, asɛmpa a yɛka kyerɛ no bɛyɛ nea anidaso wom. Sɛ bere ma kwan a, yebetumi akenkan “Kingdom Come” nhoma no nkyekyem a edi kan pɛɛ no bere a yɛde rema ɔsram yi no. Ɛno bɛma adwempa a yɛde kɔ nkurɔfo nkyɛn no ayɛ kɛse. Saa ara nso na sɛ yɛde nsɛmma nhoma rema a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nsɛm a eye a ɛbɛboa onipa a ɔwɔ fie hɔ no ma wahu sɛ yɛn asɛm no yɛ asɛmpa ankasa.
6 Adwempa a yɛde bɛka asɛmpa no akyerɛ no de mfaso ahorow bɛbrɛ yɛn ankasa nso. Ɛbɛma anigye a yɛwɔ wɔ asɛnka adwuma no mu ayɛ kɛse. Yebebu onipa biara a yehyia no no sɛ obetumi abɛyɛ Bible osuani, obi a ohia nokware no. Yɛn aba mu remmu bere a nkurɔfo nkyerɛ ho anigye anaasɛ wɔka nsɛm a enye no. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ wubenya nokware nimdeɛ a ebetumi ama obi ade ne ho. Yɛpɛ sɛ yɛde ma wɔ ɔkwan a eye so.