Adwuma A Yɛde Boa Wɔ Asafo No Mu
1 Ɛyɛ Yehowa pɛ “sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa.” (1 Tim. 2:3, 4) Ampa, nnipa ahorow ahorow na wɔwɔ Kristofo asafo no mu a ɛsono obiara mmɔdenbɔ ne nipasu ahorow. Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de aboa afoforo ma wɔanyin honhom mu na wɔakɔ so ayɛ den wɔ gyidi no mu?
2 Ɛmfa ho sɛnea yɛn nsɛm tebea te no, yɛn mu biara betumi ayɛ nkuranhyɛ fibea ama afoforo. Sɛ ankorankoro no, yebetumi ama wɔanya “nea wohia” sɛnea Efesofo 4:16 kyerɛ no.—NW.
FA NEA WOHIA MA
3 Nneɛma atitiriw abien a wɔasi so dua wɔ nkyekyem yi mu bɛboa ma asafo no akɔ so. Ɛne biakoyɛ ne ɔdɔ. Mmɔdenbɔ a wosusuw ho yiye ho hia na ama yɛayɛ ade ama afoforo. Wɔ asafo biara mu no, ebinom wɔ hɔ a ebia wobehia mmoa na ama wɔanya ɔsom adwuma no mu kyɛfa ɔsram biara. So wubetumi aboa? Ɛtɔ bere bi a awofo betumi aboa wɔn ho wɔn ho bere a wɔwɔ mmofra nkumaa bi a wɔrentumi mfa wɔn nkɔ asɛnka no denam hwɛ a wɔn mu biara bɛhwɛ wɔn bi no so. Ɛsɛ sɛ awofo fi ase kyerɛ wɔn mma nsɛm a ɛfata a wobetumi aka wɔ afie afie som adwuma no mu. So moakyerɛkyerɛ wɔn asɛm tiawa bi a wɔka de nsɛmma nhoma ma? Sɛ wotumi kenkan a, so moakyerɛkyerɛ wɔn asɛnka a Kyerɛwnsɛm ka ho? Mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ kyerɛ ɔdɔ a mowɔ ma asafo no ne mmoa a mode ma.
4 Dɛn bio na wubetumi ayɛ de nea wohia ama? So wubetumi ne ɔkwampaefo a onni ɔhokafo ayɛ adwuma? Wɔ asɛnka nhyiam ase no, boa akwampaefo no denam ba a wobɛba bere ano na moafi hɔ ntɛm akɔ asɛnka no so. Yɛn nyinaa betumi de ayɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛka asɛnka mu osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran akyerɛ afoforo wɔ asafo no mu.
ANIGYEFO KWAN A YƐBƐKYERƐ ABA AHYEHYƐDE NO MU
5 Hwɛ hia ara a ɛho hia ma yɛn nyinaa sɛ yɛbɛkyerɛ anigyefo kwan aba ahyehyɛde no mu! Kyerɛkyerɛ Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no mu kyerɛ wo Bible adesuafo na to nsa frɛ wɔn ma wɔnka wo ho nkɔ adesua no, ebia ɛsɛ sɛ wokɔfa wɔn ba. Boa wɔn ma wonhu nnipa foforo ansa na nhoma adesua no afi ase ne bere a moapɔn. Ka Baguam Nhyiam ne Ɔwɛn-Aban Adesua no ho asɛm kyerɛ wɔn na yɛ nhyehyɛe fa wɔn bra nhyiam horow yi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani begye. Ɛdenam wɔn nkyɛn a wobɛtra, na wo ne wɔn ahwɛ wo nnwom nhoma mu a wowɔ Ɔwɛn-Aban no foforo a wode bɛma wɔn so no, wobɛboa wɔn nso ma wɔn ani aka. Sɛ afoforofo fi ase ntɛm ba nhyiam ahorow a, wobenya nkɔso ntɛm wɔ nokware no mu.
6 Ebia wunim ebinom a wɔbaa Nkaedi no ase nanso wonnya nyɛɛ adawurubɔfo. Nea yɛpɛ ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ Adansefo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a wodi Yesu Kristo anammɔn akyi ankasa. (1 Pet. 2:21) Bere ne kũ a yɛbɛma yɛn ani akũ saafo ahiade ho ho hia na ama yɛadu saa botae no ho.
7 Mpanyimfo ne asafo mu asomfo titiriw wɔ hokwan a ɛne sɛ wɔbɛboa afoforo wɔ asafo no mu. Wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnhyɛ nguankuw no ahiade ahorow nsow na afei wɔnyɛ adwuma mfa mmoa “emuni biara sɛnea ɛsɛ.” Wɔboa asafo no nso denam wɔn ho a wɔyere wɔ asɛnka adwuma mu no so, efisɛ wɔn nhwɛso pa no yɛ nkuranhyɛ ma yɛn nyinaa.
8 Dawid kae sɛ, “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.” (Dw. 133:1) Mmoa kɛse a obiara de ma a ɛma wonya nea wohia no ma asafo no biakoyɛ ne yiyedi nya nkɔso.