“Ngow Wo Nsam”
1 Gibeonfo na wɔde atifi hɔ asɛm a egye ntɛmpɛ no kɔmaa Yosua bere a ahene baanum a wɔyɛ atamfo ka boom tiaa wɔn wɔ ɔko mu no. So na afei Yosua ne Israelfo no begow wɔn nsam esiane nkonim ahorow a na wɔadi a ɛnkyɛe no nti a wɔrennye Gibeonfo teɛ a wɔteɛm hwehwɛ mmoa no so? Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Yosua ne ne nnɔmmarima ne akofo dɔm no nyinaa nantewee anadwo mu no nyinaa na wokofii ahene baanum a wɔyɛ atamfo no so mpofirim na wodii wɔn so nkonim. Yehowa maa n’asomfo anokwafo a wɔammrɛ no dii nkonim koraa, na wogyee Gibeonfo no nkwa.—Yos. 10:6-27, NW.
2 Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so nkɔ ɔsa wɔ ɔhonam mu bio. Yɛn sa a yɛkɔ, sɛ́ Kristofo no yɛ honhom mu de. Nanso, wɔ yɛn honhom mu ɔko no mu no, yebetumi asuasua Yosua ne ne nnɔmmarima no nnamyɛ ne wɔn nokwaredi no. Ampa, Yehowa ahyira yɛn adwuma so wɔ asuafoyɛ adwuma no mu na yɛrenya nkɔso pii. Nanso so eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yegow yɛn nsam esiane nkɔso a yɛanya abedu saa bere yi no nti? Dabida. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Yosua ne ne mmarima no a yennyae asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a yɛyɛ no nnam so no.—Mat. 28:19, 20; 2 Kor. 10:4, 5.
3 Yɛde Bible no ankasa ne Happiness—How to Find It nhoma no na ɛrema ɔsram yi wɔ asɛnka adwuma mu. Yebetumi de nhomawa: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! no nso ama. Yɛn botae ne sɛ yebefi Bible adesua pii ase. New World Translation Bible no na yɛde bɛma. Nanso sɛ yehyia nnipa a wɔpɛ nkyerɛase afoforo, te sɛ King James nkyerɛase no, anaasɛ ebia wɔpɛ Twi Bible a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn anigye sɛ yebedi wɔn abisade no ho dwuma, sɛ ɛyɛ nea ebi wɔ asafo no mu anaasɛ ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ bi fi beae foforo mpo a. Yɛpɛ sɛ nkurɔfo sua Onyankopɔn Asɛm no a kasa anaa nkyerɛase ko a wɔpɛ mfa ho. Nnipa ɔpepem pii akyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye denam nhoma ahorow te sɛ Wubetumi Atra Ase Daa, ne Bible Mu Nsɛm nhoma a wogyei no so. Eyi kyerɛ hokwan fɛfɛ a yɛwɔ a yɛde befi ofie Bible adesua mpempem pii foforo ase.
DƐN NA YEBETUMI AYƐ?
4 Nea edi kan koraa no ɛsɛ sɛ yebu onipa biara a yɛama no nhoma no sɛ ɔfata sɛ yɛsan kɔsra no. Enti, ɛbɛyɛ nea eye sɛ yɛbɛhyehyɛ yɛn afie afie kyerɛwtohɔ kratasin no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ sankɔhwɛ ahorow yi. Bere a yɛreyɛ sankɔhwɛ no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn atirimpɔw sɛ yebefi ofie Bible adesua ase. Bere a worekɔ afie afie mpo no, dɛn nti na wonyɛ sɛnea wɔyɛ ofie Bible adesua no nkyerɛ ofiewura no? Pii a mprempren wɔyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea no yɛ wɔn a wɔkyerɛɛ wɔn Bible adesua nhyehyɛe no nea edi kan wɔ saa kwan yi so.
5 So wo ne onigyefo bi yɛ ofie Bible adesua mprempren? Sɛ saa a, ɛnde ebia wunim anigye a efi obi a wɔkyerɛkyerɛ no nokware no mu ba no. So wubetumi atoto wo nneɛma yiye ayɛ Bible adesua foforo biako aka ho? Ɛbɛyɛ nea eye sɛ wobɛhwehwɛ nhyehyɛe a woayɛ no mu ahwɛ sɛ ebia wubetumi aboa pii mpo wɔ saa kwan yi so. Wubetumi anya anigye ne akomatɔyam kɛse nso denam asafo mu ɔdawurubɔfo foforo a wobɛboa no ma wafi ofie Bible adesua ase na wakɔ so ayɛ no so.
6 Sɛ wonyɛ ofie Bible adesua mprempren na wopɛ sɛ woyɛ bi ankasa a, nneɛma a eye bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ. Nea edi kan koraa no, fa asɛm no to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Afei bisa nyansahyɛ fi ɔsom adwuma sohwɛfo no nkyɛn. Mo Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no anaa ɔdawurubɔfo foforo a ne ho akokwaw betumi aboa. Adawurubɔfo binom atumi afi adesua ase denam ka ara kwa a wɔka sɛ wɔbɛba ma wɔne anigyefo abɛkenkan Wubetumi Atra Ase Daa, nhoma no so. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no mu ho nsɛm pii no, hwɛ August 1983 Yɛn Ahenni Som, no kratafa 4.
7 Wɔnnwo asuafo na mmom wɔyɛ asuafo. Enti, obi ntaa nnya honhom mu nkɔso ankasa kosi sɛ wɔne no bɛyɛ ofie Bible adesua denam Asafo nhoma ahorow no biako so. Esiane sɛ yenim bo a ɛsom wɔ honhom mu nti, yɛpɛ sɛ yɛkyekyɛ nhoma ahorow yi kɛse a nsɛmma nhoma ka ho sɛnea yebetumi. Bere a yɛyɛ saa no, momma yɛnkae Yosua nnamyɛ a wammrɛ wom no ne onyansafo no nkuranhyɛ asɛm no, sɛ: “Nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.”—Ɔsɛnk. 11:6.