Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Wubetumi Atra Ase Daa Nhoma No So
1 Ná Yesu Kristo wɔ “daa nkwa nsɛm.” (Yoh. 6:68) Onyaa eyi fii hena hɔ? Ɔrebɔ Yehowa mpae no, ɔkae sɛ: “Nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn.” (Yoh. 17:8) Enti wɔ nokwaredi mu no, Yesu de nsɛm a efi n’Agya hɔ a nnipa a wɔrewuwu hia na ama wɔne Onyankopɔn abenya abusuabɔ pa na wɔanya daa nkwa no maa n’asuafo.
2 Ná Yesu nim sɛ n’asuafo no nkutoo remfa nimdeɛ a ɛho hia yi na mmom wɔbɛda no adi akyerɛ afoforo ‘nam wɔn asɛm so.’ (Yoh. 17:20) Ɛnnɛ nnipa a wɔboro ɔpepem abien ne fã wɔ hɔ a wɔwɔ ‘nimdeɛ a ɛkyerɛ daa nkwa’ no. (Yoh. 17:3) Ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔbɛma afoforo nso anya nimdeɛ a ɛsom bo na ɛma nkwa a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ no.
3 Akyinnye biara nni ho sɛ Wobetumi Atra Ase Daa, nhoma no yɛ adwinnade fɛfɛ a ɛbɛboa ma wɔate “daa nkwa nsɛm” no. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo behu bo a ɛsom no, ɛho hia sɛ yɛkyerɛ wɔn sɛnea kyerɛw nsɛm a ɛwɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu no fa nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no ho. Ɔkwan bɛn so na woyɛ eyi?
NHWƐSO HOROW A EYE
4 Bere a woakenkan Yohane 17:17 akyi no, wubetumi aka sɛ: “Ɛda adi wɔ eyi mu sɛ na Yesu Kristo gye di sɛ Onyankopɔn Asɛm no ne nokware. Nanso, nnipa pii wɔ hɔ nnɛ a wontumi nhu sɛ Bible no yɛ nokware ankasa. Ebia wo nso wowɔ nsemmisa bi a ɛfa eyi ho. [Twɛn ma ommua.] Manya nsɛm bi a ɛyɛ anigye yiye a ɛfa asemmisa yi ho a ebia w’ani bɛsɔ. [Kenkan nkyekyem 21 a ɛwɔ kratafa 53 no.]” Afei wubetumi akɔ so aka nokware a Bible no yɛ wɔ nyansahu ho nsɛm mu, sɛnea ɛfa abakɔsɛm mu nsɛm a asisi ho anaasɛ sɛnea edi kan ka daakye nsɛm a ebesisi to hɔ no ho asɛm tiaa. Ebia wubetumi de aba awiei denam nsɛm a ɛwɔ nkratafa 54 ne 55 no, anaa nsɛm a wɔasusuw ho wɔ kratafa 56 nkyekyem 28 no so. Afei fa nhoma no ma.
5 Anaa, bere a moasusuw Yohane 17:17 ho akyi no, wubetumi aka sɛ: “Sɛ wobegye biribi atom sɛ ɛyɛ ampa a, ɛsɛ sɛ egyina nokwasɛm ahorow so. Enti, sɛ Bible no ka sɛ yebetumi atra ase daa a, yebetumi abisa sɛ, ‘So eyi gyina nokwasɛm ahorow so anaa ɛyɛ atosɛm ara kwa? Ebia ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wubehu sɛ nnipa adenimfo aka sɛ nnipa betumi atra ase daa. Sɛ nhwɛso no, ma menkenkan nsɛm a ɛwɔ ha yi nkyerɛ wo.” Afei kenkan kratafa 7nkyekyem 4. Bere a woaka hia a ɛho hia sɛ yɛkɔ so nya Bible mu nimdeɛ akyi no, fa nhoma no ma. Ɛwom, Wubetumi Atra Ase Daa, nhoma no afã afoforo pii wɔ hɔ a wubetumi aka ho asɛm sɛnea ofiewura no ahiade anaa anigye te.
BIBLE ADESUA ASE A WUBEFI WƆ NSRAHWƐ A EDI KAN MU
6 So woasɔ ahwɛ pɛn sɛ wubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu? Ɛnkyɛe na onuawa bi kɔɔ ɔbea bi a na ɔrefi adi de krataa akɔmana nkyɛn. Bere a wama no Wubetumi Atra Ase Daa nhoma akyi no, onuawa no de hokwan no yɛɛ ofie Bible adesua ho nhwɛso kyerɛɛ no na ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma eyi akɔ so. Bere a onuawa no rekɔ no, ɔbea no kae sɛ krataa a anka ɔde rekɔmana no yɛ nea ɔde rekɔsrɛ nyamesom kuw bi sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua!
7 Ɔkwan bɛn so na wobɛfa adi Bible adesua a wofi ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu ho dwuma? Bere a wode nhoma no ama akyi no, wubetumi aka sɛ: “Wɔasiesie nhoma yi a ɛnyɛ sɛ wɔbɛkenkan nko na mmom sɛ wɔde besua Kyerɛwnsɛm no yiye nso. Hwɛ nsemmisa a ɛwɔ kratafa no ase a ɛfa nkyekyem biara ho, ne kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni hɔ no. Sɛnea ɛbɛboa nkurɔfo wɔ wɔn adesua no mu no, yɛyɛ ofie Bible adesua a wonnye ho hwee ho nhyehyɛe. Sɛ wowɔ bere kakraa a, mɛpɛ sɛ meyɛ sɛnea wɔyɛ adesua yi ho nhwɛso kyerɛ wo.” Afei wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so no, mubetumi asusuw kratafa kakraa bi ho wɔ ti a edi kan no anaa ɔfã bi a ebia ofiewura ani gyee ho titiriw mu.
8 Yehowa nhyira mmɔden a yɛbom bɔ sɛ yɛne afoforo bɛkyɛ nimdeɛ a ɛma nkwa a wɔde ahyɛ yɛn nsa no so.