Nhyira Horow A Yehowa A Wɔsom No De Ba
1 “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.” (Dw. 133:1) So eyi nna nkate horow a wɔn a wɔde nokwaredi gyina Yehowa ahyehyɛde no ne ne dwumadi ahorow akyi no wɔ adi? Honhom mu nneɛma ahorow a yɛyɛe wɔ afe a etwaam no mu no kyerɛ sɛ eyi te saa. Ntease pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛka odwontofo no asɛm yi. Momma yɛnhwehwɛ emu bi mu.
NHYIRA HOROW A YENYAE
2 Nea ɛyɛ foforo koraa wɔ yɛn adwene mu ne “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam no. Nhyiam no maa hokwan a yɛanya sɛ yɛte ase wɔ Ahenni nkɔso bere yi mu ho anisɔ yɛɛ kɛse. Ɛda adi sɛ Yehowa bɛma wɔayɛ adwuma kɛse bi wɔ saa bere yi mu na wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennya mu kyɛfa. (Neh. 6:16) Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde nyansahyɛ pa ahorow pii a wɔde mae a ɛfa yɛn Kristofo asetra ne dwumadi ho no di dwuma. Eyi bɛhyɛ yɛn den ama mmere a emu yɛ den a ɛda yɛn anim no.
3 Afe a etwaam no mu biribi foforo nso a ɛhyɛ nkuran ne mmɔden a pii bɔe wɔ akwampae adwuma no mu sɛnea ɛdaa adi wɔ April akontaabu no mu no. Nnipa 4,413 na wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu saa ɔsram no a ɛyɛ adawurubɔfo dodow nkabom no ɔha biara mu 18. Nnɔnhwerew 528,304 a wɔde yɛɛ asɛnka adwuma no mu 308,725 yɛ nea akwampaefo na wobuu ho akontaa. Ná ɛno yɛ nnɔnhwerew dodow nkabom no ɔha biara mu 58! Ayeyi nteɛm a ɛyɛ anigye ampa!
4 Asɛnka adwuma ho akontaabu ahorow nso kyerɛ sɛ nkɔso a ɛbae wɔ wɔn a wonyaa Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa mu no yɛ kɛse sen dodow a wɔbɔɔ wɔn asu no. Ebia eyi bɛyɛ nea ɛkyerɛ sɛ pii asan ayɛ den, na afoforo nso ahu hia a ɛho hia sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no bere nyinaa no. So afoforo da so ara wɔ hɔ a wunim wɔn a wubetumi ahyɛ wɔn nkuran na wɔanya mu kyɛfa kɛse? So wubetumi aboa? Sɛ saa a, yɛhyɛ nyansa sɛ wo ne wo nhoma adesua sohwɛfo no anaa ɔpanyin foforo mmɔ ho nkɔmmɔ.
ANKORANKORO BOTAE HOROW
5 Yehowa rema nneɛma akɔ so ntɛmntɛm de akɔ n’awiei ansa na ahohiahia kɛse no aba. Eyi ma yɛn adwuma no bɛyɛ nea egye ntɛmpɛ, na ɔkwan a wɔada no adi ama yɛn no yɛ nea ɛso da hɔ. Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, so ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu sɛ ankorankoro na yɛde botae horow a eye asisi hɔ ama 1985 ɔsom afe no? Pii ahu sɛ eyi boa denam wɔn adwene a wɔde besi nneɛma a wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ no so titiriw no so.
6 So wubetumi ayɛ nhyehyɛe ma woayɛ akwampaefo boafo wɔ 1985 ɔsom afe no mu? Asram a ɛne March ne June 1985 wɔ Memeneda anum ne Kwasida anum. August wɔ Memeneda anum. So wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ asram yi biako anaa pii mu? Anaasɛ, eyi ne afe a ebia wubetumi abɛka daa akwampaefo no ho no? Susuw eyi ho wɔ mpaebɔ mu.
7 Bere a yɛma kyɛfa a yenya wɔ asɛnka adwuma no mu yɛ kɛse no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si sɛnea yɛyɛ yɛn som adwuma no a yɛbɛma anya nkɔso nso so. Wɔ afe a etwaam January mu no, yefii nsɛm ahorow bi ase wɔ Yɛn Ahenni Som no mu a ɛfa “Ɔkwan a Yɛfa So Kyerɛkyerɛ a Yɛbɛma Anya Nkɔso” ho. Dɛn nti na wonsan nti nsɛm yi mu na wonkyerɛw emu nsɛntitiriw no bi nto hɔ? Wubetumi de ahyɛ wo Bible no mu na akae wo.
8 Bible adesua foforo ase a wubefi bɛyɛ botae foforo a eye. Bɔ eyi ho mpae na yɛ ho adwuma na fa w’adwene si wɔn a wɔagye nhoma anaasɛ wɔakyerɛ anigye no so. Bere a woafi Bible adesua ase no, fi ase ntɛm ara kyerɛ onigyefo yi kwan bra Yehowa ahyehyɛde no so. Eyi ho nyansahyɛ a ahorow bi wɔ Our Ministy nhoma no nkratafa 91 ne 92.
9 So wowɔ nhyehyɛe pa ma kokoam adesua? Eyi yɛ nea ɛho hia na ama yɛako atia mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔbɛsɛe yɛn gyidi no. Ebinom hu sɛ eye sɛ wɔbɛsɔre ahemadakye na wɔakenkan bere a wim ayɛ dinn na wɔn ani da hɔ no. Ebinom ayi anwummere ahorow bi wɔ dapɛn no mu asi hɔ ama adesua. Sɛnea ebia wo nhyehyɛe te biara no, mma anigyede anaa dwumadi afoforo nsɛe no. Sɛ na ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ adesua ho nhyehyɛe pa a, dɛn nti na wonhyehyɛ bi denam nhoma afoforo a yɛn nsa kae wɔ ɔmantam nhyiam no ase no so.
10 Nea ɛho hia yɛn nyinaa kɛse ne Baa Dwumadibea dan foforo a wɔresi wɔ Nungua no. Adwuma no kɔɔ anim sɛnea ɛsɛ wɔ afe a etwaam no mu. Sɛnea ɛbɛma wɔaboa ɔdansi adwuma no, ebinom de botae ahorow asi wɔn anim a ɛne sika dodow bi a wɔde mana Asafo ti no ɔsram biara, anaa wɔ mmere horow mu sɛ ntoboa wɔ Betel foforo a wɔresi no ho no. Ebia wubetumi de botae a ɛte sɛɛ nso aka wo botae ahorow no ho afe yi.—1 Kor. 16:2; 2 Kor. 9:7.
11 Sɛ́ wubetumi adu botae horow a wode asisi hɔ no ho no hwehwɛ sɛ wode nneɛma bɛbɔ afɔre akodu baabi, nanso sɛ yesusuw ho sɛ wiase yi mu nneɛma “retwam” a, ɛsɛ sɛ yɛde teokrase nneɛma di kan wɔ yɛn asetra mu. (1 Yoh. 2:17) Bere a yesusuw ɔsom afe a etwaam no ho ne nea yɛatumi ayɛ mprempren wɔ ɔsom afe yi mu no ho no, momma yɛnyɛ saa a yɛasi yɛn bo sɛ yɛde nea ɛsen biara bɛma. “Nea yɛakɔ anim akodu dedaw no, momma yɛnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ adeyɛ koro yi ara mu.”—Fil. 3:16, NW.