Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Ahotoso A Obi Ankasa Wɔ Mu
1 Bere a ɔsomafo Paulo rekaakae Tesalonika asafo no adwumaden no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Asɛmpa no amma mo nkyɛn asɛm mu nko, na mmom ɛbae ahoɔden ne honhom kronkron ne ɛso duasi bebree mu . . . na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafo.” (1 Tes. 1:5, 6) Yiw, na Paulo ne ne mfɛfo a Tesalonika asafo no ka ho nim sɛ wɔresom Onyankopɔn yiye. Saa ahotoso yi daa adi wɔ wɔn kasa mu. Ɛsɛ sɛ yɛn som adwuma no nso da ahotoso a yɛn ankasa yɛwɔ adi.
FI KOMA MU KASA
2 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ahotoso a yɛn ankasa wɔ adi wɔ asɛnka mu? Nea ɛkyerɛ titiriw ne sɛ yɛbɛda nea ɛwɔ yɛn komam adi. Ɛsɛ sɛ ɔkwan a yɛfa so da asɛmpa no adi no kyerɛ sɛ yegye nea yɛreka no di ampa. Sɛ yɛkasa fi yɛn komam a, yɛn mmɔdenbɔ ne gye a yɛn ankasa yegye di no bɛda adi wom, efisɛ ‘nea ayɛ koma ma abu so na ano ka.’—Luka 6:45.
3 Sɛ yɛbɛda ahotoso a yɛwɔ adi a, na ɛsɛ sɛ yenya anisɔ kɛse ma nokware no ne Yehowa ahyehyɛde no. Sɛ wuhu nokware no a, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wobɛboa afoforo nso ma wɔahu. Eyinom ho a wode adwempa besusuw bɛkanyan wo ma wode gyidi aka nokware no ho asɛm. Yesu yɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa yɛn bere a ɔne ɔbea Samariani no kasae no.—Yoh. 4:21-24.
4 Ɔkwan ɛ yɛfa so de nhoma ma no da no adi sɛ ebia ɛyɛ nea yɛrekasa afi koma no mu. Sɛ yɛreka asɛmpa no a, ɛsɛ sɛ yehu nhoma a yɛde rema no mu nsɛm ná yɛpaw nsɛntitiriw a ofiewura ani begye ho. Eyi bɛma yɛanya ahotoso nso, bere a yɛde nhoma ma no.
KWATI SU HOROW A ENYE
5 Ɛtɔ bere bi a yɛn su ahorow bi a enye betumi akã ofiewura no adwene sɛ ebia yɛde nokwaredi ne ahotoso na ɛrekasa. Yɛn nhoma no a yɛbɛhwɛ wɔ ɔkwan a ɛho nhia so anaasɛ hwɛ a yɛbɛhwɛ baabi bere a yɛrekasa akyerɛ ofiewura no betumi akyerɛ sɛ yɛn ani mmeree. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ofiewura no bere a yɛrekasa no na yɛkyerɛ sɛ yegye nea yɛreka no di.
6 Ebia ɛbɛyɛ den ama ebinom a wɔfɛre ade no sɛ wɔbɛkɔ so ahwɛ ofiewura no anim. So eyi yɛ den ma wo? Sɛ saa a, dɛn na wubetumi ayɛ wɔ ho? Ɛtɔ bere bi a saa ɔhaw yi fi w’ankasa mmerɛwyɛ ne sintɔ ahorow ho a wususuw kɛse bere a worekasa no mu na ɛba a ebia wote nka sɛ obi foforo fata kɛse sɛ ɔbɛboa onipa no. Nanso eyi yɛ Yehowa adwuma. Susuw Yehowa tumi ne ahoɔden a enni ano no ho mmom sen wo mmerɛwyɛ ahorow no. Bere bi a na ɛsɛ sɛ ɔsomafo Paulo nkutoo gyina no,’ ɔkae sɛ, “Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no? (2 Tim. 4:17) Wo nso wubetumi anya ahoɔden afi Yehowa hɔ denam mpaebɔ so.
7 Su afoforo a enye te sɛ faako a wontumi nnyina anaa ahopere anaa ahopopo a wɔde bue Bible anaa nhoma mu betumi akyerɛ sɛ woayɛ basaa. Wubetumi adi su horow yi so, sɛ wuhu na wode wo ho to Yehowa so sɛ ɔmmoa wo ma wunnya akokoduru kɛse a.
8 W’anim tebea nso ho hia efisɛ ɛtaa da nea ɛwɔ wo komam adi. Ɛsɛ sɛ gyidi a emu yɛ den ne anigye ankasa a wowɔ wɔ ofiewura no ho no da adi wɔ w’anim.
9 Nsɛmfua a yɛde di dwuma nso kã adwene a yɛma wonya no kɛse. Sɛ yɛtaa tĩ nsɛmfua te sɛ “misusuw sɛ” ne “ebia” mu a, ofiewura betumi anya adwene sɛ yennye nea yɛreka no nni. Ɛsɛ sɛ nsɛm a yɛde di dwuma no kyerɛ sɛ yegye nea yɛreka no di.—Fa toto Mateo 7:28, 29 ho.
10 Bere a wobɔ mmɔden kɛse ka asɛmpa no wɔ gyidi a wo ankasa wowɔ mu no, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ‘wo brɛ renyɛ ɔkwa, Awurade mu.’—1 Kor. 15:58.