Yɛn Nkyerɛkyerɛ a Yɛbɛma Anya Nkɔso—Osuani Koma Mu a Yebedu
1 Yesu kyerɛkyerɛe wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wadu wɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no koma mu. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ ogufo ho bɛ no mu no, ɔkyerɛe sɛ wɔn a ‘wɔte ase no’ nkutoo na ɛbɛka wɔn ma wɔayɛ ho biribi. (Kenkan Mateo 13:18, 23, 51, 52.) Enti bere a yɛkyerɛkyerɛ no, ɛsɛ sɛ yɛma osuani no koma mu a yebedu no tra yɛn adwene mu. Yɛpɛ sɛ wonya Yehowa, ne Ba no ne Kristofo ahyehyɛde no ho anisɔ. Ɛho hia sɛ, yesuasua Yesu wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu. Bere a yebegye de aboa asuafo ma wɔadwene nsɛm a yɛresusuw ho no ho bere a yɛreyɛ Bible adesua ka eyi ho.
2 Ɔsomafo Petro nkyerɛkyerɛ no duu nnipa mpensa a wɔbɔɔ wɔn asu Pentekoste da wɔ afe 33 Y.B. mu no koma mu. Ɔboaa wɔn ma wosusuw Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Yesu wu ne ne wusɔre ho no ho, na ama wɔatumi ahu nea Yehowa ne Yesu Kristo yɛe wɔ nea asi no mu no. (Aso. 2:1-36) Bible no bɔ amanneɛ sɛ ‘ɛwowɔɔ wɔn a wogye dii no komam,’ na “wɔde fɛw gyee n’asɛm no.” (Aso. 2:37, 41) Ɔkwan bɛn so na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ betumi akyerɛkyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebedu nkurɔfo koma mu na yɛaboa wɔn ma wɔanya ɔdɔ a ɛte saa ama nokware no?
GYE BERE DU KOMA NO MU
3 Ɛsɛ sɛ wɔn a yɛne wɔn yɛ Bible adesua no hu pii sen nokwasɛm ara kwa a ɛfa Bible no ne nsɛm a ɛresisi wɔ wiase mu no ho. Ɛho hia sɛ wonya biribi ho nkate wɔ nea wɔresua no ho. Ɛsɛ sɛ yɛma wosusuw nea wosua no ho. (Aso. 17:2, 3) Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔte sɛnea Yehowa ne Yesu te ne nea wɔayɛ ama yɛn no ase. Ɛho hia sɛ wohu sɛnea Yehowa ada ɔdɔ, boasetɔ ne mmɔborohunu adi wɔ di a ɔne onipa adi nyinaa mu no. Ɛsɛ sɛ wɔte tumi a ɔwɔ no ase na wɔde obu ma na wogye trenee nneɛma a ɔhwehwɛ no tom. Ɛho hia sɛ wohu bo a afɔre kɛse a Yesu bɔe no som na wohu nyansa a ɛwɔ ɔkwan a ɔfaa so no mu. Saa kwan yi so no wobetumi ne Yehowa ne Yesu abenya abusuabɔ a emu yɛ den.
4 Wɔasiesie Wubetumi Atra Ase Daa ne United in Worship nhoma no ma aboa yɛn ma yɛadu yɛn asuafo koma mu na yɛama wɔanya komam anisɔ. Hwɛ sɛnea nkyekyem 9 ne 10 a ɛwɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no kratafa 10 boa osuani no ma osusuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔdɔ Nyankopɔn no remfa asetra a enni awiei ho akɔnnɔ mmɔ nnipa a ɔmma ɛnyɛ yiye sɛ wɔn nsa bɛka no ho. Wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no ti 4 no nyinaa mu no, nhwɛso ahorow a ɛfa komam anisɔ a yɛbɛma wɔanya ho wɔ hɔ. Ne titiriw no, hyɛ nhwɛso ahorow a ɛwɔ nkyekyem 5, 12 ne 13 no nsow.
5 Wɔ United in Worship nhoma no nyinaa mu no, yehu nsemmisa a wɔasiesie ma aka osuani no koma. Eyi ho nhwɛso fɛfɛ wɔ nkratafa 32 ne 33. Saa nsemmisa ahorow yi ma osuani no dwene na ɔpɛɛpɛɛ ne komam nsusuwii mu yiye. Ɛboa no ma osusuw ne nkate horow wɔ Yehowa, Yesu ne ahyehyɛde ho no ho. Nkakrankakra no ɔba behu ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so sɔ Yehowa ani na onya ne nhyira no yiye.
SIESIE WO HO YIYE
6 Enti bere a yɛyɛ Bible adesua no, momma yensiesie yɛn ho yiye na yɛne yɛn asuafo no mfa bere a ɛdɔɔso nsusuw asɛm a wɔde ama no ho. Wɔ saa kwan yi so no, yɛbɛma wɔanya nkate a emu yɛ den ama Yehowa, Yesu ne ahyehyɛde no wɔ wɔn koma mu. Sɛ yetumi du yɛn asuafo no koma mu a, ɛbɛma wɔafa ɔkwan a ɛte sɛ nea nnipa 3,000 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Pentekoste da afe 33 Y.B. faa so no so. (Aso. 2:41-46) Ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi agyina Satan nkɛntɛnso ne mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛdaadaa wɔn no ano.—Mat. 7:24-27.